30“Na ɛba sɛ nsɛm yi nyinaa ba wo so, nhyira+ ne nnome+ a mede asi w’anim yi nyinaa, na wokae+ no aman a Yehowa wo Nyankopɔn apamo wo+ kɔ soɔ no nyinaa mu,
14 Mɛma moahu me,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Na mɛboaboa mo atukɔfoɔ no ano na mayi mo afiri aman nyinaa mu ne mmeaeɛ a mebɔɔ mo hweteeɛ no nyinaa,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Na mɛsan de mo aba faako a mede mo firi kɔɔ nkoasom mu no.’+
7 O Yehowa, wo na tenenee wɔ woɔ, na yɛn deɛ, animguaseɛ na ɛfata yɛn sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi;+ ɛfata Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔtete bɛn ha ne wɔn a nokorɛ a wɔanni woɔ nti woabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa soɔ no.+