Leviticus 19:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “‘Nkyinkyini nsɛe wo yɔnko din.+ Na nhwehwɛ wo yɔnko mogya.+ Mene Yehowa. 2 Samuel 19:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Enti ɔbɛsɛee w’akoa din+ kyerɛɛ me wura. Nanso me wura ɔhene te sɛ nokorɛ Nyankopɔn bɔfoɔ,+ enti yɛ deɛ ɛyɛ w’ani soɔ. Dwom 15:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɔmfa ne kɛtrɛma nsɛe nkurɔfoɔ din.+Ɔnyɛ ne yɔnko bɔne,+Na ne mfɛfoɔ nso, ɔmmɔ wɔn ahohora.+ Mmebusɛm 20:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Deɛ ɔnenam sɛe nkurɔfoɔ din no yi atirimusɛm adi;+ na wo ne deɛ n’ano nna nnnya twaka biara.+ Yeremia 6:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Wɔn nyinaa aso yɛ den dodo;+ wɔnenam sɛe nkurɔfoɔ din,+ wɔte sɛ kɔbere ne dadeɛ. Wɔn nyinaa asɛe.+ Hesekiel 22:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ntwirifoɔ a wɔpɛ sɛ wɔhwie mogya guo ahyɛ wo mu mã,+ na wɔdi abosonnuane wɔ wo bepɔ so+ bɔ ahohwibra wɔ wo mfimfini.+
27 Enti ɔbɛsɛee w’akoa din+ kyerɛɛ me wura. Nanso me wura ɔhene te sɛ nokorɛ Nyankopɔn bɔfoɔ,+ enti yɛ deɛ ɛyɛ w’ani soɔ.
28 Wɔn nyinaa aso yɛ den dodo;+ wɔnenam sɛe nkurɔfoɔ din,+ wɔte sɛ kɔbere ne dadeɛ. Wɔn nyinaa asɛe.+
9 Ntwirifoɔ a wɔpɛ sɛ wɔhwie mogya guo ahyɛ wo mu mã,+ na wɔdi abosonnuane wɔ wo bepɔ so+ bɔ ahohwibra wɔ wo mfimfini.+