8 Mɛkɔ akɔgye wɔn afiri Egyptfoɔ nsam,+ na mayi wɔn afiri asase no so akɔ asase a ɛyɛ na ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ,+ baabi a Kanaanfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ teɛ.
24 Yei nti na meka kyerɛɛ mo sɛ:+ “Mobɛfa wɔn asase, na me nso mede asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ bɛma mo ayɛ mo agyapadeɛ.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn; me na mate mo afiri aman a aka no ho.”+
3 Enti Israel, tie na hwɛ sɛ wobɛyɛ+ ne nyinaa na asi wo yie+ na mo ase atrɛ ayɛ pii asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so, sɛdeɛ Yehowa w’agyanom Nyankopɔn ahyɛ mo bɔ no.+
6 Israelfoɔ no nantee serɛ no so mfeɛ aduanan+ kɔsii sɛ ɔman no mu mmarima a wɔbɛtumi akɔ ko a wɔfiri Egypt baeɛ a wɔantie Yehowa no nyinaa ase hyeeɛ. Wɔn na Yehowa kaa wɔn ntam sɛ ɔremma wɔnhunu asase+ a Yehowa kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn+ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ+ no.
6 Saa da no, memaa me nsa so+ kaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Egypt asase so akɔ asase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ.+ Ɛyɛ asase a ɛso yɛ fɛ sene asase biara.+