Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yesaia 55:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+ na omumuyɔfoɔ nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde bɛfiri no aboro so.+

  • Yeremia 7:31
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 Wɔasisi Tofet+ sorɔnsorɔmmea wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, de hye wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa egya mu;+ nanso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’akomam da.’+

  • Yeremia 18:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 sɛ ɔman no dane firi ne bɔne a mekasa tiaeɛ no ho+ a, me nso megyae mmusuo a mebɔɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn soɔ no.+

  • Hesekiel 33:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Sɛ mete aseɛ yi, m’ani nnye ɔbɔnefoɔ wuo ho,+ na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsan+ afiri ne kwan so na wanya nkwa.+ Enti monsan, monsan mfiri mo akwammɔne so.+ Adɛn koraa nti na morebɛwuwuo yi, Israel fie?”’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

  • Hebrifoɔ 12:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Wɔn fam no, na wɔtwe yɛn aso nna kakraa bi sɛdeɛ wɔte nka sɛ ɛyɛ,+ na ɔno deɛ, yɛn yiedie nti na ɔyɛ saa, na yɛanya ne kronkronyɛ+ no bi.

  • Yakobo 1:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Sɛ sɔhwɛ+ to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: “Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.” Ɛfiri sɛ wɔntumi mfa nnebɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.

  • 2 Petro 3:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Yehowa nkyɛ ne bɔhyɛ ho+ sɛdeɛ ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho aboterɛ ɛfiri sɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛeɛ, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane