16 Bio nso, Manase hwiee mogya a ɛdi bem bebree pa guiɛ+ kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem nyinaa mã, ɛfiri ano kɔsi ano, ɛsono bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne Yehowa ani soɔ no.+
37 “Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ+ no na wosi wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no aboɔ+—hwɛ mprɛ dodoɔ ara a mepɛɛ sɛ mɛboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase no!+ Nanso moampɛ.+