Deuteronomium 18:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 “Aman a worekɔtu wɔn no tie nkonyaayifoɔ+ ne wɔn a wɔhyɛ abosonkɔm.+ Nanso wo deɛ, Yehowa wo Nyankopɔn mmaa wo kwan sɛ yɛ saa.+ Yesaia 44:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Me na mesɛe akasafoɔ nsɛnkyerɛnne, na mema nkɔmhyɛfoɔ bobɔ adam;+ mema anyansafoɔ san wɔn akyi, na wɔn nimdeɛ dane nkwaseasɛm.+ Hesekiel 12:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Na anisoadehunu hunu+ anaa nkɔntorɔ biara rentena Israel fie bio.+ Mika 3:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 ‘Enti adeɛ bɛsa mo+ na moanhunu anisoadeɛ bio;+ esum bɛba mo so na moanhyɛ nkɔntorɔ. Awia bɛtɔ adiyifoɔ no so na esum aduru wɔn awia ketee.+
14 “Aman a worekɔtu wɔn no tie nkonyaayifoɔ+ ne wɔn a wɔhyɛ abosonkɔm.+ Nanso wo deɛ, Yehowa wo Nyankopɔn mmaa wo kwan sɛ yɛ saa.+
25 Me na mesɛe akasafoɔ nsɛnkyerɛnne, na mema nkɔmhyɛfoɔ bobɔ adam;+ mema anyansafoɔ san wɔn akyi, na wɔn nimdeɛ dane nkwaseasɛm.+
6 ‘Enti adeɛ bɛsa mo+ na moanhunu anisoadeɛ bio;+ esum bɛba mo so na moanhyɛ nkɔntorɔ. Awia bɛtɔ adiyifoɔ no so na esum aduru wɔn awia ketee.+