Romafoɔ
3 Ɛnneɛ ɛdeɛn na Yudani+ de kyɛn soɔ, anaa ɛdeɛn ne twetiatwa so mfasoɔ?+ 2 Ɛdɔɔso wɔ akwan nyinaa so. Deɛ ɛdi kan no, wɔn na wɔde Onyankopɔn nsɛm kronkron no hyɛɛ wɔn nsa.+ 3 Enti asɛm no ne sɛn? Sɛ ebinom ankyerɛ gyidie+ a, gyidie a wɔnnie no bɛtumi ama Onyankopɔn nokorɛdie+ ayɛ kwa anaa?+ 4 Ɛrentumi mma saa da! Na mmom momma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ,+ ɛwom, onipa biara bɛyɛ ɔtorofoɔ,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Deɛ ɛbɛyɛ a wobɛdi bem wo nsɛm mu, na sɛ wɔbu wo atɛn a woadi nkonim.”+ 5 Nanso sɛ tene a yɛntene ma Onyankopɔn tenenee+ da adi a, ɛdeɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn yi n’abufuo adi a, ɛkyerɛ sɛ ɔntene+ anaa? (Mekasa te sɛ onipa.+) 6 Ɛrentumi mma saa da! Anyɛ saa a anka Onyankopɔn bɛyɛ dɛn abu wiase atɛn?+
7 Nanso sɛ m’atorɔ ama Onyankopɔn nokorɛ+ ada adi yie ama ahyɛ no animuonyam a, adɛn nti na me nso wɔrebu me atɛn sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ?+ 8 Ɛnneɛ adɛn nti na yɛnnka deɛ wɔka to yɛn soɔ+ ne deɛ nkurɔfoɔ kyerɛ sɛ yɛka no sɛ: “Momma yɛnyɛ nnebɔne, na nnepa no aba”?+ Atɛn a wɔbu+ nnipa a wɔte saa no tene.+
9 Ɛnneɛ asɛm no ne sɛn? Yɛkyɛn afoforɔ anaa?+ Ɛnte saa koraa! Ɛfiri sɛ yɛadi kan aka sɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa wɔ bɔne mu;+ 10 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Ɔteneneeni biara nni hɔ, ɔbaako mpo nni hɔ;+ 11 obiara nni nhunumu biara, obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.+ 12 Nnipa nyinaa afom kwan, wɔn nyinaa adane ahuhufoɔ; obiara nni hɔ a ne yam yɛ, baako pɛ mpo nni hɔ.”+ 13 “Wɔn mene yɛ damena a ano abue, wɔde wɔn kɛtrɛma akeka nnaadaasɛm.”+ “Nhuritia borɔ wɔ wɔn anom.”+ 14 “Nnome ne nsɛm a ɛyɛ ya ahyɛ wɔn anom mã.”+ 15 “Wɔn nan yɛ hare hwie mogya gu.”+ 16 “Ɔsɛeɛ ne ahohia wɔ wɔn akwan so,+ 17 na wɔnnim asomdwoeɛ kwan.”+ 18 “Onyankopɔn ho suro nni wɔn ani so.”+
19 Yɛnim sɛ biribiara a Mmara+ no ka no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔhyɛ Mmara no ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛmua obiara ano+ na wiase nyinaa abɛyɛ+ wɔn a Onyankopɔn asotwe sɛ wɔn.+ 20 Enti wɔremfa mmara nnwuma mmu ɔhonam biara bem+ n’anim, ɛfiri sɛ mmara+ na ɛma wɔhunu bɔne yie.+
21 Nanso seesei ɛnyɛ mmara na wɔde ayi Onyankopɔn tenenee+ adie, na Mmara+ no ne Adiyifoɔ+ no dii ho adanseɛ saa;+ 22 aane, ɛyɛ Onyankopɔn tenenee a ɛnam Yesu Kristo mu gyidie soɔ+ a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔwɔ gyidie+ nyinaa. Nsonsonoeɛ biara nni wɔn mu.+ 23 Wɔn nyinaa ayɛ bɔne+ na wɔnnuru Onyankopɔn animuonyam ho,+ 24 na ɛyɛ akyɛdeɛ+ ara kwa sɛ wɔnam Kristo Yesu agyedeɛ+ no so abu wɔn bem wɔ n’adom+ mu. 25 Onyankopɔn de no sii hɔ sɛ mpatadeɛ+ a ɛnam ne mogya mu gyidie soɔ.+ Ɔyɛɛ saa na ɔde ada ɔno ara ne tenenee adi, ɛfiri sɛ ɔde bɔne a wɔayɛ atwam no firiiɛ,+ berɛ a Onyankopɔn nyaa aboterɛ+ no; 26 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛda ɔno ara ne tenenee+ adi saa berɛ yi, na ama wayɛ teneneeni berɛ a ɔbu onipa a ɔwɔ Yesu mu gyidie bem+ no.
27 Ɛnneɛ ahohoahoa no wɔ he?+ Wɔayi afiri hɔ. Ɛnam mmara bɛn so?+ Nnwuma so anaa?+ Dabida, na mmom ɛnam gyidie mmara+ so. 28 Yɛhunu sɛ wɔnam gyidie so na ɛbu onipa bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma so.+ 29 Anaasɛ ɔyɛ Yudafoɔ nko ara Nyankopɔn?+ Ɔnyɛ amanaman mufoɔ nso deɛ bi anaa?+ Aane, ɔyɛ amanaman mufoɔ nso deɛ,+ 30 ɛfiri sɛ ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn yɛ baako,+ na ɔbɛgyina gyidie so abu twetiafoɔ+ bem na wagyina momonotofoɔ+ gyidie so abu wɔn bem. 31 Ɛnneɛ yɛde yɛn gyidie gu mmara anaa?+ Ɛrentumi mma saa da! Mmom no, yɛma mmara gyina.+