Hesekiel
22 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, wobɛbu atɛn,+ wobɛbu mogya kuro+ no atɛn ama no ahunu n’abofonodeɛ nyinaa?+ 3 Na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O kuro a ɛhwie mogya guo+ kɔsi sɛ ne berɛ bɛso,+ kuro a ayɛ abosom fĩ de agu ne ho fĩ,+ 4 mogya a wohwie guiɛ no ama woadi fɔ,+ na abosom fĩ a woyɛeɛ no ama wo ho agu fĩ.+ Woama wo nna abɛn, na wo mfeɛ bɛba awieeɛ. Ɛno nti mɛma amanaman abɔ wo ahohora na nsase nyinaa adi wo ho fɛ.+ 5 Nsase a ɛbɛn woɔ ne deɛ ɛwɔ akyirikyiri nyinaa bɛdi wo ho fɛ, O kuro a wo din ho agu fĩ, kuro a basabasayɛ ahyɛ wo mã.+ 6 Hwɛ, Israel aberempɔn+ wɔ wo mu, na obiara ayere ne basa mu sɛ ɔbɛhwie mogya agu.+ 7 Wo mu na wɔbu agya ne ɛna animtia,+ wɔsisi ɔhɔhoɔ,+ na wɔteetee agyanka ne okunafoɔ a wɔwɔ wo nkyɛn no.”’”+
8 “‘Wobu me kronkronbea animtia, na wogu me homeda ho fĩ.+ 9 Ntwirifoɔ a wɔpɛ sɛ wɔhwie mogya guo ahyɛ wo mu mã,+ na wɔdi abosonnuane wɔ wo bepɔ so+ bɔ ahohwibra wɔ wo mfimfini.+ 10 Wo nkurɔfoɔ yi wɔn papa adagya so,+ na ɔbaa a brayɛ ama ne ho nteɛ no wɔbrɛ no ase.+ 11 Ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ adapaadeɛ,+ na obi de ahohwibra gu ɔno ara n’asebaa* ho fĩ;+ na ɔbarima brɛ ne nuabaa ase, ɔno ara ne papa ba.+ 12 Wɔgye adanmudeɛ hwie mogya gu.+ Wogye nsiho+ ne apempensika,+ na wobɔ wo mfɛfoɔ apoo+ de nya wo ho,+ na me deɛ, wo werɛ afiri me,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
13 “‘Hwɛ, mabɔ me nsam+ agu wo mfaso bɔne+ ne mogyahwieguo a ɛwɔ wo mu no so.+ 14 Da a mɛba wo soɔ no, w’akoma bɛtumi agyina anaa,+ na wobɛnya ahoɔden wo nsam?+ Me Yehowa na maka, na mɛyɛ nso.+ 15 Mɛbɔ wo apete aman so na mama woahwete akɔ nsase so,+ na mɛsɛe afĩdeɛ a ɛwɔ wo mu nyinaa.+ 16 Wo ho bɛgu fĩ wɔ amanaman anim na woahunu sɛ mene Yehowa.’”+
17 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, Israel fie ayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ wɔ m’ani so.+ Wɔn nyinaa yɛ kɔbere ne sanyaa ne dadeɛ ne sumpii wɔ fononoo mu. Wɔayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ pɔtɔɔ.+
19 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ mo nyinaa ayɛ sɛ dwetɛ mu fĩ+ nti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem mfimfini.+ 20 Sɛdeɛ wɔboa dwetɛ ne kɔbere ne dadeɛ+ ne sumpii ne sanyaa ano gu fononoo mu na wɔfite gya mu+ ma no nane no,+ saa ara na mɛboaboa wɔn ano wɔ m’abufuo ne m’anibereɛ mu na mafite mu ama moanane. 21 Mɛboaboa mo ano na mafite m’abufuo gya mu agu mo so,+ na moanane wɔ kuro no mu.+ 22 Sɛdeɛ dwetɛ nane wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnane wɔ kuro no mu, na mobɛhunu sɛ me Yehowa na mahwie m’abufuo agu mo soɔ.’”+
23 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 24 “Onipa ba, ka kyerɛ no sɛ, ‘Woyɛ asase a ɛso nteɛ, asase a nsuo ntɔ ngu so abufuo da.+ 25 N’adiyifoɔ pam apammɔne wɔ hɔ,+ te sɛ gyata a ɔbobom tete hanam mu.+ Wɔmemene akra.+ Wɔfa ademudeɛ ne aboɔdenneɛ,+ na wɔma akunafoɔ dɔɔso wɔ hɔ.+ 26 N’asɔfoɔ bu me mmara kɔn mu,+ na wɔgu me kronkronbea ho fĩ.+ Wɔmma nsonsonoeɛ+ mmɛda akronkronneɛ ne deɛ ɛnyɛ kronkron ntam,+ anaa deɛ ɛho teɛ ne deɛ ɛho nteɛ ntam.+ Wɔbu wɔn ani gu me homeda so,+ na wɔgu me ho fĩ wɔ wɔn mfimfini.+ 27 Ne mu mpanimfoɔ te sɛ mpataku a wɔtete hanam mu hwie mogya guo,+ na wɔsɛe akra de pɛ mfaso bɔne.+ 28 Nanso n’adiyifoɔ de akaadoo asra so ama wɔn,+ na wɔnya anisoadehunu a ɛnyɛ nokorɛ+ hyɛ nkɔntorɔ+ sɛ: “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie,” berɛ a Yehowa nkaa hwee. 29 Ɔman no mufoɔ bɔ nkurɔfoɔ apoo+ hwim wɔn nneɛma,+ wɔtan ɔbrɛfoɔ ne ohiani ani,+ na wɔde atɛntenenee to nkyɛn bɔ hɔhoɔ apoo.’+
30 “‘Na mehwɛɛ sɛ mɛnya ɔbarima bi wɔn mu a ɔbɛsiesie kuro no fasuo+ na wagyina ntokuro no mu+ wɔ m’anim ama asase no na mansɛe no,+ nanso mannya obiara. 31 Enti mɛhwie m’abufuo+ agu wɔn so na matɔre wɔn ase m’anibereɛ gya mu.+ Na mɛma wɔn akwan abua wɔn tiri so,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”