Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 28:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 Na Yehowa de wo kɔ aman no so a, wo ho bɛyɛ wɔn nwanwa,+ na wɔde wo bɛka asɛm+ asere adi wo ho fɛ wɔ hɔ nyinaa.

  • 1 Ahemfo 9:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 ɛnneɛ me nso mɛtwa Israel afiri asase a mede ama wɔn no so,+ na efie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛto afiri m’anim atwene,+ na wɔde Israel aka asɛm asere+ adi ho fɛ aman nyinaa mu.

  • 2 Berɛsosɛm 7:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 ɛnneɛ me nso mɛtutu mo ase afiri asase a mede ama mo no so,+ na efie a mayɛ no kronkron+ ama me din yi, mɛto afiri m’anim atwene,+ na wɔde aka asɛm+ asere adi ho fɛ aman nyinaa mu.+

  • Dwom 79:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 Yɛayɛ ahohoradeɛ ama wɔn a wɔtete yɛn ho,+

      Yɛayɛ fɛdie ne asereseredeɛ ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa.+

  • Dwom 80:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  6 Woama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no ko yɛn ho,+

      Na yɛn atamfo di yɛn ho fɛ sɛdeɛ wɔpɛ biara.+

  • Yeremia 18:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 na wɔn asase no ayɛ ahodwirideɛ+ ne adeɛ a wɔhwɛ bɔ hwerɛma daa.+ Obiara a ɔbɛtwam hɔ no de ahodwirie bɛhwɛ na wawoso ne ti.+

  • Hesekiel 5:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 “‘Na mɛma woadane amamfõ ne aniwudeɛ wɔ aman a atwa wo ho ahyia nyinaa mu ne obiara a ɔbɛtwam anim.+

  • Hesekiel 23:32
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 32 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Wobɛnom wo nuabaa no kuruwa a emu dɔ na ɛtrɛ no ano.+ Na wɔbɛsere wo adi wo ho fɛ, ɛfiri sɛ kuruwa no mu nneɛma dɔɔso.+

  • Daniel 9:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 O Yehowa, sɛdeɛ wo tenenee+ nnwuma nyinaa teɛ no, yɛsrɛ wo, ma w’abufuo ne w’anibereɛ nnane mfiri wo kuro Yerusalem, wo bepɔ kronkron+ no so, ɛfiri sɛ yɛn bɔne ne yɛn agyanom mfomsoɔ nti,+ Yerusalem ne wo man adane ahohoradeɛ ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane