Yesaia
60 “O ɔbaa, sɔre+ na hyerɛn,+ ɛfiri sɛ wo hann apue,+ na Yehowa animuonyam ahyerɛn wo so.+ 2 Hwɛ, esum bɛkata+ asase so na esum kabii akata amanaman so, nanso Yehowa bɛhyerɛn ama wo na n’animuonyam ada adi wo so.+ 3 Aman bɛba wo kanea+ ho na ahemfo+ aba wo hann a ɛhyerɛn no ho.+
4 “Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia! Wɔaboaboa wɔn nyinaa ano+ aba wo nkyɛn.+ Wo mma mmarima firi akyirikyiri reba, na wɔbɛturu wo mma mmaa wɔn nkyɛnmu.+ 5 Afei wobɛhunu na woahyerɛn,+ na w’akoma bɛhuri adi ahurisie, ɛfiri sɛ ɛpo mu ahonyadeɛ nyinaa bɛba wo nkyɛn, na aman ahodeɛ bɛyɛ wo dea.+ 6 Yoma bɛbu wo so manyamanya, Midian ne Efa+ yoma anini nyinaa. Wɔn nyinaa bɛfiri Saba+ de sika kɔkɔɔ ne aduhwam aba. Na wɔbɛka Yehowa ayeyie akyerɛ.+ 7 Wɔde Kedar+ nnwan nyinaa bɛbrɛ wo. Na Nebaiot+ adwennini bɛsom wo.+ Mɛgye wɔn atom ama wɔaba m’afɔrebukyia so,+ na mɛhyɛ me fie fɛfɛ no animuonyam.+
8 “Hwannom na wɔtu ba sɛ mununkum yi,+ te sɛ mmorɔnoma a wɔreba wɔn buo mu yi? 9 Nsuano aman nyinaa de wɔn ani bɛto me so,+ na Tarsis ahyɛn+ nso bɛyɛ sɛ kane no na ɛde wo mma afiri akyirikyiri aba.+ Na Yehowa wo Nyankopɔn ne Israel Kronkronni+ no din nti,+ wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sika bɛba,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛhyɛ wo animuonyam.+ 10 Ahɔhoɔ bɛto w’afasuo,+ na wɔn ahemfo bɛsom wo.+ M’abufuo mu, mɛbɔ wo;+ nanso m’adom mu, mɛhu wo mmɔbɔ.+
11 “Wɔbɛbuebue wo kuro apono ato hɔ daa;+ wɔrentoto mu awia anaa anadwo, na wɔde aman ahodeɛ bɛbrɛ wo;+ wɔn ahemfo bɛdi animu.+ 12 Ɔman anaa ahennie biara a ɛrensom woɔ no bɛbɔ; na aman no bɛsɛe koraa.+
13 “Lebanon animuonyam nyinaa bɛba wo so, na ɔpopaw dua ne ɔsɛsɛ ne kwabɔhorɔ nyinaa bɛba prɛko+ ama me kronkronbea ayɛ fɛ;+ na mɛhyɛ me nan sibea animuonyam.+
14 “Wɔn a wɔma wo ho hiahia woɔ no, wɔn mma de nkotodwe bɛba w’anim.+ Na wɔn a wɔbu wo animtia no bɛkoto wo nan ase,+ na wɔbɛfrɛ wo Yehowa kuro, Israel Kronkronni no Sion.+
15 “Wo a anka wɔagya wo ato hɔ koraa na wɔtan woɔ a obiara mfa wo kwan soɔ no,+ mɛma woayɛ ahohoahoadeɛ daa na woayɛ ahurisidie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+ 16 Wobɛnom aman nufosuo+ na woanom ahemfo nufo,+ na wobɛhunu sɛ me, Yehowa,+ mene w’Agyenkwa,+ na Yakob Tumfoɔ+ no ne wo Gyefoɔ.+ 17 Mede sika kɔkɔɔ bɛsi kɔbere ananmu,+ na mede dwetɛ asi dadeɛ ananmu, na kɔbere asi dua ananmu, na dadeɛ asi aboɔ ananmu. Na mɛyi asomdwoeɛ sɛ wo hwɛfoɔ+ na tenenee ayɛ w’adwuma so panin.+
18 “Wɔrente basabasayɛ wɔ w’asase so bio, na wɔrente amamfoyɛ ne ɔsɛeɛ wɔ w’ahyeɛ so.+ Wobɛfrɛ w’afasuo sɛ Nkwagyeɛ+ na woafrɛ wo nkuro apono sɛ Ayeyie. 19 Afei deɛ, ɛnyɛ awia na ɛbɛma wo hann awiaberɛ, na ɛnyɛ bosome hann na ɛbɛhyerɛn wo soɔ. Mmom Yehowa bɛyɛ wo hann daa,+ na wo Nyankopɔn bɛyɛ w’animuonyam.+ 20 W’awia rentɔ bio, na wo bosome rennum bio, ɛfiri sɛ Yehowa bɛyɛ wo hann daa,+ na w’awerɛhoɔ nna bɛba awieeɛ.+ 21 Wo man deɛ, wɔn nyinaa bɛyɛ ateneneefoɔ,+ na wɔbɛfa asase no adi so daa.+ Deɛ madua yi bɛfefɛ,+ na me nsa ano adwuma+ bɛma m’anim aba nyam.+ 22 Deɛ ɔyɛ ketewa koraa no bɛdane apem na deɛ ɔsua adane ɔman kɛseɛ.+ Me Yehowa, mɛyɛ no ntɛm wɔ ne berɛ mu.”+