Atemmufoɔ
4 Ehud wuo akyi no, Israelfoɔ firii aseɛ yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio.+ 2 Enti Yehowa tɔn+ wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a na ɔdi hene wɔ Hasor+ no nsa. Ná ne sahene ne Sisera,+ na na ɔte Haroset-Hagoyim.+ 3 Na Israelfoɔ firii aseɛ su frɛɛ Yehowa,+ ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam+ ahankron na ɔhyɛɛ Israelfoɔ no so+ dendeenden mfeɛ aduonu.
4 Saa berɛ no na Lapidot yere Debora a ɔyɛ odiyifoɔbaa+ no na ɔbu atɛn wɔ Israel. 5 Ná ɔte Debora abedua ase wɔ Rama+ ne Betel+ ntam, Efraim bepɔ so, na na Israelfoɔ no kɔ ne nkyɛn kɔgye atemmuo. 6 Na ɔsoma maa wɔkɔɔ Kedes-Naftali+ kɔfrɛɛ Abinoam ba Barak+ baeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Israel Nyankopɔn Yehowa nhyɛɛ wo anaa? ‘Fa mmarima mpem du firi Naftali+ ne Sebulon+ mmusua mu ka wo ho kɔ Bepɔ Tabor+ so. 7 Na mɛtwetwe+ Yabin+ sahene Sisera+ ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm aba wo nkyɛn wɔ Kison subɔn+ no ho, na mede no bɛhyɛ wo nsa.’”+
8 Ɛnna Barak ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wo ne me bɛkɔ a, ɛnneɛ mɛkɔ, na sɛ wo ne me ankɔ a, ɛnneɛ me nso merenkɔ.” 9 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ den, me ne wo bɛkɔ. Nanso animuonyam a ɛbɛfiri akwantuo no mu aba no renyɛ wo dea, ɛfiri sɛ ɔbaa+ na Yehowa de Sisera bɛhyɛ ne nsa.” Afei Debora sɔre ne Barak kɔɔ Kedes.+ 10 Na Barak boaboaa Sebulon+ ne Naftali ano baa Kedes, na mmarima mpem du dii n’akyi kɔeɛ;+ na Debora nso kaa ne ho kɔeɛ.
11 Saa berɛ no na Kenini barima bi a ɔde Heber+ ate ne ho afiri Kenifoɔ+ a wɔyɛ Mose ase Hobab mma+ no ho, na ɔkɔsii ne ntomadan dupɔn bi ho wɔ Saananim wɔ Kedes.
12 Ɛnna wɔkɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba+ Barak aforo kɔ Bepɔ Tabor+ so. 13 Ntɛm ara na Sisera boaboaa ne nteaseɛnam nyinaa, dadeɛ nteaseɛnam ahankron no,+ ano, na ɔboaboaa nnipa a wɔka ne ho nyinaa ano firii Haroset-Hagoyim baa Kison subɔn+ no ho. 14 Afei Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: “Sɔre! Ɛnnɛ na Yehowa de Sisera bɛhyɛ wo nsa. Wonnim sɛ Yehowa adi w’anim dada?”+ Ɛnna Barak de mmarima mpem du dii n’akyi siane firii Bepɔ Tabor soɔ. 15 Na Yehowa maa Sisera ne ne nteaseɛnam ne n’asraafoɔ nyinaa de wɔn ti pempemeeɛ,+ na wɔtotɔɔ nkrantɛ ano wɔ Barak anim. Afei Sisera si firii ne teaseɛnam mu dwaneeɛ. 16 Barak tĩĩ+ nteaseɛnam+ ne asraafoɔ no kɔduruu Haroset-Hagoyim, na Sisera asraafoɔ no nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano. Baako mpo anka.+
17 Sisera+ deɛ, ɔdwane kɔɔ Kenini+ Heber yere Yael+ ntomadan mu, ɛfiri sɛ na asomdwoeɛ wɔ Hasor+ hene Yabin ne Kenini Heber fiefoɔ ntam. 18 Na Yael firii adi bɛhyiaa Sisera, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, mane fa ha bra me nkyɛn; nsuro.” Enti ɔmane kɔɔ ne nkyɛn wɔ ntomadan no mu, na ɔde kuntu kataa ne so. 19 Afei ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Sukɔm de me; mesrɛ wo, ma me nsuo kakra nnom.” Ɛnna ɔbaa no buee nufosuo kotokuo+ ano hwiee bi maa no nomeeɛ,+ na ɔsan kataa ne so. 20 Ɔka kyerɛɛ ɔbaa no bio sɛ: “Kɔgyina ntomadan no ano, na ebia obi bɛba abɛbisa wo sɛ, ‘Ɔbarima bi aba ha?’ Ɔbisa saa a, ka sɛ ‘Dabi!’”
21 Afei Heber yere Yael kɔfaa ntomadan pɛɛwa ne asaeɛ. Na berɛ a Sisera abrɛ na wada hatee no, ɔbaa no wiawiaa ne ho kɔɔ ne nkyɛn, na ɔde asaeɛ no bɔɔ pɛɛwa no so wuraa n’asontorɔm+ maa no sii fam. Enti ɔwuiɛ.+
22 Saa berɛ no nyinaa na Barak retĩ Sisera. Na Yael bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no.” Enti ɔkɔɔ ɔbaa no nkyɛn, na ɔnkɔhwɛ a, Sisera na awu da hɔ a pɛɛwa tua n’asontorɔm yi!
23 Enti saa da no, Onyankopɔn brɛɛ Kanaan hene Yabin ase maa Israelfoɔ no.+ 24 Na Israelfoɔ maa wɔn nsa yɛɛ duru wɔ Kanaan+ hene Yabin so kɔsii sɛ wɔkum Kanaan hene+ Yabin.