Yesaia
24 Hwɛ, Yehowa resɛe asase no ama no ada mpan.+ Wadane asase no ani abutu+ ama ɛsofoɔ ahwete.+ 2 Ɔmanfoɔ ne ɔsɔfoɔ tebea bɛyɛ pɛ; akoa ne ne wura bɛyɛ pɛ; afenaa ne n’awuraa bɛyɛ pɛ; deɛ ɔretɔ ne deɛ ɔretɔn bɛyɛ pɛ; deɛ ɔde fɛm ne deɛ ɔfɛm bɛyɛ pɛ; deɛ ɔgye nsiho ne deɛ ɔtua nsiho bɛyɛ pɛ.+ 3 Asase no bɛda mpan na wɔbɛfa so nneɛma nyinaa,+ ɛfiri sɛ Yehowa no ara na aka.+ 4 Asase no redi awerɛhoɔ+ na aboto. Asase no akusa na aboto. Na asase no so akɛsefoɔ akusa.+ 5 Asase no sotefoɔ ama ho agu fĩ.+ Wɔakwati mmara no,+ wɔasesa ahyɛdeɛ no,+ na wɔabu daa apam no so.+ 6 Yei nti na nnome amene asase no,+ na wɔn a wɔte soɔ no di fɔ. Ɛno nti na asase no sofoɔ so ahwan no, na aka ateasefoɔ kakraa bi.+
7 Nsã foforɔ redi awerɛhoɔ, bobe akusa,+ na wɔn a wɔn akoma ani agyeɛ nyinaa si apini.+ 8 Mpintin mu ahurisidie aba awieeɛ, ahosɛpɛfoɔ dede to atwa, na sankuo mu ahurisidie aba awieeɛ.+ 9 Wɔmfa dwontoɔ nnom nsã, na mmosã yɛ nsanomfoɔ anom nwono. 10 Kuro a ɛda mpan no, wɔadwiri agu;+ wɔato fie biara mu, na obi ntumi nkɔ mu. 11 Wɔsu nsã kɔm wɔ mmɔnten so. Anigyeɛ nyinaa atwam kɔ, na asase no so ahurisidie atu ayera.+ 12 Ahodwirideɛ nko na aka kuro no mu, na wɔabubu pono no pasaa.+
13 Saa na ɛbɛto asase ne nnipa no. Ɛbɛyɛ sɛ deɛ wɔrewoso ngodua,+ te sɛ deɛ wɔate bobe awie na wɔresesa aseɛ.+ 14 Wɔbɛma wɔn nne so adi ahurisie. Na Yehowa kɛseyɛ nti wɔbɛbɔ ose afiri po so.+ 15 Yei nti wɔbɛhyɛ Yehowa animuonyam+ wɔ hann fibea,+ na wɔbɛbɔ Israel Nyankopɔn Yehowa din+ wɔ po so nsupɔ so. 16 Yɛte nnwom firi asase no so akyirikyiri+ sɛ: “Animuonyam nka Ɔteneneeni no!”+
Na meka sɛ: “Mafɔn,+ mafɔn! Asɛm ato me! Nkontompofoɔ di nkontomposɛm.+ Nkontompofoɔ nam nkontompo so di nkontomposɛm.”+
17 Wo a wote asase soɔ, ehu ne amena ne fidie wɔ hɔ ma wo.+ 18 Na obiara a ɔbɛte ahudeɛ nka a ɔbɛdwane no bɛhwe amena mu, na obiara a ɔbɛfiri amena mu no, fidie bɛyi no.+ Ɔsoro mpomma bɛbue+ na asase nnyinasoɔ awoso.+ 19 Asase no mu apae, asase no woso, na asase no hinhim.+ 20 Asase no hinhim sɛ ɔsabofoɔ, na ɛkɔ afãafã te sɛ ɔwɛmfoɔ apata.+ N’amumuyɔsɛm ayɛ ne so duru,+ na ɛbɛhwe ase a ɛrensɔre bio.+
21 Saa da no Yehowa bɛbu ɔsoro asraafoɔ atɛn wɔ soro, na ɔbɛbu asase so ahemfo atɛn wɔ fam.+ 22 Wɔbɛboaboa wɔn ano sɛdeɛ wɔboaboa nneduafoɔ ano gu amena mu,+ na wɔbɛto wɔn mu ahyɛ afiase,+ na nna bebree akyi no, wɔbɛdane aba wɔn so.+ 23 Bosome anim agu ase, na awia ani awu,+ ɛfiri sɛ asafo Yehowa di hene+ animuonyam+ mu wɔ Bepɔ Sion+ so ne Yerusalem wɔ ne mpanimfoɔ anim.