Yesaia
18 Due! Asase a mmoawammoawa a wɔwɔ ntaban wɔ soɔ, Etiopia nsubɔnten ho.+ 2 Ɔno na ɔtu abɔfoɔ+ fa po soɔ, na ɔde demmire hyɛn fa nsuo so ka sɛ: “Abɔfoɔ a mo ho yɛ hare, monkɔ ɔman a wɔwoware na wɔn ho yɛ toro nkyɛn, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ baabiara, ɔman twintwann a wɔtiatia aman so a nsuo afa wɔn asase.”+
3 Mo a mowɔ wiase+ ne mo a mote asase so nyinaa, mobɛhunu biribi te sɛ ahyɛnsodeɛ a wɔde asi mmepɔ soɔ,+ na mobɛte nne bi te sɛ deɛ wɔrehyɛne abɛn.+ 4 Deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie: “Mɛyɛ komm ahwɛ m’atenaeɛ,+ te sɛ awiaberɛ+ mu ɔhyew, te sɛ bosuo mununkum wɔ twaberɛ mu ahuhuro mu.+ 5 Ansa na twaberɛ bɛduru no, sɛ nhwiren gu wie na bobe gyegye a, wɔde kantankrankyi twitwa ɛho nnuban, na wɔyiyi ɛho nhoma to gu.+ 6 Wɔbɛgya ne nyinaa ama mmepɔ so nnomaa ne asase so mmoa.+ Na nnomaa bɛtena wɔn nam ho ahuhuro berɛ na asase so mmoa nyinaa atena ho twaberɛ.+
7 “Saa berɛ no wɔde akyɛdeɛ bɛbrɛ asafo Yehowa.+ Wɔde bɛfiri ɔman a wɔwoware na wɔn ho yɛ toro nkyɛn,+ nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ baabiara, ɔman twintwann a wɔtiatia aman so a nsuo afa wɔn asase no. Na wɔde bɛba baabi a asafo Yehowa din wɔ, Bepɔ Sion so.”+