Sakaria
1 Dario+ afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe no, Yehowa ka kyerɛɛ Ido+ ba Berekia ba odiyifoɔ Sakaria+ sɛ: 2 “Yehowa ani beree mo agyanom so dendeenden.+
3 “Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “‘Monsan mmra me nkyɛn,’+ asafo Yehowa asɛm nie, ‘na me nso mɛsan aba mo nkyɛn,’+ asafo Yehowa na aka.”’
4 “‘Monnyɛ sɛ mo agyanom;+ wɔn na tete adiyifoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Mesrɛ mo, monsan mfiri mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ bɔne ho mmra.’”’+
“‘Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso amma me,’ Yehowa asɛm nie.+
5 “‘Mo agyanom wɔ he?+ Na adiyifoɔ+ no nso tenaa ase daa anaa? 6 Nanso me nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mede maa me nkoa adiyifoɔ+ no amma mu wɔ mo agyanom so anaa?’+ Enti wɔsan baeɛ na wɔkaa sɛ: ‘Deɛ Yehowa susuu sɛ ɔde bɛyɛ yɛn,+ sɛdeɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛɛ teɛ no, ɛno ara na ɔde ayɛ yɛn yi.’”+
7 Dario+ afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so dubaako a wɔfrɛ no Sebat no da a ɛtɔ so aduonu nnan no, Yehowa ne Ido+ ba Berekia ba odiyifoɔ Sakaria+ kasaeɛ: 8 “Anadwo no mehunuu sɛ ɔbarima bi+ te pɔnkɔ kɔkɔɔ+ so gyina ohwamdua+ no ntam wɔ bɔn mu. Ná apɔnkɔ kɔkɔɔ, wɔn a wɔn ho gonn, ne wɔn a wɔn ho fitaa gyinagyina n’akyi.”+
9 Na mebisaa sɛ: “Me wura, yeinom nso ɛ?”+
Ɛnna ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no ka kyerɛɛ me sɛ:+ “Mɛkyerɛ wo baabi a yeinom fire.”
10 Afei ɔbarima a ɔgyina ohwamdua no ntam no buaa sɛ: “Yeinom na Yehowa asoma wɔn sɛ wɔmmɛkyinkyini asase no soɔ.”+ 11 Na wɔbuaa Yehowa bɔfoɔ a na ɔgyina ohwamdua no ntam no sɛ: “Yɛakyinkyini asase no so,+ na yɛahunu sɛ asase no nyinaa te hɔ komm dwoodwoo.”+
12 Enti Yehowa bɔfoɔ no buaa sɛ: “O asafo Yehowa, da bɛn koraa na wobɛhu Yerusalem ne Yuda+ nkuro a wo bo afu wɔn mfeɛ aduɔson yi mmɔbɔ?”+
13 Ɛnna Yehowa de anigyesɛm ne awerɛkyekyesɛm buaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no.+ 14 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no ka kyerɛɛ me sɛ: “Team sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Mede anibereɛ kɛseɛ atwe Yerusalem ne Sion ho ninkunu.+ 15 M’ani abere aman a wɔn ho adwo wɔn no so dendeenden,+ ɛfiri sɛ me deɛ, m’ani beree kakraa bi,+ nanso wɔn deɛ, wɔmaa no wiee bɔne.”’+
16 “Yei nti deɛ Yehowa aka nie, ‘“Mede ayamhyehyeɛ bɛsan akɔ Yerusalem.+ Na wɔbɛsi me fie wɔ hɔ.+ Na wɔbɛtwe homa mu asusu Yerusalem.”+ Asafo Yehowa asɛm nie.’
17 “Team bio na ka sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Nnepa bɛsan abu so wɔ me nkuro no mu;+ na Sion asɛm bɛyɛ Yehowa ya+ na ɔbɛsan ayi Yerusalem.”’”+
18 Afei memaa m’ani so hwɛeɛ, na mehunuu mmɛn nnan.+ 19 Ɛnna mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: “Yeinom yɛ deɛn?” Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda+ ne Israel+ ne Yerusalem+ hweteeɛ no.”
20 Afei Yehowa kyerɛɛ me adwumfoɔ nnan. 21 Na mebisaa sɛ: “Ɛdeɛn na yeinom rebɛyɛ?”
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yeinom ne mmɛn+ a ɛbɔɔ Yuda hweteeɛ a obiara antumi amma ne tiri soɔ no; na yeinom nso bɛma wɔn ho awoso na wɔatutu aman no mmɛn—aman a wɔmaa abɛn so tiaa Yuda asase maa wɔbɔ hweteeɛ no.”+