Deuteronomium
19 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn sɛe aman+ a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn nsase bɛma woɔ no, na wokɔtena wɔn nkuro ne wɔn afie mu+ a, 2 yi nkuro mmiɛnsa si hɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so.+ 3 Kyɛ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no mu mmiɛnsa, na siesie akwan a ɛkɔ nkuro no mu no na sɛ obi ka mogya gu a, wadwane akɔ hɔ.+
4 “Sɛ obi ka mogya gu a, deɛ ɛbɛma no adwane akɔ hɔ akɔnya ne tiri adidi mu nie: Sɛ wanhyɛ da na ɔkum ne yɔnko na ɔntan no dada,+ 5 anaa sɛ ɔne ne yɔnko kɔ anyina na ɔma akuma so sɛ ɔretwa gya na dadeɛ no hɔn firi dua no so+ bɛbɔ ne yɔnko no ma no wu a, ɔnnwane nkɔ nkuro yi baako mu na ɔnnya nkwa.+ 6 Anyɛ saa a, deɛ wawuo no busuani*+ de abufuhyeɛ bɛtaa nipakumfoɔ no, na ɛsiane sɛ ɛkwan no wareɛ nti, ɔbɛto no aku no,* nanso ɛnsɛ sɛ ɔwuo+ ɛfiri sɛ na ɔntan no dada. 7 Ɛno nti na maka sɛ, ‘Yi nkuro mmiɛnsa si hɔ’ no.+
8 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn trɛ w’ahyeɛ mu sɛdeɛ ɔkaa w’agyanom ntam no+ na ɔde asase a ɔhyɛɛ w’agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn+ no nyinaa ma wo, 9 ɛsiane sɛ woadi mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa soɔ, na wodɔ Yehowa wo Nyankopɔn na wonante n’akwan soɔ nti a,+ wobɛsan de nkuro mmiɛnsa aka mmiɛnsa no ho.+ 10 Yei bɛma woakwati sɛ wobɛhwie mogya a asɛm nni ho+ agu asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so, na woanni mogya ho fɔ.+
11 “Nanso sɛ ɛba sɛ obi tan+ ne yɔnko na ɔkɔtɛ no na ɔto hyɛ ne so de biribi bɔ no ma no wu,*+ na ɔdwane kɔ nkuro yi bi mu a, 12 ɛnneɛ ne kurom mpanimfoɔ nsoma nkɔfa no mfiri hɔ, na wɔmfa no nhyɛ obusuani no nsa, na ɔnwu.+ 13 Nhu no mmɔbɔ,+ na yi mogya a ɛnni fɔ ho asodie firi Israel+ na asi wo yie.
14 “Sɛ wonya kɔtena asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na wo nsa ka w’agyapadeɛ a, mpia wo yɔnko hyeɛ+ a wo nananom ato dada wɔ asase no soɔ no.
15 “Onipa baako rentumi nsɔre nni adanseɛ ntia obi wɔ mfomsoɔ anaa bɔne bi ho,+ bɔne biara a wayɛ ho. Adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa anom nsɛm so na asɛm no nnyina.+ 16 Sɛ obi a ɔwɔ adwemmɔne kɔdi ne yɔnko ho adansekunumu sɛ watõ mmara a,+ 17 nnipa mmienu a asɛm no fa wɔn ho no mmɛgyina Yehowa anim wɔ asɔfoɔ ne atemmufoɔ a wɔwɔ hɔ saa berɛ no anim.+ 18 Na atemmufoɔ no nhwehwɛ asɛm no mu yie,+ na sɛ ɛbɛda adi sɛ ɔdanseni no redi adansekunumu na watwa asɛm ato ne nua no so a, 19 ɛnneɛ deɛ ɔbɔɔ pɔ sɛ anka ɔbɛyɛ ne nua no,+ mo nso monyɛ no saa ara, na monyi adebɔne biara mfiri mo mu.+ 20 Ɛba saa a wɔn a wɔaka no bɛte na wɔasuro, na wɔrenyɛ bɔne a ɛte saa bio mo mu.+ 21 Nhu obiara mmɔbɔ:+ ɔkra nsi ɔkra ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.+