1 Ahemfo
5 Tiro+ hene Hiram+ tee sɛ Solomon na wɔasra no asi no hene, ne papa ananmu, enti ɔsomaa ne nkoa+ kɔɔ ne nkyɛn ɛfiri sɛ Hiram dɔɔ Dawid daa.+ 2 Solomon nso soma kɔɔ Hiram nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ 3 “Wo ara wonim sɛ ɛko a atamfo de twaa me papa Dawid ho hyiaeɛ nti, wantumi ansi fie amma Yehowa, ne Nyankopɔn din,+ kɔsii sɛ Yehowa de wɔn guu ne nan ase. 4 Seesei Yehowa me Nyankopɔn ama me ɔhome afã nyinaa ahyia.+ Ɔtamfo biara nni hɔ, na bɔne biara nso nni hɔ.+ 5 Mepɛ sɛ mesi fie ma Yehowa me Nyankopɔn din+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ me papa Dawid bɔ yi sɛ, ‘Wo ba a mede no bɛtena w’ahennwa soɔ asi w’ananmu no, ɔno na ɔbɛsi fie ama me din.’+ 6 Enti afei hyɛ ma wɔntwa ntweneduro wɔ Lebanon+ mma me; me nkoa bɛba abɛka wo nkoa ho, na wo nkoa akatua nyinaa, mede bɛma wo sɛdeɛ wobɛkyerɛ biara, ɛfiri sɛ wonim sɛ yɛnni obiara yɛn mu a ɔnim nnuatwa sɛ Sidonfoɔ.”+
7 Berɛ a Hiram+ tee Solomon nsɛm no ara pɛ, ɔdii ahurisie kɛse, na ɔkaa sɛ: “Nhyira+ nka Yehowa nnɛ sɛ wama Dawid ɔba nyansafoɔ+ a ɔredi ɔman kɛseɛ yi soɔ!”+ 8 Ɛnna Hiram soma kɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Deɛ wobɛka kyerɛɛ me no, mate, na tweneduro ne popaw+ nnua ho asɛm no nso, mɛyɛ w’apɛdeɛ ama wo. 9 Me nkoa na wɔde bɛfiri Lebanon+ aba mpoano, na me nso makyekyere agu po so de akɔ baabi a wobɛkyerɛ sɛ memfa nkorɔ;+ ɛhɔ na mɛma wɔasanesane na woabɛfa. Wo nso yɛ m’apɛdeɛ ma me na ma me fiefoɔ aduane.”+
10 Enti Hiram maa Solomon tweneduro ne popaw nnua dodoɔ biara a ɔpɛ. 11 Solomon nso maa Hiram ayuo kor+ mpem aduonu ne ngo pa*+ kor aduonu sɛ ɔmfa nhwɛ ne fiefoɔ. Saa na Solomon de maa Hiram afe biara.+ 12 Na Yehowa deɛ, ɔmaa Solomon nyansa sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no,+ na asomdwoeɛ tenaa Hiram ne Solomon ntam, na wɔn mmienu yɛɛ apam.
13 Ná Ɔhene Solomon de apaafoɔ firi Israel nyinaa kɔ; apaafoɔ+ no dodoɔ yɛ mmarima mpem aduasa. 14 Bosome biara ɔde wɔn mu mpem du kɔ Lebanon. Sɛ wɔkɔdi bosome baako wɔ Lebanon a, na wɔabɛdi abosome mmienu wɔ wɔn afie;+ Adoniram+ na na ɔda apaafoɔ+ no ano. 15 Solomon nyaa+ nnipa mpem aduɔson a wɔsoasoa nneɛma,+ ne nnipa mpem aduɔwɔtwe a wɔpae aboɔ+ wɔ mmepɔ soɔ,+ 16 ɛsono Solomon akunini+ a wɔhwɛ adwuma no soɔ no; wɔn nso yɛ mpanimfoɔ mpem mmiɛnsa ahasa a wɔhwɛ adwumayɛfoɔ soɔ.+ 17 Ɛnna ɔhene hyɛɛ sɛ wɔmpae aboɔ akɛseɛ a ne boɔ yɛ den,+ na wɔmfa aboɔ a wɔapaeɛ+ no nto fie no fapem.+ 18 Enti Solomon adansifoɔ ne Hiram adansifoɔ ne Gebalfoɔ+ paee aboɔ no, na wɔsiesiee nnua ne aboɔ a wɔde bɛsi fie no.