Yesaia
35 Ɛserɛ ne asase kesee ani bɛgye,+ na asase pradaa bɛdi ahurisie na apae sɛ nhwiren.+ 2 Ɛbɛhanehane,+ na ɛde anigyeɛ ne osebɔ bɛsɛpɛ ne ho.+ Wɔde Lebanon animuonyam,+ Karmel+ ne Saron+ ahoɔfɛ, bɛma no. Na nnipa bɛhunu Yehowa animuonyam,+ yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ.+
3 Nsa a emu agoɔ no, monhyɛ no den; nkotodwe a ahodwo no, mommia mu.+ 4 Wɔn a wɔn akoma atuo no,+ monka nkyerɛ wɔn sɛ: “Monhyɛ mo ho den.+ Monnsuro.+ Hwɛ, mo Nyankopɔn bɛko ama mo,+ Onyankopɔn bɛtua mo atamfo ka.+ Ɔbɛba abɛgye mo.”+
5 Saa berɛ no anifirafoɔ ani bɛbue+ na asotifoɔ aso ate asɛm.+ 6 Ɛberɛ no mu na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ+ na mum kɛtrɛma de anigyeɛ abɔ ose.+ Nsuo bɛtue serɛ so na nsubɔnten asene asase pradaa so. 7 Na asase kesee bɛdane ɔwora na asase a akyene ayɛ nsuwansuwa.+ Sakraman atenaeɛ,+ n’ahomegyebea hɔ no, ɛserɛ mono, demmire ne mmɛwa+ bɛfifi.
8 Ɛkwan bi, kwantempɔn bi bɛda hɔ;+ na wɔbɛfrɛ no Ɛkwan Kronkron.+ Na deɛ ne ho nteɛ remfa so.+ Wɔn a wɔfata sɛ wɔfa kwan no soɔ na wɔbɛfa soɔ, na nkwaseafoɔ remfa so. 9 Gyata biara remma hɔ, na akekaboa biara remfa so.+ Wɔrenhunu bi wɔ hɔ;+ wɔn a wɔatɔ wɔn afiri nkoasom mu no na wɔbɛfa soɔ.+ 10 Na wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba;+ wɔde osebɔ bɛba Sion+ na anigyeɛ ne wɔn atena daa.+ Ahurisie ne anigyeɛ na wɔn nsa bɛka, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.+