Mmebusɛm
24 Mma w’ani mmmere abɔnefoɔ,+ na mma wo kɔn nnnɔ sɛ wo ne wɔn bɛbɔ.+ 2 Adesɛeɛ na wɔn akoma dwene ho, na nsɛmmɔne na wɔn ano keka.+
3 Nyansa na wɔde kyekyere fie,+ na nhunumu na ɛma no gyina.+ 4 Nimdeɛ so na wɔnam de aboɔdenneɛ ne afɛfɛdeɛ a ɛsom boɔ nyinaa bi hyɛ mpia mã.+
5 Deɛ ɔde nyansa hwɛ n’ahoɔden soɔ no yɛ dɔmmarima,+ na onimdefoɔ hyɛ ne ho den.+ 6 Akwankyerɛ pa na wode bɛkɔ wo sa,+ na agyinatufoɔ dodoɔ mu na nkwagyeɛ wɔ.+
7 Ɔkwasea deɛ, nyansa wɔ soro ma no dodo;+ ɔremmue n’ano wɔ kuro pono ano.
8 Obiara a ɔbɔ pɔ bɔne no, wɔbɛfrɛ no adwemmɔnefoɔ hene.+
9 Nkwaseafoɔ ahohwibra yɛ bɔne,+ na ɔfɛdifoɔ yɛ adasamma akyiwadeɛ.+
10 W’aba mu abu ahohia da mu anaa?+ W’ahoɔden so bɛte.
11 Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ owuo mu; na wɔn a wɔrehinhim okum kwan soɔ no, gye wɔn.+ 12 Sɛ woka sɛ: “Hwɛ! Ná yɛnnim yei”+ a, so deɛ ɔkari akoma no renhunu,+ na deɛ ɔhwɛ wo kra no, ɔrenhunu,+ na ɔrentua ɔdasani ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ anaa?+
13 Me ba, di ɛwoɔ, na ɛyɛ; na fa ɛwoɔkyɛm a ɛyɛ dɛ hyɛ wo dodom.+ 14 Saa ara na hunu nyansa ma wo kra.+ Sɛ wohunu a, ɛno na ɛbɛsi wo yie daakye, na wɔrentwa w’anidasoɔ ntwene.+
15 Nyɛ wo ho sɛ ɔbɔnefoɔ nkɔtɛ ɔteneneeni tenabea;+ nkɔto nhyɛ ne homebea so.+ 16 Sɛ ɔteneneeni hwe ase mprɛ nson mpo a, ɔbɛsɔre;+ na abɔnefoɔ deɛ, mmusuo bɛma no ahwe ase.+
17 Sɛ wo tamfoɔ hwe ase a, nni ahurisie; na sɛ biribi to no suntidua a, mma w’akoma ani nnnye,+ 18 na Yehowa anhunu, na anyɛ bɔne n’ani so amma no annane n’abufuo amfiri ne so.+
19 Mma wo bo mmfu dendeenden abɔnefoɔ nti. Mma w’ani mmmere nnebɔneyɛfoɔ.+ 20 Anidasoɔ bi nni hɔ mma ɔbɔnefoɔ+ biara; na nnebɔneyɛfoɔ kanea bɛdum.+
21 Me ba, suro Yehowa ne ɔhene.+ Mfa wo ho mfra atuatefoɔ.+ 22 Wɔn amanehunu bɛba prɛko pɛ,+ na sɛ wɔtwa atuatefoɔ firi hɔ a, hwan na ɔbɛhunu?+
23 Saa nsɛm yi kɔ ma anyansafoɔ+ nso: Atemmuo mu animhwɛ, ɛnyɛ.+
24 Deɛ ɔka kyerɛ ɔdebɔneyɛfoɔ sɛ: “Woyɛ ɔteneneeni”+ no, aman bɛdome no, na amanaman bɛbu no busuyɛfoɔ. 25 Wɔn a wɔka n’anim no, wɔn ani bɛgye,+ na papayɛ nhyira bɛba wɔn so.+ 26 Deɛ ɔma mmuaeɛ a ɛtene no, ɔbɛfe ano.+
27 Siesie w’adwuma wɔ abɔnten, na yɛ w’afuo mu adwuma.+ Ɛno akyi no, kyekyere wo fie nso.
28 Nni wo yɔnko ho adansekunumu.+ Ɛbɛma w’ano aka nkwaseasɛm.+ 29 Nka sɛ: “Sɛ ɔyɛɛ me no, saa ara na mɛyɛ no.+ Mɛtua obiara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.”+
30 Metwaam ɔkwadwofoɔ+ afuo ne ɔbarima a ɔnni tire+ bobeturo ho. 31 Hwɛ! Nwura nko ara na afuo.+ Nsansono agye afa, na ne ban abubu.+
32 Enti me ara mehwɛeɛ; mesusuu ho yie;+ mehunuiɛ, na mefaa mu adwene:+ 33 Wode nna kakra, nkotɔ kakra, mɛpono me nsa mada kakra,+ 34 wode saa ara na wo hia abɛto wo sɛ ɔdwotwafoɔ, na w’ahokyerɛ aba sɛ ɛkyɛmkurafoɔ.+