Hesekiel
16 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, ma Yerusalem nhunu+ n’abofonodeɛ.+ 3 Na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ Yerusalem nie: “W’ase firi Kanaan na ɛhɔ na wɔwoo woɔ.+ Wo papa yɛ Amorini+ na wo maame yɛ Hitini.+ 4 W’awoɔ ho asɛm nie: Da a wɔwoo woɔ no,+ wɔantwa wo funuma, wɔamfa nsuo annware wo amma wo ho ante, wɔamfa nkyene ansrasra wo ho, na wɔamfa adeɛ ankyekyere wo ho. 5 Obiara anhu wo mmɔbɔ, na wɔante nka sɛ wɔbɛyɛ yeinom biara ama wo;+ mmom wɔtoo wo twenee wuram, ɛfiri sɛ da a wɔwoo woɔ no, na wo kra ho yɛ abofono.
6 “‘“Berɛ a mebɛtwaam faa wo ho no, mehunuu sɛ worepere wɔ wo mogya mu, na meka kyerɛɛ wo, wo mogya mu sɛ, ‘Nya nkwa!’+ Aane, meka kyerɛɛ wo, wo mogya mu sɛ, ‘Nya nkwa!’ 7 Memaa wodɔre yɛɛ pii sɛ nwura, woyɛɛ kɛse+ na wo ho yɛɛ den, na wohyehyɛɛ wo ho fɛfɛɛfɛ.+ Wo nufo bobɔ gyinagyinaa so na wo nwi fuu bebree, berɛ a woda adagya na wo ho da soɔ no.”’
8 “‘Mebɛtwaam faa wo ho, na mehunuu sɛ wo berɛ yɛ ɔdɔ berɛ.+ Enti metrɛɛ m’atadeɛ mu wo so+ kataa w’adagya so, na mekaa ntam ne wo yɛɛ apam,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. ‘Na wobɛyɛɛ me dea.+ 9 Afei mede nsuo dwaree wo+ hohoroo wo ho mogya, na mede ngo sraa wo.+ 10 Mede nwentoma+ firaa wo, mehyɛɛ wo mpaboa a wɔde sukraman nwoma+ ayɛ, na mede nwera pa+ kyekyeree wo ho de ntoma pa kataa wo ho. 11 Mede agudeɛ siesiee wo; mede nkapo+ guu wo nsa de kɔnmuadeɛ+ guu wo kɔn mu. 12 Afei mede hwenem kawa+ hyɛɛ wo hwenem de asomuadeɛ hyɛɛ w’asom+ de abotire fɛfɛ bɔɔ wo ti.+ 13 Wode sika ne dwetɛ hyehyɛɛ wo ho, na wode nwera pa ne ntoma pa ne nwentoma siesiee wo ho.+ Wodii esiam ne ɛwoɔ ne ngo,+ na wonyini bɛyɛɛ fɛfɛɛfɛ. Afei deɛ, na adedie sɛ wo.’”+
14 “‘W’ahoɔfɛ nti, wo din trɛ kɔɔ amanaman mu, ɛfiri sɛ na ɛho ntɔɔ kyima, m’animuonyam a mede kataa wo soɔ nti,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
15 “‘Nanso wodii w’ahoɔfɛ akyi,+ na wo din nti wobɛyɛɛ odwamanfoɔ+ na wogyaa wo ho maa obiara a ɔretwam ne wo bɔɔ adwaman;+ na ɛbɛyɛɛ ne dea. 16 Wofaa wo ntadeɛ no bi na woyɛɛ sorɔnsorɔmmea+ a ɛyɛ fɛ na wobɔɔ adwaman wɔ so+—biribi a ebi nsii da, na ebi nso rensi da. 17 Wofaa w’agudeɛ fɛfɛ, sika ne dwetɛ a mede maa woɔ no bi,+ na wode yɛɛ mmarima+ ahoni de bɔɔ adwaman.+ 18 Wode wo nwentoma kataa wɔn ho, na wode me ngo ne m’aduhwam+ sisii wɔn anim. 19 Aduane a mede ama woɔ—esiam ne ngo ne ɛwoɔ a mede ma wo die no+—wo nso wode sisii wɔn anim sɛ afɔrebɔdeɛ hwamhwam,+ na saa ara na ɛkɔɔ soɔ,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
20 “‘Wofaa wo mma mmarima ne wo mma mmaa a wowoo wɔn maa me+ no de wɔn bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔnni.+ Adɛn, w’adwamammɔ yi nnɔɔso? 21 Wokunkum me mma,+ na wode wɔn faa egya mu maa wɔn.+ 22 Na w’abofonodeɛ ne w’adwamammɔ nyinaa mu woankae wo mmabaaberɛ mu, berɛ a woda adagya na wo ho da soɔ, berɛ a woperee wo mogya mu no.+ 23 Enti wo bɔne nyinaa akyi no, (“due, due,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie) 24 woyɛɛ kokoɔ na wosii pampa wɔ mmɔnten so baabiara.+ 25 Wosii wo pampa+ wɔ nkwantia baabiara na woguu w’ahoɔfɛ ho fĩ,+ na wobaee w’anan mu maa obiara a ɔretwam+ na womaa w’adwamammɔ dɔɔso.+ 26 Wo ne w’afipamfoɔ Egypt+ mmarima a wɔn ho* soso+ no bɔɔ adwaman, na wode adwamammɔ dodoɔ yii me ahi. 27 Hwɛ, mɛtene me nsa aba wo so+ na mɛma wo kyɛfa so ahwan+ na mayɛ wo sɛdeɛ Filistifoɔ+ mmaa a wɔtan woɔ+ no kra pɛ,+ mmaa a wode w’ahohwibra hyɛɛ wɔn aniwuo no.+
28 “‘Na wo ne Asiriafoɔ bɔɔ adwaman ɛfiri sɛ wo ho ammae wo,+ na wo ne wɔn kɔɔ so bɔɔ adwaman nanso woammee. 29 Enti womaa w’adwamammɔ dɔɔso wɔ Kanaan asase so,+ Kaldeafoɔ mu,+ na yei nso ammee wo. 30 O hwɛ sɛdeɛ yei nyinaa ama m’ani abere wo soɔ,+ ɔbaa dwamanfoɔ+ a wasi ne bo n’adwuma mu!’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 31 ‘Woyɛɛ kokoɔ wɔ nkwantia baabiara na wosii pampa wɔ mmɔnten so, na woanyɛ sɛ odwamanfoɔ mpo, ɛfiri sɛ wopoo akatua. 32 Ɔbaa waresɛefoɔ firi ne kunu akyi kɔfa ahɔhoɔ.+ 33 Nnwamanfoɔ nyinaa, nkurɔfoɔ na ɛma wɔn akyɛdeɛ,+ nanso wo deɛ, wokyɛ w’adɔfo adeɛ,+ na wotua wɔn ka ma wɔfiri baabiara ba wo nkyɛn ne wo bɛbɔ adwaman.+ 34 W’adwamammɔ nte sɛ mmaa foforɔ deɛ, na w’adwamammɔ nsɛsoɔ nni hɔ, ɛfiri sɛ wotua nkurɔfoɔ ka berɛ a wonnya akatua biara; yei na ɛma no yɛ soronko no.’
35 “Odwamanfoɔ+ ee, afei tie Yehowa asɛm.+ 36 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ woagyaa w’akɔnnɔ bɔne mu,+ na woayi w’adagya+ so ne w’adɔfo+ ne w’abosom fĩ+ abɔ adwaman, na wode wo mma mogya ama wɔn+ nti, 37 mɛboaboa wɔn a wɔdɔ wo a wogyee wɔn ani ne wɔn a wodɔ wɔn ne wɔn a wotan wɔn nyinaa ano afiri mmaa nyinaa aba wo so, na mɛyi w’adagya so ama wɔahunu wo ho nyinaa.+
38 “‘Mede awaresɛefoɔ+ ne mmaa mogyapɛfoɔ+ atemmuo bɛba wo so, na mede abufuo ne ninkuntwe mogya bɛma wo.+ 39 Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa na wɔadwiri wo kokoɔ+ ne wo mpampa agu+ na wɔayi wo ho ntadeɛ+ ne w’agudeɛ fɛfɛ no,+ na wɔagya wo adagya, kwaterekwa. 40 Wɔbɛma asafo bi aba wo so,+ na wɔbɛsi wo aboɔ+ de wɔn nkrantɛ aku wo.+ 41 Wɔde gya bɛhye w’afie+ na wɔabu wo atɛn wɔ mmaa pii anim;+ na mɛma woagyae adwamammɔ+ na worentua obiara ka bio. 42 Afei m’abufuo ano bɛdwo wɔ wo so+ na m’anibereɛ* afiri wo so,+ na mɛyɛ komm a biribiara renyi me ahi.’
43 “‘Na ɛsiane sɛ woankae wo mmabaaberɛ mu+ na wode yeinom nyinaa hyɛɛ me anibereɛ nti,+ me nso mɛma w’akwan abua wo tiri so,+ na woremfa ahohwibra mfoa w’abofonodeɛ nyinaa so bio,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
44 “‘Hwɛ, obiara a ɔbu wo ho bɛ+ no bɛka no akasabebuo mu sɛ: “Sɛdeɛ maame teɛ no, saa ara na ne babaa teɛ!”+ 45 Woyɛ wo maame babaa,+ deɛ ɔtan ne kunu+ ne ne mma mmarima no. Na woyɛ wo nua mmaanom nuabaa, wɔn a wɔtan wɔn kununom ne wɔn mma mmarima no. Mo maame yɛ Hitini+ na mo papa yɛ Amorini.’”+
46 “‘Wo nuabaa panin a ɔte wo benkum soɔ ne Samaria+ ne ɛho nkuro,+ na wo nuabaa kumaa a ɔte wo nifa soɔ ne Sodom+ ne ɛho nkuro.+ 47 Ɛnyɛ wɔn akwan so nko na wofaeɛ na ɛnyɛ wɔn abofonodeɛ no bi nko na woyɛeɛ,+ na mmom berɛ tiaa bi ntam wosɛe senee wɔn koraa wɔ w’akwan nyinaa mu.+ 48 Na sɛ mete aseɛ yi, hwɛ, wo nuabaa Sodom ne ɛho nkuro nyɛɛ sɛdeɛ wo ne wo nkuro ayɛ yi,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 49 ‘Hwɛ, bɔne a wo nua Sodom yɛeɛ nie: Ahantan,+ adidimeeɛ,+ ahokyerɛ,+ ne dwoodwoo asetena; yei na ɔne ne nkuro nyaeɛ,+ nanso ɔbrɛfoɔ+ ne ohiani nsa deɛ, wanhyɛ no den.+ 50 Wɔkɔɔ so yɛɛ ahantan+ na wɔyɛɛ abofonodeɛ wɔ m’anim,+ enti meyii wɔn firii hɔ sɛdeɛ mehwɛ a ɛfata.+
51 “‘Samaria+ nyɛɛ wo bɔne no mu fã mpo, na womaa w’abofonodeɛ no dɔɔso senee deɛ wɔyɛeɛ no, na w’abofonodeɛ no maa wo nua mmaanom bɛyɛɛ ateneneefoɔ.+ 52 Wobɛsoa w’animguaseɛ ɛfiri sɛ wode wo nneyɛɛ bɛma wo nua mmaanom adi bem. Na ɛsiane sɛ woyɛɛ bɔne senee wɔn koraa nti, wɔyɛ ateneneefoɔ sene wo.+ Na ma w’ani nwu na soa w’animguaseɛ ɛfiri sɛ woama wo nua mmaanom abɛyɛ ateneneefoɔ.’
53 “‘Mɛboaboa wɔn nnommum ano,+ Sodom ne ɛho nkuro ne Samaria ne ɛho nkuro nnommum; na mɛboaboa wo nnommum a wɔwɔ wɔn mu nso ano,+ 54 na wobɛsoa w’animguaseɛ;+ deɛ woayɛ nyinaa nti w’anim bɛgu ase ɛfiri sɛ wokyekyeree wɔn werɛ.+ 55 Wo nua mmaanom, Sodom ne ɛho nkuro ne Samaria ne ɛho nkuro, bɛsan aba wɔn kane tebea mu, na wo ne wo ho nkuro nso bɛsan aba mo kane tebea mu.+ 56 W’ano anka wo nuabaa Sodom ho asɛm biara a ɛtɔ asomu, w’ahantan da no,+ 57 ansa na wo bɔne ho reda hɔ,+ te sɛ berɛ a Siria+ mma mmaa ne wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa ne Filistifoɔ+ mma mmaa bɔɔ wo ahohora no; yeinom na wɔsopaa wo afã nyinaa no.+ 58 W’ahohwibra+ ne w’abofonodeɛ nso, wo ara wobɛsoa,’+ Yehowa asɛm nie.”
59 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Me nso me ne wo bɛdi sɛdeɛ woayɛ no,+ ɛfiri sɛ wototoo ntam no ase, na wobuu m’apam so.+ 60 Nanso me deɛ, mɛkae apam a me ne wo yɛɛ no wo mmabaaberɛ mu no,+ na mede daa apam+ bɛsi hɔ ama wo. 61 Na sɛ wogye wo nua maanom, wɔn a wɔsene wo panin ne wɔn a woanyini sene wɔn no a, wobɛkae w’akwan+ na w’anim agu ase, na mede wɔn bɛma wo sɛ wo mma mmaa,+ nanso ɛnyɛ w’apam nti.’+
62 “‘Afei me ara me ne wo bɛyɛ apam+ na woahunu sɛ mene Yehowa, 63 na ɛbɛma woakae na w’ani awu,+ na aniwuo nti worentumi mmue w’ano bio,+ berɛ a mapata+ ama wo wɔ deɛ woayɛ nyinaa ho no,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”