23 Sɛ wɔhunu sɛ sɔfe ne nkyene+ ne ɔhyew+ asɛe asase no nyinaa na obiara ntumi nnua adeɛ wɔ so, na biribiara ntumi mfifi wɔ so, na ayɛ sɛ Sodom ne Gomora+ ne Adma+ ne Seboiim+ a Yehowa nam n’abufuhyeɛ so ka guiɛ no a,+
14 Na mahunu ahodwirideɛ+ wɔ Yerusalem adiyifoɔ mu. Wɔsɛe awareɛ,+ na wɔnante nkontompo mu;+ wɔhyɛ abɔnefoɔ nsam den, deɛ ɛbɛyɛ na wɔn mu biara rensan+ mfiri ne bɔne ho. M’ani so no, wɔn nyinaa ayɛ sɛ Sodom,+ na wɔn a wɔtete hɔ no ayɛ sɛ Gomora.”+
7 Saa ara na Sodom ne Gomora ne nkuro a atwa ho ahyia+ nso yɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔkɔdii ɔhonam akyi a ɛnyɛ ne kwan soɔ,+ na wɔde daa egya twee wɔn aso+ na ɔde ayɛ sɛnnahɔ+ ama yɛn.