Yesaia
65 “Wɔn a wɔmmisaa m’ase no,+ mama wɔahwehwɛ me.+ Wɔn a wɔnhwehwɛɛ me no, mama wɔahu me.+ Ɔman a wɔammɔ me din no,+ mesee wɔn sɛ ‘Menie, Menie!’+
2 “Matrɛ me nsam da mũ nyinaa ama ɔman asoɔdenfoɔ,+ wɔn a wɔnam kwammɔne soɔ,+ wɔn a wɔdi wɔn nsusuiɛ akyire;+ 3 ɔman a wɔgyina m’anim daa yi me ahi,+ na wɔbɔ afɔdeɛ wɔ nturo mu+ hye afɔrebɔdeɛ+ wɔ birikisi soɔ; 4 nkurɔfoɔ a wɔtete asieeɛ+ na wɔkɔtɛ awɛneeɛ ma adeɛ kye; wɔwe prakonam,+ na afĩdeɛ nkwan pɔtɔɔ+ wɔ wɔn nkukuo mu; 5 wɔn a wɔka sɛ, ‘Gyina nkyɛn. Mmɛn me na mamma woanyɛ kronkron.’+ Yeinom yɛ wisie wɔ me hwenem,+ egya a ɛdɛre daa.+
6 “Hwɛ, wɔatwerɛ ne nyinaa m’anim.+ Merentena hɔ komm,+ na mmom mɛtua ka;+ mede akatua no bɛgu wɔn kokom.+ 7 Mɛtua wɔn ara wɔn amumuyɔ ne wɔn agyanom amumuyɔ so ka prɛko,”+ Yehowa na aka. “Ɛsiane sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ mmepɔ so, na wɔbɔɔ me ahohora+ wɔ nkokoɔ soɔ+ nti, me nso, deɛ ɛdi kan koraa no, mɛsusu wɔn akatua de agu wɔn kokom.”+
8 Asɛm a Yehowa aka nie: “Sɛdeɛ wɔnya nsã foforɔ+ firi bobe mu na obi ka sɛ, ‘Nsɛe no+ na nhyira wom’+ no, saa ara na me nkoa nti mɛyɛ; mɛhwɛ sɛ merensɛe wɔn nyinaa.+ 9 Mede aseni bi bɛfiri Yakob mu aba,+ na mɛyi deɛ ɔbɛdi me mmepɔ so afiri Yuda mu.+ Wɔn a mayi wɔn no bɛdi so+ na me nkoa atena hɔ.+ 10 Saron+ bɛyɛ nnwan adidibea+ na Akor bɔn+ ayɛ anantwie ahomegyebea ama me nkurɔfoɔ a wɔhwehwɛ me no.+
11 “Nanso moagya Yehowa,+ na mo werɛ afiri me bepɔ kronkron no.+ Moto pono ma Akrayɛ nyame+ na mohyɛ afrasa ma Nkrabea nyame.+ 12 Enti mede mo bɛma nkrantɛ,+ na mo nyinaa bɛkoto ama wɔaku mo,+ ɛfiri sɛ mefrɛeɛ+ nanso moannye so; mekasaeɛ nanso moantie;+ deɛ ɛyɛ m’ani so bɔne na mokɔɔ so yɛeɛ,+ na deɛ m’ani nnye ho na moyiiɛ.”+
13 Yei nti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, me nkoa bɛdidi,+ na mo deɛ, ɛkɔm bɛde mo.+ Hwɛ, me nkoa bɛnya biribi anom,+ na mo deɛ, mo menem bɛwo.+ Hwɛ, me nkoa ani bɛgye,+ na mo deɛ, mo ani bɛwu.+ 14 Hwɛ, me nkoa bɛdi ahurisie, akoma pa nti,+ na mo deɛ, mobɛsu, akomam yea nti, na mobɛtwa adwo, honhom a abubuo nti.+ 15 Mobɛgya mo din na wɔn a mayi wɔn no de aka ntam, na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛkunkum mo mmaako mmaako,+ na ne nkoa deɛ, ɔde din foforɔ bɛfrɛ wɔn.+ 16 Na deɛ ɔpɛ nhyira wɔ asase soɔ no de nokorɛ Nyankopɔn+ bɛhyira ne ho, na deɛ ɔka ntam wɔ asase soɔ no de nokorɛ Nyankopɔn bɛka ntam,+ ɛfiri sɛ wɔrenkae kane amanehunu no na m’ani renhunu bio.+
17 “Merebɔ ɔsoro foforɔ+ ne asase foforɔ;+ na wɔrenkae kane nneɛma no bio,+ na ɛremma akomam bio.+ 18 Monni ahurisie+ na momma mo ani nnye daa, adeɛ a merebɔ no nti.+ Na merebɔ Yerusalem ama no ayɛ anigyedeɛ na emufoɔ ayɛ ahurisidie.+ 19 M’ani bɛgye Yerusalem ho na madi ahurisie me man ho;+ wɔrente agyee! anaa buei! biara wɔ mu bio.”+
20 “Wɔrenhunu akɔkoaa a ne nna yɛ tia wɔ hɔ bio,+ anaa akɔkoraa a wanwie ne nna die.+ Na sɛ obi di mfeɛ ɔha na ɔwu mpo a, wɔbɛbu no sɛ wawu ne mmeranteberɛ mu. Na ɔbɔnefoɔ deɛ, sɛ ɔdi mfeɛ ɔha mpo a, ɛbɛwie no bɔne.+ 21 Wɔbɛsisi adan atena mu+ na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.+ 22 Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni. Na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna,+ na wɔn a mayi wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma amee.+ 23 Wɔrenyɛ adwumahunu,+ na mma a wɔbɛwo wɔn no, mmusuo renka wɔn,+ ɛfiri sɛ wɔyɛ mma a Yehowa ahyira wɔn,+ wɔne wɔn asefoɔ.+ 24 Na ɛbɛba sɛ wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so,+ na wɔgu so rekasa no, mɛtie.+
25 “Pataku+ ne odwan bɛbom adidi+ na gyata awe wura sɛ nantwie;+ na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane.+ Wɔrenyɛ bɔne+ na wɔrensɛe adeɛ, me bepɔ kronkron no nyinaa so,”+ Yehowa na aka.