Hesekiel
13 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ Israel adiyifoɔ a wɔrehyɛ nkɔm no ho nkɔm,+ na ka kyerɛ wɔn a wɔfiri wɔn ara wɔn akomam hyɛ nkɔm+ no sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm.+ 3 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Adiyifoɔ nkwaseafoɔ+ a wɔdi wɔn ara wɔn honhom akyi+ berɛ a wɔnhunuu hwee no nnue!+ 4 O Israel, w’adiyifoɔ te sɛ amamfõ so sakraman.+ 5 Morentumi nkɔgyina ɔfasuo no mu ntokuro mu,+ na morento fasuo+ mma Israel fie na moagyina ɛko mu, Yehowa da no.”+ 6 “Wɔnya anisoadehunu a ɛnyɛ nokorɛ, na wɔhyɛ nkɔntorɔ+ ka sɛ, ‘Yehowa se’ berɛ a Yehowa nsomaa wɔn, na wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛba mu.+ 7 Ɛnyɛ atorɔ anisoadeɛ na mohunu yi, na ɛnyɛ nkɔntorɔ na mohyɛ ka sɛ ‘Yehowa se’ berɛ a menkaa hwee no anaa?”’+
8 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “‘Ɛsiane sɛ moka nkontomposɛm na mo anisoadehunu yɛ atorɔ nti, me ne mo wɔ asɛm,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.” 9 Me nsa bɛba adiyifoɔ a wɔn anisoadehunu yɛ atorɔ na wɔhyɛ nkɔntorɔ no so.+ Meremma wɔntena me man fekuo+ mu, merentwerɛ wɔn din nka Israel fie twerɛtohɔ ho,+ na wɔremma Israel asase so;+ na mobɛhunu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa,+ 10 ɛfiri sɛ wɔama me man afom kwan, na wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ wɔ hɔ!” berɛ a asomdwoeɛ biara nni hɔ;+ ɔman no to fasuo, na yeinom de akaadoo+ ka ho kwa.’+
11 “Ka kyerɛ wɔn a wɔka ho akaadoo no sɛ ɛbɛdwiri agu. Nsuo bɛtɔ ayiri, asukɔtweaa bɛtɔ, na ahum bɛma no abubu.+ 12 Hwɛ, ɔfasuo no bɛdwiri agu; na afei ɛnyɛ bisa na wɔbɛbisa mo sɛ, ‘Deɛ mode kaa ho no wɔ he?’+
13 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘M’anibereɛ mu na mɛma ahum atuo, na m’abufuo mu na mɛma nsuo atɔ ayiri asram soɔ, na m’anibereɛ mu na mɛma asukɔtweaa atɔ asɛe adeɛ.+ 14 Mɛdwiri fasuo a moaka ho akaadoo no agu fam na ne fapem ho ada hɔ.+ Ɔbɛhwe ase na mo awieeɛ aba wɔ ne mu, na mobɛhunu sɛ mene Yehowa.’+
15 “‘Na mɛwie m’abufuo wɔ ɔfasuo no so ne wɔn a wɔka ho akaadoo no so, na mɛka akyerɛ mo sɛ: “Ɔfasuo no nni hɔ bio, na wɔn a wɔka ho no nso nni hɔ bio,+ 16 kyerɛ sɛ, Israel adiyifoɔ a wɔhyɛ Yerusalem ho nkɔm na wɔnya anisoadehunu sɛ asomdwoeɛ wɔ hɔ+ berɛ a asomdwoeɛ nni hɔ no,”’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.+
17 “Enti onipa ba, fa w’ani si+ wo man mma mmaa a wɔayɛ wɔn ho adiyifoɔ+ a wɔfiri wɔn ara akomam hyɛ nkɔm+ no so, na hyɛ wɔn ho nkɔm. 18 Na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mmaa a mopempam adeɛ hyehyɛ nsa ahodoɔ nyinaa ho na moyɛ nkatanimu ma etire ahodoɔ nyinaa sɛ mode bɛyi akra+ no nnue! Me man akra deɛ, moyi, na mo ara mo kra deɛ, mogye no nkwa anaa? 19 Atokoɔ nsa mã ne paanoo sini nti mobɛgu me ho fĩ wɔ me man anim,+ na monam nkontompo a motwa me man a wɔtie atosɛm so bɛkum akra a ɛmfata sɛ wɔwuo+ na moakora akra a ɛnsɛ sɛ wɔtena aseɛ so anaa?”’+
20 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mmaa, mɛsɔre atia adeɛ a moapam ahyehyɛ mo nsa ho a mode yi akra te sɛ nnomaa no, na mɛtete afiri mo nsa ho ama akra a moayi wɔn no ade wɔn ho, akra a wɔte sɛ nnomaa no.+ 21 Na mɛtete mo nkatanimu mu agye me man afiri mo nsam, na morennya wɔn nyi wɔn bio. Na mobɛhunu sɛ mene Yehowa.+ 22 Ɛsiane sɛ mode atosɛm+ ama ɔteneneeni akoma abotoɔ berɛ a menhyɛɛ no awerɛhoɔ na moahyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ nsam den+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wannane amfiri ne kwammɔne so na wannya nkwa nti,+ 23 morennya atorɔ anisoadehunu+ na nkɔntorɔ+ nso, morenhyɛ bio;+ mɛyi me man afiri mo nsam+ na moahunu sɛ mene Yehowa.’”+