Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 20:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 “Nsɛe awareɛ.+

  • Leviticus 20:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 “‘Ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere bɛsɛe awareɛ, kyerɛ sɛ ɔne ne yɔnko yere bɛda no, ɛsɛ sɛ wɔku no. Wɔnku ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no nyinaa.+

  • Deuteronomium 22:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 “Sɛ ɔbarima bi ne obi yere da na wɔkye wɔn a, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no ne ɔbaa no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔku wɔn.+ Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfiri Israel.

  • Mmebusɛm 6:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Saa ara na obiara a ɔne ne yɔnko yere da teɛ;

      Obiara nni hɔ a ɔde ne ho ka no a, ɔbɛfa ne ho adi.+

  • Mateo 5:27, 28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 “Motee sɛ wɔkaa sɛ: ‘Nsɛe awareɛ.’+ 28 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbaa+ anya akɔnnɔ ama no no, ɔne no asɛe awareɛ dada n’akoma mu.+

  • 1 Korintofoɔ 6:9, 10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Anaa monnim sɛ wɔn a wɔntene no rennya Onyankopɔn Ahennie?+ Mommma wɔnnnaadaa mo. Adwamammɔfoɔ,*+ abosonsomfoɔ,+ awaresɛefoɔ,+ mmarima a wɔma mmarima ne wɔn da,+ mmarima a wɔne mmarima da,+ 10 akorɔmfoɔ, adufudepɛfoɔ,+ akɔwensafoɔ,+ wɔn a wɔtwa nkurɔfoɔ adapaa,* ne apoobɔfoɔ rennya Onyankopɔn Ahennie no.+

  • Hebrifoɔ 13:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Mo nyinaa, monni awareɛ ni, na monngu awareɛ mpa ho fĩ,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamammɔfoɔ* ne awaresɛefoɔ atɛn.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane