34 Sɛ Israelfoɔ no bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ a, mɛgye aboa no koko a wɔhimiiɛ no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron no ama ɔsɔfoɔ Aaron ne ne mma. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama Israelfoɔ.+
14 Wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa a wɔka wo ho+ no bɛwe aboa no koko a wɔhim de bɔɔ afɔreɛ no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron+ no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a ɛfiri Israelfoɔ asomdwoeɛ afɔreɛ mu.
9 Afɔreɛ kronkron paa a wɔde egya hye a ɛbɛyɛ mo kyɛfa nie: Afɔreɛ biara a ɔman no bɛbɔ ama me, te sɛ wɔn aduane afɔreɛ,+ wɔn bɔne ho afɔreɛ,+ ne wɔn afɔdie afɔreɛ.+ Ɛyɛ ade kronkron paa ma wo ne wo mma.
13 Monnim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma kronkron no di asɔrefie nneɛma no bi anaa? Na monnim sɛ wɔn a wɔsom wɔ afɔrebukyia ho daa no nso nya wɔn kyɛfa firi afɔrebukyia no so anaa?+