8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Nneɛma a nkurɔfoɔ de brɛ me no, me ara mede hyɛ wo nsa.+ Nneɛma kronkron a Israelfoɔ de brɛ me nyinaa, mede bi ama wo ne wo mma, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+
44 Ɛda no wɔde mmarima sisii adekora adan+ no so sɛ wɔmfa afɔrebɔdeɛ+ ne nnɔbaeɛ a ɛdi kan+ ne ntotosoɔ du du*+ nkɔgu hɔ. Asɔfoɔ ne Lewifoɔ+ no kyɛfa a Mmara kyerɛ no,+ na wɔbɛgyegye afiri nkuro no mfuo mu akɔgu hɔ. Asɔfoɔ ne Lewifoɔ a na wɔresom no nti, Yudafoɔ no dii ahurisie.