Exodus
6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Afei wobɛhu deɛ mɛyɛ Farao.+ Mede nsa a ɛyɛ den bɛhyɛ no ama no agyaa wɔn ama wɔakɔ; mede nsa a ɛyɛ den bɛhyɛ no ama no apamo wɔn afiri n’asaase so.”+
2 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mene Yehowa. 3 Ná meyi me ho adi kyerɛ Abraham, Isak, ne Yakob sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn,+ nanso me din Yehowa+ no deɛ, mamma wɔamfa anhu me.+ 4 Me ne wɔn yɛɛ apam nso sɛ mede Kaanan asaase a wɔkɔsoɛɛ so sɛ ahɔhoɔ no bɛma wɔn.+ 5 Afei mate Israelfoɔ a Egyptfoɔ de wɔn ayɛ nkoa no apinisie, na mekae m’apam+ nso.
6 “Enti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: ‘Mene Yehowa, na mɛyi mo afiri Egyptfoɔ nnesoa ase, na magye mo afiri wɔn nkoasom mu;+ mede basa a emu atene* ne asotwe* akɛseɛ na ɛbɛgye mo afiri Egyptfoɔ nsam.+ 7 Na mede mo bɛyɛ me man, na mayɛ mo Nyankopɔn,+ na mobɛhu sɛ ampa mene Yehowa mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Egypt nkoasom mu no. 8 Mede mo bɛba asaase a mekaa ntam* sɛ mede bɛma Abraham, Isak, ne Yakob no so; mede bɛma mo sɛ agyapadeɛ.+ Mene Yehowa.’”+
9 Akyire yi Mose de nsɛm yi kɔtoo Israelfoɔ no anim, nanso ɛsiane sɛ na wɔn abam abu na wɔrebrɛ wɔ nkoasom mu nti, wɔantie Mose.+
10 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 11 “Kɔka kyerɛ Egypt hene Farao sɛ ɔmma Israelfoɔ no mfiri n’asaase so nkɔ.” 12 Nanso Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Hwɛ, Israelfoɔ no mpo antie me,+ na ɛbɛyɛ dɛn na Farao atie me a m’ano nteeɛ*+ yi?” 13 Nanso Yehowa san kaa asɛm a ɔpɛ sɛ Mose ne Aaron de kɔto Israelfoɔ no ne Egypt hene Farao anim, na wɔatumi ayi Israelfoɔ no afiri Egypt asaase so.
14 Weinom ne atitire wɔ wɔn agyanom fie: Israel ba panin Ruben+ mma ne Hanok, Palu, Hesron, ne Karmi.+ Weinom ne Ruben asefoɔ.
15 Simeon mma ne Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar, ne Saul a ɔne Kaananni baa woo no no.+ Weinom ne Simeon asefoɔ.
16 Lewi+ mma din, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Gerson, Kohat, ne Merari.+ Mfeɛ a Lewi diiɛ nyinaa yɛ 137.
17 Gerson mma ne Libni ne Simei, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+
18 Kohat mma ne Amram, Yisar, Hebron, ne Usiel.+ Mfeɛ a Kohat diiɛ nyinaa yɛ 133.
19 Merari mma ne Mahli ne Musi.
Weinom ne Lewi asefoɔ no mmusua.+
20 Afei Amram waree ne papa nuabaa Yokebed.+ Akyire yi, ɔne no woo Aaron ne Mose.+ Mfeɛ a Amram diiɛ nyinaa yɛ 137.
21 Yisar mma ne Kora,+ Nefeg, ne Sikri.
22 Usiel mma ne Misael, Elisafan,+ ne Sitri.
23 Afei Aaron waree Aminadab babaa Eliseba a ɔyɛ Naason+ nuabaa. Ɔne no woo Nadab, Abihu, Eleasar, ne Itamar.+
24 Kora mma ne Asir, Elkana, ne Abiasaf.+ Weinom ne Kora asefoɔ.+
25 Aaron ba Eleasar+ waree Putiel mma mmaa no mu baako. Ɔne no woo Finehas.+
Weinom ne Lewifoɔ agyanom abusuafie mpanimfoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+
26 Aaron ne Mose yi na Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhyehyɛ Israelfoɔ no akuakuo* na monyi wɔn mfiri Egypt asaase so.”+ 27 Ɛyɛ Aaron ne Mose yi ara na wɔne Egypt hene Farao kɔkasaa sɛ ɔmma wɔn kwan mma wɔnyi Israelfoɔ mfiri Egypt no.+
28 Ɛda a Yehowa ne Mose kasaa wɔ Egypt asaase so no, 29 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mene Yehowa. Deɛ mereka akyerɛ wo yi nyinaa, ka kyerɛ Egypt hene Farao.” 30 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Hwɛ, m’ano nteeɛ,* na deɛn paa na ɛbɛma Farao atie me?”+