-
Deuteronomium 19:16-19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
16 Sɛ obi de adwemmɔne kɔdi ne yɔnko ho adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ*+ sɛ wato mmara a, 17 nnipa mmienu a asɛm no fa wɔn ho no mmra Yehowa anim mmɛgyina asɔfoɔ ne atemmufoɔ a wɔwɔ hɔ saa berɛ no anim.+ 18 Ma atemmufoɔ no nhwehwɛ asɛm no mu yie,+ na sɛ ɛbɛda adi sɛ ɔdansefoɔ no redi adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ na watwa asɛm ato ne nua no so a, 19 ɛnneɛ adeɛ a ɔbɔɔ pɔ sɛ anka ɔbɛyɛ ne nua no, mo nso monyɛ no saa ara,+ na monyi adebɔne no mfiri mo mu.+
-