28 Abɔnefoɔ dwane berɛ a obiara ntaa wɔn,
Na ateneneefoɔ deɛ, wɔwɔ akokoɔduro te sɛ gyata.+
2 Sɛ mmarato wɔ kuro mu a, ɔhene baako ba a, na ɔkɔ, na foforɔ nso aba,+
Nanso onipa a ɔwɔ nhunumu ne nimdeɛ bɛtumi ama ɔhene atena so akyɛ.+
3 Ɔbarima hiani a ɔsisi mmɔborɔwafoɔ no,+
Ɔte sɛ nsuo a ɛpra aduane nyinaa kɔ.
4 Wɔn a wɔmfa mmara nyɛ hwee no yi abɔnefoɔ ayɛ,
Na wɔn a wɔdi mmara so deɛ, wɔn ani bere abɔnefoɔ so.+
5 Abɔnefoɔ rentumi nte atɛntenenee ase,
Na wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no deɛ, wɔbɛtumi ate biribiara ase.+
6 Ohiani a n’abrabɔ di mu no,
Ɔyɛ sene sikani a n’akwan aporɔ.+
7 Ɔba a ɔwɔ nteaseɛ di mmara so,
Na deɛ ɔne adidifoɔ bɔ deɛ, ɔgu ne papa anim ase.+
8 Deɛ ɔde nsiho+ ne apoobɔ nya ahonyadeɛ pii no,
Ɔboaboa ano ma deɛ ɔhunu ahiafoɔ mmɔbɔ.+
9 Deɛ ɔntie mmara no,
Ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.+
10 Deɛ ɔdi ateneneefoɔ anim kɔ bɔne kwan so no, ɔbɛtɔ ɔno ankasa amena mu,+
Na wɔn a wɔn ho nni asɛm deɛ, wɔbɛnya adepa sɛ wɔn agyapadeɛ.+
11 Osikani yɛ nyansafoɔ wɔ ɔno ara n’ani so,+
Na ohiani a ɔwɔ nhunumu deɛ, ɔhunu deɛ ɛwɔ sikani no mu.+
12 Sɛ ateneneefoɔ di nkonim a, ɛde animuonyam kɛseɛ ba,
Nanso sɛ abɔnefoɔ bɛdi tumi a, nkurɔfoɔ de wɔn ho sie.+
13 Deɛ ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yie,+
Na obiara a ɔka ne mmarato na ɔgyae no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.+
14 Anigyeɛ ne onipa a daa ɔhwɛ ne ho yie,
Na obiara a ɔpirim n’akoma deɛ, ɔbɛhwe mmusuo mu.+
15 Sodifoɔ bɔne a ɔdi mmɔborɔwafoɔ so no,+
Ɔte sɛ gyata a ɔbobom ne sisire a ɔde aniberɛ kɔ obi so.
16 Ɔhene a ɔnni nhunumu no, ɔde ne tumi yɛ deɛ ɔpɛ,+
Na deɛ ɔkyiri mfaso bɔne deɛ, ɔbɛma ne nkwa ayɛ tenten.+
17 Onipa a wakum obi a enti ɔdi mogya ho fɔ no, ɔbɛdwane ara akɔtɔ adamena mu.+
Mma obiara mmmoa no.
18 Deɛ ɔnam tẽẽ no bɛnya nkwa,+
Na deɛ n’akwan akyea deɛ, ɔbɛhwe ase prɛko pɛ.+
19 Deɛ ɔdɔ n’asaase no bɛnya aduane pii,
Na deɛ ɔdi adehunu akyi deɛ, ohia na ɛbɛhia no.+
20 Ɔnokwafoɔ bɛnya nhyira pii,+
Na deɛ ɔrepɛ ntɛm anya ne ho deɛ, ɔremfa ne ho nni.+
21 Ɛnyɛ papa sɛ wobɛyɛ animhwɛ;+
Nanso paanoo sini nti, ɔbarima tumi yɛ bɔne.
22 Oniberefoɔ repɛ ntɛm anya ne ho,
Nanso ɔnnim sɛ ohia na ɛbɛhia no.
23 Obiara a ɔkasa kyerɛ obi no,+ akyire yi ɔbɛnya animuonyam pii+
Asene deɛ ɔde ne kɛtrɛma dɛfɛdɛfɛ.
24 Obiara a ɔbɔ ne papa ne ne maame korɔno na ɔka sɛ: “Ɛnyɛ bɔne” no,+
Ne yɔnko ne ɔdesɛefoɔ.+
25 Odufudepɛfoɔ hwanyan ntɔkwa mu,
Na obiara a ɔde ne ho to Yehowa so deɛ, ɛbɛsi no yie.+
26 Obiara a ɔde ne ho to ɔno ankasa n’akoma so yɛ kwasea,+
Na deɛ ɔnante nyansa mu deɛ, wɔbɛgye no.+
27 Obiara a ɔma ahiafoɔ adeɛ no, hwee renhia no,+
Na deɛ ɔyi n’ani firi wɔn so deɛ, ɔbɛnya nnome pii.
28 Sɛ abɔnefoɔ bɛdi tumi a, nnipa de wɔn ho sie;
Na sɛ wɔyera a, ateneneefoɔ dɔɔso.+