Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Atemmufoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire ATEMMUFOƆ EMU NSƐNTITIRE 1 Yuda ne Simeon nkonimdie (1-20) Yebusifoɔ kɔɔ so tenaa Yerusalem (21) Yosef ko faa Betel (22-26) Wɔantu Kaananfoɔ no nyinaa (27-36) 2 Yehowa bɔfoɔ bɔɔ wɔn kɔkɔ (1-5) Yosua wui (6-10) Wɔmaa Israelfoɔ atemmufoɔ a wɔbɛgye wɔn (11-23) 3 Yehowa sɔɔ Israelfoɔ hwɛe (1-6) Otniel, ɔtemmufoɔ a ɔdi kan (7-11) Ɔtemmufoɔ Ehud kum Ɔhene Eglon a na ɔso paa no (12-30) Ɔtemmufoɔ Samgar (31) 4 Kaananfoɔ hene Yabin teetee Israelfoɔ (1-3) Odiyifoɔbaa Debora ne Ɔtemmufoɔ Barak (4-16) Yael kum ɔsahene Sisera (17-24) 5 Debora ne Barak nkonimdie dwom (1-31) Nsoromma ne Sisera koe (20) Kison nsuo yirii (21) Wɔn a wɔdɔ Yehowa no te sɛ awia (31) 6 Midianfoɔ teetee Israelfoɔ (1-10) Ɔbɔfoɔ bi ka kyerɛɛ Ɔtemmufoɔ Gideon sɛ Yehowa ka ne ho (11-24) Gideon bubuu Baal afɔrebukyia (25-32) Onyankopɔn honhom baa Gideon so (33-35) Ɔde odwan nwi hwɛɛ sɛ Onyankopɔn ka ne ho anaa (36-40) 7 Gideon ne ne mmarima 300 no (1-8) Gideon asraafoɔ dii Midianfoɔ so nkonim (9-25) “Yehowa sekan ne Gideon sekan!” (20) Asraafoɔ a wɔwɔ Midianfoɔ asoɛeɛ no adwene tu frae (21, 22) 8 Efraimfoɔ ne Gideon hamee (1-3) Wɔtaa Midian ahemfo kunkum wɔn (4-21) Gideon ampene so amma wɔanyɛ no ɔhene (22-27) Gideon asetena mu nsɛm (28-35) 9 Abimelek bɛyɛɛ ɔhene wɔ Sekem (1-6) Yotam akasabebuo (7-21) Abimelek dii adeɛ atirimuɔden so (22-33) Abimelek kɔto hyɛɛ Sekem so (34-49) Ɔbaa bi piraa Abimelek; ɔwui (50-57) 10 Ɔtemmufoɔ Tola ne Ɔtemmufoɔ Yair (1-5) Israel tee atua, na wɔnuu wɔn ho (6-16) Ammonfoɔ hunahunaa Israelfoɔ (17, 18) 11 Wɔpamoo Ɔtemmufoɔ Yefta; akyire yi, wɔde no yɛɛ wɔn so panin (1-11) Yefta ne Ammonfoɔ kasae (12-28) Yefta bɔhyɛ ne ne babaa (29-40) Yefta babaa no dii sugya (38-40) 12 Yefta ne Efraimfoɔ koe (1-7) Shibolet ne Sibolet (6) Ɔtemmufoɔ Ibsan; Ɔtemmufoɔ Elon; Ɔtemmufoɔ Abdon (8-15) 13 Ɔbɔfoɔ bi kɔɔ Manoa ne ne yere nkyɛn (1-23) Wɔwoo Samson (24, 25) 14 Ɔtemmufoɔ Samson kɔpɛɛ yere wɔ Filistifoɔ mu (1-4) Yehowa honhom maa Samson nyaa ahoɔden de kum gyata (5-9) Samson akasabebuo wɔ ayeforɔ no ase (10-19) Wɔde Samson yere maa ɔbarima foforɔ (20) 15 Samson tuaa Filistifoɔ no so ka (1-20) 16 Samson kɔɔ Gasa (1-3) Samson ne Delila (4-22) Samson tuaa Filistifoɔ no so ka; ɔwui (23-31) 17 Mika ahoni ne ne sɔfoɔ (1-13) 18 Danfoɔ kɔhwehwɛɛ asaase (1-31) Wɔfaa Mika ahoni ne ne sɔfoɔ no kɔe (14-20) Wɔko faa Lais, na wɔtoo hɔ din Dan (27-29) Danfoɔ som bosom (30, 31) 19 Benyaminfoɔ too ɔbaa bi mmonnaa wɔ Gibea (1-30) 20 Wɔne Benyaminfoɔ koe (1-48) 21 Wɔgyee Benyaminfoɔ, na wɔn abusuakuo no ase anhye (1-25)