Leviticus
6 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Sɛ obi de biribi ma ne yɔnko sɛ ɔnhwɛ so anaasɛ ne biribi bɛdi ne nsam na wanni mu nokorɛ,+ anaa ɔbɔ ne yɔnko korɔno anaasɛ ɔfa kwan bi so sisi no a, saa onipa* no ayɛ bɔne na wanni Yehowa nokorɛ.+ 3 Anaa sɛ ɔhu biribi a ayera na wanka mu nokorɛ anaa ɔyɛ nneɛma yi bi na ɔka atorɔ ntam wɔ ho a, wayɛ bɔne,+ na deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nie: 4 Sɛ ampa wayɛ bɔne na ɔdi fɔ a, deɛ ɔwiaeɛ anaa ɔnam asisie so nyaeɛ anaa deɛ wɔde maa no sɛ ɔnhwɛ so a ɔfaeɛ anaa deɛ ayera a ɔhunuiɛ no, ɛsɛ sɛ ɔsan de kɔ. 5 Biribiara a abɛdi ne hɔ a ɔkaa atorɔ ntam wɔ ho no, ɔmfa nkɔ anaa ɔntua ho ka.+ Afei ɛda a ne bɔne bɛda adi no, wɔmmu deɛ ɔfaeɛ no ho ka, na wɔnkyɛ mu nnum mma no ntua mu baako nka ho mma ne wura. 6 Ma no mfa odwennini a ɔte apɔ a ɔsom bo te sɛ ɛboɔ a wɔatwa ato hɔ no mmrɛ Yehowa, na ɔsɔfoɔ no mfa mmɔ afɔdie afɔreɛ.+ 7 Afei ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ Yehowa anim, na bɔne biara a wayɛ a ama no adi fɔ no, wɔde bɛkyɛ no.”+
8 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 9 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Ɔhyeɛ afɔreɛ no ho mmara nie:+ Momma aboa a mode bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no nna afɔrebukyia no gya so anadwo mu nyinaa nkɔsi anɔpa, na wɔnhwɛ sɛ afɔrebukyia no gya rennum. 10 Ma ɔsɔfoɔ no nhyɛ n’ataadeɛ a wɔde nwera apam no,+ na ɔnhyɛ nwera nika*+ nkata ne ho. Afei deɛ wɔde bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so no, ɔnyi ɛho nsõ*+ no ngu afɔrebukyia no nkyɛn. 11 Ɛno akyi no, ɔnyi n’ataadeɛ no+ ngu hɔ na ɔnhyɛ ataade foforɔ, na ɔnsesa nsõ no nkɔ baabi a ɛhɔ te wɔ asoɛeɛ no akyi.+ 12 Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ egya wɔ afɔrebukyia no so daa, na ɛnsɛ sɛ ɛdum. Ma ɔsɔfoɔ no mfa anyina+ ngu so nhye no anɔpa biara na ɔmfa aboa a wɔde no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no nto so, na ɔmma asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no sradeɛ nhye wɔ so.+ 13 Ɛnsɛ sɛ afɔrebukyia no so gya dum; ɛsɛ sɛ mohwɛ hu sɛ egya wɔ so daa.
14 “‘Aduane afɔreɛ no ho mmara nie:+ Aaron mma na ɛsɛ sɛ wɔde ba Yehowa anim wɔ afɔrebukyia no anim. 15 Wɔn mu baako nsa esiam muhumuhu a wɔde bɛbɔ aduane afɔreɛ no ne ngo no ne ɛhyɛ* a ɛka ho no nsa ma, na ɔnhye no afɔrebukyia no so sɛ afɔreɛ hwamhwam* mma Yehowa, na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa.*+ 16 Aaron ne ne mma nni deɛ ɛbɛka no.+ Wɔnni no sɛ paanoo a mmɔka* nnim wɔ beaeɛ a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ.+ 17 Ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a mmɔka wom ka ho tõ.+ Aduane afɔreɛ a wɔde gya hye ma me no na mede bi ama wɔn sɛ wɔn kyɛfa.+ Ɛyɛ ade kronkron paa+ te sɛ bɔne ho afɔreɛ ne afɔdie afɔreɛ no. 18 Aaron mma mmarima no nyinaa bɛdi bi.+ Ɛyɛ wɔn kyɛfa a wɔbɛnya afiri afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no mu, na ɛbɛyɛ wɔn kyɛfa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+ Biribiara a ɛbɛka no* no bɛyɛ kronkron.’”
19 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 20 “Da a wɔbɛsra+ Aaron ngo no, afɔreɛ a ɔne ne mma bɛbɔ ama Yehowa nie: Wɔmfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako*+ mmɔ aduane afɔreɛ+ mma me berɛ nyinaa. Sɛ wɔde fã bɔ afɔreɛ anɔpa a, na wɔde fã abɔ afɔreɛ anwummerɛ. 21 Wɔmfa ngo mfete no yie na wɔntõ no apampaa so.+ Afei wɔmfa aduane a wɔatõ na wɔabubu mu asinasini no mmra Yehowa anim sɛ aduane afɔreɛ hwamhwam.* 22 Ne mma no mu deɛ wɔbɛsra no ahyɛ no sɔfoɔ asi n’anan+ no na ɔbɛbɔ afɔreɛ no. Wei ne ahyɛdeɛ a wɔbɛdi so daa: Ma wɔnhye afɔrebɔdeɛ no nyinaa mma Yehowa. 23 Aduane afɔreɛ biara a wɔbɛbɔ ama ɔsɔfoɔ bi no, ɛsɛ sɛ wɔhye ne nyinaa. Obiara nnni bi.”
24 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 25 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Bɔne ho afɔreɛ no ho mmara nie:+ Faako a wɔkum aboa a wɔde no bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no,+ ɛhɔ ara nso na wɔbɛkum aboa a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no wɔ Yehowa anim. Ɛyɛ ade kronkron paa. 26 Ɔsɔfoɔ a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no bɛwe bi.+ Na ɔbɛwe wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ.+
27 “‘Biribiara a ɛbɛka nam no bɛyɛ kronkron, na sɛ obi de mogya no bi pete n’ataadeɛ mu a, ma no nsi deɛ mogya aka mu no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. 28 Sɛ wɔnoaa no kukuo mu a, wɔmmɔ kukuo no. Nanso sɛ wɔnoaa no kɔbere sɛn mu a, wɔntwitwi mu mfa nsuo nhohoro mu.
29 “‘Mmarima a wɔyɛ asɔfoɔ nyinaa bɛwe bi.+ Ɛyɛ ade kronkron paa.+ 30 Nanso bɔne ho afɔreɛ biara a wɔde ɛho mogya no bi bɛkɔ ahyiaeɛ ntomadan no kronkronbea+ hɔ akɔpata ama bɔne no, ɛnsɛ sɛ obiara we bi. Wɔmfa gya nhye ne nyinaa.