Numeri
22 Na Israelfoɔ tui, na wɔkyekyeree asoɛeɛ wɔ Moab serɛ so wɔ Yordan agya a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.+ 2 Sipor ba Balak+ huu deɛ Israelfoɔ de yɛɛ Amorifoɔ no nyinaa, 3 na Moabfoɔ suroo Israelfoɔ no paa, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ no dɔɔso. Nokwasɛm ne sɛ, Israelfoɔ no nti, Moabfoɔ no bɔɔ hu yie.+ 4 Enti Moabfoɔ ka kyerɛɛ Midian mpanimfoɔ+ sɛ: “Saa asafo yi bɛwe deɛ atwa yɛn ho ahyia nyinaa sɛdeɛ nantwie* we serɛ no.”
Saa berɛ no, na Sipor ba Balak na ɔyɛ Moab hene. 5 Enti ɔsomaa nnipa kɔɔ Beor ba Baalam nkyɛn wɔ Petor+ a ɛbɛn Asubɔnten* a ɛwɔ asaase a wɔwoo Baalam wɔ so no so no. Ɔmaa wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Nkurɔfoɔ bi firi Egypt aba. Hwɛ! Wɔahyɛ asaase so ma,*+ na wɔte me hwene ano pɛɛ. 6 Enti mepa wo kyɛw, bra na bɛdome saa nkurɔfoɔ yi ma me,+ ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me. Ebia mɛtumi adi wɔn so nkonim na mapamo wɔn afiri asaase no so, ɛfiri sɛ menim yie sɛ deɛ wobɛhyira no no, wɔbɛhyira no, na deɛ wobɛdome no no, wɔbɛdome no.”
7 Enti Moab mpanimfoɔ ne Midian mpanimfoɔ faa sika a wɔde rekɔ abisa no kurae, na wɔkɔɔ Baalam+ nkyɛn kɔkaa deɛ Balak aka no kyerɛɛ no. 8 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monna ha anadwo yi, na deɛ Yehowa bɛka biara, mɛba abɛka akyerɛ mo.” Enti Moab mpanimfoɔ no tenaa Baalam nkyɛn.
9 Na Onyankopɔn baa Baalam nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ:+ “Nnipa bɛn na wɔwɔ wo nkyɛn yi?” 10 Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Sipor ba Balak a ɔyɛ Moab hene no na asoma abɛka akyerɛ me sɛ, 11 ‘Hwɛ! Nkurɔfoɔ a wɔfiri Egypt no ahyɛ asaase so ma.* Enti bra na bɛdome wɔn ma me.+ Ebia mɛtumi ne wɔn ako, na mapamo wɔn afiri asaase no so.’” 12 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Nni wɔn akyi nkɔ. Nnome nkurɔfoɔ no, ɛfiri sɛ wɔahyira wɔn.”+
13 Na Baalam sɔree anɔpa ka kyerɛɛ Balak mpanimfoɔ no sɛ: “Monkɔ mo asaase so, ɛfiri sɛ Yehowa ampene so sɛ me ne mo bɛkɔ.” 14 Enti Moab mpanimfoɔ no sɔre kɔe, na wɔkɔka kyerɛɛ Balak sɛ: “Baalam ampene so ne yɛn amma.”
15 Na Balak san somaa mpanimfoɔ foforɔ a wɔdɔɔso na wɔwɔ animuonyam sene wɔn a ɔdii kan somaa wɔn no. 16 Na wɔbaa Baalam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sipor ba Balak se, ‘Mepa wo kyɛw, mma biribiara nnsi wo kwan sɛ wobɛba me nkyɛn, 17 ɛfiri sɛ mɛhyɛ wo animuonyam paa, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no mɛyɛ. Enti mepa wo kyɛw, bra na bɛdome nkurɔfoɔ yi ma me.’” 18 Nanso Baalam ka kyerɛɛ Balak nkoa no sɛ: “Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ no ma ma me mpo a, merentumi mmu Yehowa me Nyankopɔn asɛm so nyɛ biribiara, sɛ́ ɛyɛ ade ketewa anaa ade kɛseɛ.+ 19 Mepa mo kyɛw, mo nso monna ha anadwo yi na menhwɛ deɛ Yehowa bɛsan aka akyerɛ me.”+
20 Na Onyankopɔn baa Baalam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ mmarima yi aba abɛfrɛ wo a, wo ne wɔn nkɔ. Nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no, ɛno nko ara na ka.”+ 21 Enti Baalam sɔree anɔpa hyehyɛɛ n’afunumu,* na ɔne Moab mpanimfoɔ no kɔe.+
22 Berɛ a Onyankopɔn huu sɛ ɔrekɔ no, ne bo fui, na Yehowa bɔfoɔ bɛgyinaa kwan no mu sɛ ɔbɛsi no kwan. Saa berɛ no, na Baalam te n’afunumu so, na na ne nkoa mmienu ka ne ho. 23 Berɛ a afunumu no huu sɛ Yehowa bɔfoɔ atwe sekan gyina kwan no mu no, afunumu no yɛɛ sɛ ɔrefiri kwan no mu akɔ wuram. Nanso Baalam firii aseɛ hwee afunumu no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛsan asi kwan mu. 24 Na Yehowa bɔfoɔ no bɛgyinaa ɛkwan ketewa bi a na ɛwɔ bobe mfuo mmienu ntam so, na na aboɔ afasuo wɔ benkum ne nifa. 25 Berɛ a afunumu no huu Yehowa bɔfoɔ no, ɔde ne ho taree ɔfasuo no, na ɛkaa Baalam nan miaa ɔfasuo no, na Baalam firii aseɛ hwee aboa no bio.
26 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ no san bɛtwaam, na ɔkɔgyinaa baabi a ɛkwan no sua paa; wofa benkum a ɛnyɛ yie, wofa nifa nso a ɛnyɛ yie. 27 Berɛ a afunumu no huu Yehowa bɔfoɔ no, ɔbutuu fam. Saa berɛ no nyinaa, na Baalam da so te no so. Enti Baalam bo fui, na ɔkɔɔ so de ne poma hwee afunumu no. 28 Afei deɛ Yehowa maa afunumu no kasae,*+ na ɔbisaa Baalam sɛ: “Mayɛ wo dɛn na woahwe me mprɛnsa yi?”+ 29 Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ afunumu no sɛ: “Wo tirim yɛ den ntira. Sɛ mekura sekan a, anka maku wo!” 30 Na afunumu no bisaa Baalam sɛ: “Ɛnyɛ w’afunumu ne me? Ɛnyɛ me so na woatena wo nkwa nna nyinaa de abɛsi nnɛ? Woahunu sɛ mayɛ wo saa da?” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Daabi!” 31 Afei Yehowa buee Baalam ani,+ na ɔhuu Yehowa bɔfoɔ sɛ watwe sekan gyina kwan no mu. Ɛhɔ ara na ɔkotoeɛ, na ɔde n’anim butuu fam.
32 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ no bisaa no sɛ: “W’afunumu no ayɛ wo dɛn na woahwe no mprɛnsa yi? Hwɛ! Me ara na maba sɛ merebɛsi wo kwan, ɛfiri sɛ mempene deɛ worekɔyɛ no so.+ 33 Afunumu no huu me, na ɔyɛɛ sɛ ɔbɛmane afiri m’anim mprɛnsa.+ Sɛ wammane amfiri m’anim a, anka saa berɛ yi maku wo ama afunumu no afa ne ho adi.” 34 Baalam ka kyerɛɛ Yehowa bɔfoɔ no sɛ: “Mayɛ bɔne, ɛfiri sɛ na mennim sɛ wo na woabɛgyina kwan no mu rebɛhyia me. Sɛ wompene so a, ɛnneɛ mɛsan m’akyi.” 35 Nanso Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Baalam sɛ: “Wo ne mmarima no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no, ɛno nko ara na ka.” Enti Baalam ne Balak mpanimfoɔ no toaa so kɔe.
36 Berɛ a Balak tee sɛ Baalam aba no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa no wɔ Moab kurom, kuro a ɛda Arnon nsuo ano wɔ ɔman no hyeɛ so no. 37 Na Balak bisaa Baalam sɛ: “Mansoma sɛ wɔmmɛfrɛ wo? Adɛn nti na woamma? Ɛyɛ wo sɛ merentumi nhyɛ wo animuonyam kɛseɛ anaa?”+ 38 Ɛnna Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Afei deɛ maba. Nanso merentumi nka deɛ mepɛ. Asɛm a Onyankopɔn de bɛhyɛ m’ano no, ɛno nko ara na mɛka.”+
39 Enti Baalam ne Balak kɔe, na wɔkɔduruu Kiriat-Husot. 40 Na Balak de anantwie ne nnwan bɔɔ afɔreɛ, na ɔde bi kɔmaa Baalam ne mpanimfoɔ a na wɔka ne ho no. 41 Na adeɛ kyee anɔpa no, Balak kɔfaa Baalam, na ɔde no foro kɔgyinaa Bamot-Baal sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhunu nnipa no nyinaa.+