Dwom
ל [Lamed]
10 O Yehowa, adɛn nti na wogyina akyirikyiri?
Adɛn nti na ɛduru ahohia berɛ a, wode wo ho hinta?+
2 Ɔdebɔneyɛfoɔ yɛ ahantan, enti ɔtaataa mmɔborɔwa;+
Nanso deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, ɔno ara na ɛbɛsum no fidie ayi no.+
3 Ɔdebɔneyɛfoɔ de ɔno ara* n’akɔnnɔ bɔne hoahoa ne ho,+
Na ɔhyira odufudepɛfoɔ;*
נ [Nun]
Ɔbu Yehowa animtia.
4 Ɔdebɔneyɛfoɔ ahomasoɔ nti, ɔnhwehwɛ Onyankopɔn;
Ne tirim adwene nyinaa ne sɛ: “Onyankopɔn biara nni hɔ.”+
Wɔn a wɔtan no nyinaa ho yɛ no sere.
6 Ɔka no n’akomam sɛ: “Merenhinhim da;
Awoɔ ntoatoasoɔ kɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ ba mpo a,
Mmusuo remma me so da.”+
פ [Pe]
ע [Ayin]
N’ani sa obi a ɔmpɛ ne ho asɛm.+
9 Ɔhinta te sɛ gyata a ɔtɛ ne hintabea.*+
Ɔretwɛn ato ahyɛ mmɔborɔwa so akye no.
Ɔtwetwe n’atena de kye mmɔborɔwa kɔ.+
11 Ɔka no n’akomam sɛ: “Onyankopɔn werɛ afi.+
Wayi n’ani ato nkyɛn.
Ɔnhu deɛ ɛrekɔ so.”+
ק [Qoph]
12 O Yehowa, sɔre.+ Onyankopɔn, ma wo nsa so ɛ.+
Mma wo werɛ mmfi mmɔborɔwa.+
13 Adɛn nti na ɔdebɔneyɛfoɔ bu Onyankopɔn animtia?
Ɔka no n’akomam sɛ: “Woremmu me atɛn.”
ר [Resh]
14 Nanso w’ani tua ɔhaw ne ateetee.
Wohunu, na woyɛ ho biribi.+
ש [Shin]
Amanaman no ayera afiri asaase so.+
ת [Taw]