Rut
1 Atemmufoɔ no berɛ so no,*+ ɛkɔm baa asaase no so, na ɔbarima bi ne ne yere ne wɔn mma mmarima mmienu tu firii Betlehem+ a ɛwɔ Yuda kɔyɛɛ ahɔhoɔ wɔ Moab+ asaase so. 2 Ɔbarima no din de Elimelek,* ne yere din de Naomi,* na ne mma mmienu no din de Malon* ne Kilion.* Ná wɔyɛ Efratafoɔ a wɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda. Berɛ a wɔkɔduruu Moab asaase so no, wɔtenaa hɔ.
3 Berɛ bi akyi no, Naomi kunu Elimelek wuiɛ, na ɛkaa ɔne ne mma mmienu no. 4 Akyire yi, ne mma no waree Moabfoɔ mmaa. Baako din de Orpa, ɛnna baako nso de Rut,+ na wɔtenaa hɔ bɛyɛ mfeɛ du. 5 Afei ne mma mmienu no, Malon ne Kilion nso wuwuiɛ. Enti ɔbaa no kunu ne ne mma mmienu no nyinaa wu gyaa no. 6 Berɛ a ɔwɔ Moab asaase so no, ɔtee sɛ Yehowa asan abɛhwɛ ne nkurɔfoɔ ama wɔn aduane, enti ɔne ne nsenom siim sɛ wɔrefiri Moab asaase so asan akɔ.
7 Ɔtu firii baabi a na ɔne ne nsenom mmienu no te no. Berɛ a wɔnam kwan so resan akɔ Yuda asaase so no, 8 Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom mmienu no sɛ: “Monsan, obiara nkɔ ne maame fie. Yehowa nna ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi nkyerɛ mo,+ sɛdeɛ mo nso moada no adi akyerɛ mmarima a wɔawuo no na moada no adi akyerɛ me no. 9 Yehowa mma monnya ahotɔ* wɔ mo kununom fie.”+ Afei ɔfefee wɔn ano, na wɔn nyinaa suu dendeenden. 10 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Daabi, yɛne wo bɛkɔ wo nkurɔfoɔ nkyɛn.” 11 Naomi nso kaa sɛ: “Me mma, monsan. Adɛn nti na mopɛ sɛ mo ne me kɔ? Mɛtumi asan awo mma ama moaware wɔn anaa?+ 12 Me mma, monsan. Monkɔ, na manyini dodo sɛ mɛware bio. Sɛ meka sɛ mɛtumi anya kunu anadwo yi awo mma mpo a, 13 mobɛtumi atwɛn ama wɔanyinyini? Mobɛtumi atwɛn wɔn a morenware? Daabi, me mma. Mo asɛm yɛ me awerɛho paa, ɛfiri sɛ Yehowa ne me anni no yie.”+
14 Ɔkaa saa no, wɔsan suu dendeenden, na Orpa fee n’ase ano ne no dii nkra. Rut deɛ, wansan; ɔbataa ne ho. 15 Enti Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Orpa asan kɔ ne nkurɔfoɔ ne n’anyame nkyɛn. San na wo ne no nkɔ.”
16 Nanso Rut ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhyɛ me sɛ mennya wo hɔ nsan nkɔ. Baabi a wobɛkɔ no, ɛhɔ na mɛkɔ, baabi a wobɛda no, ɛhɔ na mɛda. Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.+ 17 Baabi a wobɛwu no, ɛhɔ ara na mɛwu, na ɛhɔ ara nso na wɔbɛsie me. Gye owuo na ɛbɛtete me ne wo ntam, anyɛ saa a Yehowa ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.”
18 Berɛ a Naomi huu sɛ Rut asi ne bo sɛ ɔne no bɛkɔ no, wanhyɛ no bio. 19 Enti wɔn mmienu no toaa so kɔduruu Betlehem.+ Berɛ a wɔduruu Betlehem pɛ, kurom hɔfoɔ nyinaa pu bɛhwɛɛ wɔn, na mmaa no bisaa sɛ: “Naomi nie?” 20 Ɛnna ɔka kyerɛɛ mmaa no sɛ: “Mommfrɛ me Naomi.* Momfrɛ me Mara,* ɛfiri sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ne me adi no nwonwoonwono.+ 21 Mekɔɔ no ma, nanso Yehowa ama maba no nsapan. Adɛn nti na mofrɛ me Naomi, berɛ a Yehowa abrɛ me ase, na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ama no awie me bɔne yi?”+
22 Saa na ɛyɛeɛ a Naomi ne n’ase Rut a ɔyɛ Moabni no san firii Moab asaase so baeɛ.+ Berɛ a wɔduruu Betlehem no, na wɔafiri aseɛ retwa baali.*+