Kolosefo
4 Mo, awuranom, monkɔ so ne mo nkoa nni wɔ ɔkwan a ɛteɛ na ɛfata so,+ efisɛ munim sɛ mo nso mowɔ Owura bi wɔ soro.+
2 Munkura mpaebɔ mu daa,+ na momfa aseda+ nkɔ so nwɛn wɔ mu, 3 na bere koro no ara nso mommɔ mpae mma yɛn+ na Onyankopɔn mmue ɔpon+ mma yɛnka Kristo ho ahintasɛm kronkron+ a enti mewɔ afiase mpokyerɛ+ mu no; 4 na ama mada no adi sɛnea ɛsɛ sɛ meka no.+
5 Monkɔ so nnantew nyansam wɔn a wɔnka mo ho+ no mu, na montɔ bere a mubenya+ biara. 6 Momma mo kasa ho mmra nyam+ bere nyinaa na nkyene+ mmra mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua+ obiara.
7 Tihiko+ a ɔyɛ me nua a medɔ no ne ɔsomfo nokwafo ne me yɔnko akoa wɔ Awurade mu no bɛba abɛka me ho nsɛm nyinaa akyerɛ mo. 8 Nea ɛbɛyɛ na moate yɛn ho asɛm na afei wama mo koma atɔ mo yam+ no, meresoma no aba mo nkyɛn, 9 ɔne Onesimo,+ me nua ɔnokwafo a medɔ no, a ofi mo mu no. Wɔbɛma moate ɛha nsɛm nyinaa.
10 Aristarko+ a ɔyɛ me yɔnko deduani no kyia mo, na Barnaba busuani Marko+ (a wɔhyɛɛ mo sɛ, sɛ ɔba mo nkyɛn a, munnye no+ no) nso kyia mo, 11 ɛne Yesu a wɔfrɛ no Yusto no; wɔn na wofi wɔn a wɔatwa twetia mu. Eyinom nkutoo ne me mfɛfo adwumayɛfo wɔ Onyankopɔn ahenni no fam, na wɔabɛyɛ aboafo a wɔahyɛ me den. 12 Kristo Yesu akoa Epafra+ a ofi mo mu no kyia mo; daa ɔyere ne ho bɔ mpae ma mo, sɛnea ɛbɛyɛ a awiei koraa mubegyina hɔ pintinn,+ na moanya ahotoso kɛse wɔ Onyankopɔn apɛde nyinaa mu. 13 Na midi ne ho adanse sɛ ɔbɔ ne ho mmɔden pii ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea+ ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli no.
14 Luka,+ yɛn dɔfo oduruyɛfo no kyia mo, ɔne Dema.+ 15 Munkyia anuanom a wɔwɔ Laodikea, na munkyia Nimfa ne asafo a ɛwɔ ne fie+ no mma me. 16 Na sɛ mokenkan krataa yi wɔ mo hɔ wie a, monyɛ nhyehyɛe mma wɔnkenkan+ wɔ Laodikeafo asafo no nso mu, na mo nso monkenkan Laodikea de no. 17 Afei nso monka nkyerɛ Arkipo+ sɛ: “Hwɛ ɔsom adwuma a wugyee no Awurade mu no so, na wie.”
18 Me Paulo, me nkyia a mede m’ankasa me nsa akyerɛw ni.+ Monkɔ so nkae mpokyerɛ mu a meda wɔ afiase+ no. Adom nka mo.