Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Leviticus 18:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 “‘Mfa wo ba mmɔ afɔre+ mma Molek.+ Nyɛ saa mfa ngu wo Nyankopɔn din ho fĩ.+ Mene Yehowa.+

  • 2 Ahene 16:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Israel ahene akwan so na ɔfae;+ ɔmaa n’ankasa ba faa ogya mu+ nam so yɛɛ akyide+ a amanaman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim yɛe no bi.

  • 2 Ahene 17:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 wɔmaa wɔn mmabarima ne wɔn mmabea faa ogya mu+ na wɔhyehyɛɛ abosonkɔm+ kɔɔ abisa,+ na wɔtɔn+ wɔn ho yɛɛ Yehowa ani so bɔne de hyɛɛ no abufuw.+

  • 2 Ahene 21:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Ɔmaa ɔno ara ne ba faa ogya mu,+ na odii nkonyaayi+ akyi, ɔkɔɔ abisa, na ɔne akɔmfo+ ne ntafowayifo+ gorui. Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuw.

  • 2 Beresosɛm 28:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Ɔhyew afɔrebɔde+ wɔ Hinom ba bon+ no mu, na ɔhyew ne mma+ ogya mu nam so yɛɛ akyide+ a amanaman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim no yɛe no bi.+

  • 2 Beresosɛm 33:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Ɔno na ɔmaa ne mma faa ogya mu+ wɔ Hinom ba bon+ no mu, na odii nkonyaayi+ akyi; ɔkɔɔ abisa+ yɛɛ asumansɛm,+ na ɔne akɔmfo+ ne ntafowayifo+ gorui. Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuw.+

  • Yeremia 7:31
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 31 Wɔasisi Tofet+ sorɔnsorɔmmea wɔ Hinom ba bon+ no mu, de hyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea ogya mu;+ nanso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa me komam da.’+

  • Yeremia 19:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea sɛ wɔde ogya bɛhyew wɔn mma de abobɔ ɔhyew afɔre ama Baal,+ nanso menhyɛɛ wɔn saa na menkaa hwee nkyerɛɛ wɔn,+ na ɛmmaa me komam da.”’+

  • Yeremia 32:35
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 35 Afei nso wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea+ wɔ Hinom ba bon+ no mu, na wɔama wɔn mma afa ogya+ mu ama Molek,+ nanso menhyɛɛ wɔn saa,+ na ɛmmaa me komam da sɛ mɛma wɔayɛ akyide a ɛte saa,+ na wɔmaa Yuda yɛɛ bɔne.’+

  • Hesekiel 16:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 “‘Wofaa wo mmabarima ne wo mmabea a wowoo wɔn maa me+ no de wɔn bɔɔ afɔre maa wɔn sɛ wonni.+ Adɛn, w’aguamammɔ yi nnɔɔso?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena