7 Enti Ahas tuu abɔfo kɔɔ Asiria hene Tiglat-Pilesa+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Meyɛ w’akoa+ ne wo ba, enti bra begye+ me fi Siria hene nsam ne Israel hene nsam na wɔasɔre aba me so.”
18 Na afei dɛn na wubenya wɔ Egypt+ kwan so a enti worekɔ akɔnom Sihor mu nsu yi?+ Na dɛn na wubenya wɔ Asiria+ kwan so a enti worekɔ akɔnom asubɔnten kɛse no mu nsu yi?
13 “Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru.+ Na Efraim kɔɔ Asiria+ na ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse bi nkyɛn.+ Nanso wantumi ansa mo yare,+ na wannya mo kuru no ano aduru.+