Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Daniel 1:1-12:13
  • Daniel

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daniel
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Daniel

DANIEL

1 Yuda hene Yehoiakim+ ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, Babilon hene Nebukadnesar baa Yerusalem, na ɔbɛkaa Yerusalemfo hyɛɛ kurow no mu.+ 2 Bere bi akyi no, Yehowa de Yuda hene Yehoiakim hyɛɛ ne nsa,+ na ɔde nokware Nyankopɔn no fi* nneɛma no bi nso hyɛɛ ne nsa, na ɔde kɔɔ ne nyame fi* wɔ Sinar* asaase so.+ Ɔde nneɛma no koguu ne nyame adekoradan mu.+

3 Na ɔhene no ka kyerɛɛ n’ahemfi panyin Aspenas sɛ ɔmfa Israelfo* no bi mmra, ahemfo asefo ne adehye nyinaa bi.+ 4 Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ mmabun* a dɛm biara nni wɔn ho, mmabun a wɔn ho yɛ fɛ a wɔwɔ nyansa, nimdeɛ, ne nhumu,+ a wobetumi asom wɔ ahemfi hɔ. Ɔhene kae sɛ ɔnkyerɛ wɔn Kaldeafo nkyerɛwee ne wɔn kasa. 5 Afei nso, ɔhene kae sɛ wɔmma wɔn ɔhene nnuan ne ne nsã a ɔnom no bi da biara. Ɔkae sɛ wɔntete wɔn* mfe abiɛsa, na sɛ mfe abiɛsa no so a, wɔabɛsom ɔhene.

6 Ná wɔn mu bi fi Yuda abusuakuw* no mu. Wɔn ne: Daniel,*+ Hanania,* Misael,* ne Asaria.*+ 7 Na ahemfi panyin no totoo wɔn din;* ɔtoo Daniel din Beltesasar,+ ɔtoo Hanania din Sadrak, ɔtoo Misael din Mesak, na ɔtoo Asaria din Abednego.+

8 Daniel sii pi wɔ ne komam sɛ ɔremfa ɔhene nnuan anaa ne nsã a ɔnom no ngu ne ho fĩ. Enti ɔsrɛɛ ahemfi panyin no sɛ, ɔmpene so mma no na wamfa saa nneɛma no angu ne ho fĩ. 9 Na nokware Nyankopɔn no maa ahemfi panyin no yɛɛ Daniel adom,* na ohuu no mmɔbɔ.+ 10 Nanso ahemfi panyin no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Misuro me wura ɔhene a wakyerɛ aduan ne nsã a wɔmfa mma mo no. Sɛ ohu sɛ moafonfɔn sen mo atipɛnfo mmabun* a aka no a, mɛyɛ dɛn? Mobɛma madi fɔ* wɔ ɔhene anim.” 11 Ɛnna Daniel ka kyerɛɛ ɔpanyin a ahemfi panyin no de no asi Daniel, Hanania, Misael, ne Asaria so no sɛ: 12 “Yɛpa wo kyɛw, sɔ wo nkoa hwɛ nna du, na ma wɔmma yɛn nhabamma* nni na wɔmma yɛn nsu nnom; 13 ɛno akyi no, hwɛ yɛn na hwɛ mmabun* a wodi ɔhene nnuan no, na sɛnea wubehu no no, wo ne wo nkoa nni no saa.”

14 Enti ɔpenee nea wɔkae no so, na ɔsɔɔ wɔn hwɛe nna du. 15 Bere a nna du no soe no, na wɔn ho ayɛ fɛ, na na wɔwɔ ahoɔden* sen mmabun* a na wodi ɔhene nnuan no nyinaa. 16 Enti daa, na ɔpanyin a ɔhwɛ wɔn no yi ɔhene nnuan ne nsã a wɔde ma wɔn no fi hɔ, na na ɔma wɔn nhabamma.* 17 Na nokware Nyankopɔn no maa mmabun* baanan yi nyaa nkyerɛwee* ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne nhumu; na ɔmaa Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu ntease.+

18 Bere a ɔhene kae sɛ wɔmfa wɔn mmra no soe,+ na ahemfi panyin no de wɔn baa Nebukadnesar anim. 19 Bere a ɔhene ne wɔn kasae no, nnipa no nyinaa mu no, wanhu obiara a ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael, ne Asaria;+ na wɔtenaa hɔ som ɔhene no. 20 Asɛm a ehia nyansa ne nhumu biara a ɔhene bisaa wɔn no, ohui sɛ wɔn nyansa ne wɔn nhumu boro akɔmfo ne nkonyaayifo+ a wɔwɔ n’ahenni nyinaa mu no nyinaa de so mpɛn du. 21 Na Daniel tenaa hɔ koduu Ɔhene Kores+ afe a edi kan mu.

2 Nebukadnesar ahenni afe a ɛto so abien mu no, ɔsosoo adae bi, na ne* ho yeraw no paa,+ na na ontumi nna. 2 Enti ɔhene kae sɛ wɔnkɔfrɛ akɔmfo ne nkonyaayifo ne asumanfo ne Kaldeafo* no mmra na wɔmmɛka ɔhene dae no nkyerɛ no. Na wɔbae, na wobegyinagyinaa ɔhene anim.+ 3 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Maso dae bi, na ama me ho yeraw me,* enti mepɛ sɛ mihu dae a mesoe no.” 4 Ɛnna Kaldeafo no ka kyerɛɛ ɔhene wɔ Aram kasa*+ mu sɛ: “O ɔhene, nya nkwa daa. Ka dae no kyerɛ wo nkoa, na yɛbɛkyerɛ ase.”

5 Na ɔhene ka kyerɛɛ Kaldeafo no sɛ: “Asɛm a etwa to a mereka ni: Sɛ moanka ɔdae no ankyerɛ me, na moankyerɛ ase a, wobetwitwa mo mu asinasin, na wɔbɛdan mo afi amansan agyananbea.* 6 Na sɛ moka ɔdae no na mokyerɛ ase a, mɛkyɛ mo ade, mɛbɔ mo aba so, na mama mo nidi kɛse.+ Enti monka ɔdae no nkyerɛ me na monkyerɛ ase.”

7 Ɛnna wɔkae ne mprenu so sɛ: “Ma ɔhene nka ɔdae no nkyerɛ ne nkoa, na yɛbɛkyerɛ ase.”

8 Na ɔhene kae sɛ: “Minim paa sɛ mopɛ sɛ munya bere, efisɛ munim nea maka. 9 Sɛ moanka ɔdae no ankyerɛ me a, ade baako pɛ na ɛda hɔ retwɛn mo nyinaa. Minim sɛ moayɛ adwene sɛ mobɛka atosɛm ne nnaadaasɛm akyerɛ me kosi sɛ mɛsesa m’adwene. Enti monka ɔdae no nkyerɛ me, na minhu sɛ mubetumi akyerɛ ase.”

10 Ɛnna Kaldeafo no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Onipa biara nni asaase* so a obetumi ayɛ nea ɔhene reka yi, efisɛ ɔhenkɛse anaa amrado biara nni hɔ a wabisa biribi a ɛte sɛɛ afi ɔkɔmfo anaa nkonyaayifo anaa Kaldeani biara hɔ da. 11 Asɛm a ɔhene rebisa yi yɛ den, na obiara nni hɔ a obetumi aka asɛm yi akyerɛ ɔhene, gye anyame a wɔnte nnipa mu no.”*

12 Ɛno nti ɔhene bo fuwii paa, na ɔkae sɛ wonkunkum Babilon anyansafo nyinaa.+ 13 Bere a ɔhene hyɛɛ mmara no a na wɔrebekunkum anyansafo no, wɔhwehwɛɛ Daniel ne ne nnamfo no sɛnea ɛbɛyɛ a wobekunkum wɔn nso.

14 Saa bere no, Daniel de nyansa ne ahwɛyiye kasa kyerɛɛ ɔhene awɛmfo so panyin Ariok a na wasi mu sɛ ɔrekokunkum Babilon anyansafo no. 15 Obisaa ɔhene awɛmfo so panyin Ariok sɛ: “Adɛn nti na ɔhene ahyɛ mmara denneennen saa?” Ɛnna Ariok kaa asɛm no kyerɛɛ Daniel.+ 16 Enti Daniel kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no bere na ɔmmɛkyerɛ ase nkyerɛ ɔhene.

17 Ɛno akyi no, Daniel kɔɔ ne fi, na ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ ne nnamfo Hanania, Misael, ne Asaria. 18 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔmmɔ ɔsoro Nyankopɔn no mpae na onhu wɔn mmɔbɔ wɔ ahintasɛm yi ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkum Daniel ne ne nnamfo no nka Babilon anyansafo a aka no ho.

19 Ɛnna Onyankopɔn yii ahintasɛm no adi kyerɛɛ Daniel wɔ anadwo anisoadehu mu.+ Enti Daniel yii ɔsoro Nyankopɔn no ayɛ. 20 Na Daniel kae sɛ:

“Ayeyi nka Onyankopɔn din daa daa,*

Efisɛ ɔno nko ara na nyansa ne tumi yɛ ne dea.+

21 Ɔsesã mmere ne nna,+

Otu ahene na osi ahene,+

Ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wɔwɔ nhumu nimdeɛ.+

22 Oyi nneɛma a emu dɔ ne nea ahintaw adi,+

Onim nea ɛwɔ esum mu,+

Na ɔno na hann ne no te.+

23 O m’agyanom Nyankopɔn, wo na meda wo ase na mekamfo wo,

Efisɛ woama me nyansa ne tumi.

Na afei nea yɛsrɛɛ wo no, woayi no adi akyerɛ me;

Na nea ehia ɔhene no, woama yɛahu.”+

24 Ɛnna Daniel kɔɔ Ariok a ɔhene ayi no sɛ onkunkum Babilon anyansafo no+ nkyɛn. Na ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: “Babilon anyansafo no, nkum obiara. Fa me kɔ ɔhene anim, na menkɔkyerɛ ɔhene dae no ase.”

25 Ɛnna Ariok yɛɛ ntɛm de Daniel kɔɔ ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yudafo a wɔatu wɔn ase aba ha no,+ mahu ɔbarima bi wɔ wɔn mu a obetumi akyerɛ ɔhene dae no ase.” 26 Na ɔhene bisaa Daniel a ne din de Beltesasar+ no sɛ: “Wugye di paa sɛ dae a mesoe no, wubetumi aka akyerɛ me na woakyerɛ ase?”+ 27 Daniel buaa ɔhene sɛ: “Ahintasɛm a ɔhene abisa no, anyansafo, nkonyaayifo, akɔmfo, anaa nsoromma mu ahwɛfo no mu biara rentumi nyi no adi nkyerɛ ɔhene.+ 28 Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi,+ na wama Ɔhene Nebukadnesar ahu nea ɛbɛba wɔ awiei nna no mu. Ɔdae a wosoe no ni, na anisoadehu a wunyae wɔ wo tirim bere a na woda wo mpa so no ni:

29 “O ɔhene, bere a woda wo mpa so no, wudwinnwen nea ɛbɛba daakye ho, na nea oyi ahintasɛm adi no ama woahu nea ebesi. 30 Na me de, ɛnyɛ nyansa a minim sen ateasefo nyinaa nti na wɔayi ahintasɛm yi akyerɛ me; mmom nea ɛbɛyɛ a wo ɔhene, wubehu nkyerɛase no, na woahu wo koma mu nsusuwii ntia.+

31 “O ɔhene, na worehwɛ, ɛnna wuhuu ohoni kɛse bi. Ná ohoni no so, na na ɛhyerɛn paa. Ná egyina w’anim, na na ɛyɛ hu. 32 Ohoni no, ne ti yɛ sika kɔkɔɔ amapa,+ ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ,+ ne yafunu ne n’asrɛ yɛ kɔbere,+ 33 ne nan yɛ dade,+ na ne nan ase fã bi yɛ dade, ɛnna ɔfã bi nso yɛ dɔte.*+ 34 Wohwɛe ara kosii sɛ wɔpaee ɔbo bi a ɛnyɛ obiara nsa na ɛpaee. Ɔbo no bɛbɔɔ ohoni no nan ase a ɛyɛ dade ne dɔte no, na ebubuu no.+ 35 Saa bere no, dade, dɔte, kɔbere, dwetɛ, ne sika kɔkɔɔ no nyinaa bubui, na ɛyɛe sɛ ntɛtɛwa a ɛwɔ awiporowbea wɔ ahohuru bere mu, na mframa sesaw kɔe, na wɔanhu ɛho biribiara bio. Na ɔbo a ɛbɔɔ ohoni no dan bepɔw kɛse, na ɛyɛɛ asaase nyinaa ma.

36 “Ɛno ne dae a wosoe no, na afei yɛrebɛka ne nkyerɛase akyerɛ ɔhene. 37 O ɔhene, woyɛ ahemfo mu hene, na wo na ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni+ ne tumi ne ahoɔden ne anuonyam ama wo, 38 na baabiara a nnipa mma ne wuram mmoa ne wim nnomaa te no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo asi wɔn nyinaa so.+ Wone eti a ɛyɛ sika kɔkɔɔ no.+

39 “Nanso w’akyi no, ahenni foforo bɛba*+ a ennu wo de no; afei ahenni foforo a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ kɔbere nso bɛba,* na ebedi asaase nyinaa so.+

40 “Ahenni a ɛto so anan no de, ɛbɛyɛ den sɛ dade.+ Na sɛnea dade bubu biribi foforo biara na ɛyam no no, saa ara na ebebubu eyinom nyinaa na ayam no. Yiw, ɛbɛyam no sɛnea dade yam ade no.+

41 “Na sɛnea wuhuu ne nan ase ne ne nansoaa no sɛ ɔfã bi yɛ ɔnwemfo dɔte na ɔfã bi nso yɛ dade no, saa ara na ahenni no mu bɛpaapae. Nanso sɛnea wuhui sɛ dade frafra dɔte a ɛyɛ mmerɛw no, ahenni no fã bi bɛyɛ den sɛ dade. 42 Na sɛnea ne nansoaa no fã bi yɛ dade na ne fã bi nso yɛ dɔte no, saa ara na ahenni no fã bi bɛyɛ den na ne fã bi nso ayɛ mmerɛw. 43 Sɛnea wuhui sɛ dade ne dɔte a ɛyɛ mmerɛw adi afra no, ne fã a ɛyɛ den no ne nnipa* bedi afra; nanso ɛremfomfam ho, sɛnea dade ne dɔte ntumi mfra no.

44 “Saa ahemfo no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni bi bɛba.+ Wɔrensɛe saa ahenni no da,+ na ɛrenkodi ɔman foforo biara nsam.+ Ebebubu ahenni ahorow yi nyinaa asɛe no,+ na ɛno nko ara na ebegyina daa.+ 45 Sɛnea wuhui sɛ ɔbo bi a obiara nsa ampae tew fii bepɔw no ho bebubuu dade, kɔbere, dɔte, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ no, saa ara na ɛbɛyɛ.+ Onyankopɔn Kɛse no na wakyerɛ ɔhene nea ɛbɛba daakye.+ Ɔdae no yɛ nokware, na ne nkyerɛase nso renni huammɔ.”

46 Ɛnna Ɔhene Nebukadnesar de n’anim butuw fam wɔ Daniel anim, na ɔde nidi maa no. Na ɔkae sɛ wɔmma no akyɛde na wɔnhyew aduhuam mma no. 47 Na ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Ampa ara, mo Nyankopɔn no yɛ anyame mu Nyame ne ahemfo Wura ne nea oyi ahintasɛm adi, efisɛ woatumi ayi saa ahintasɛm yi adi.”+ 48 Enti ɔhene yɛɛ Daniel onipa kɛse, na ɔkyɛɛ no nneɛma pa pii, na ɔma odii Babilon mantam no nyinaa so,+ na ɔyɛɛ no Babilon anyansafo nyinaa so panyin. 49 Na Daniel srɛɛ ɔhene ma ɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego+ sisii Babilon mantam no so sɛ ahwɛfo, na Daniel de, ɔsomee wɔ ahemfi hɔ.

3 Ɔhene Nebukadnesar yɛɛ sika kɔkɔɔ honi bi a ne tenten yɛ basafa 60,* na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 6.* Ɔde sii Dura asaasetraa no so wɔ Babilon mantam no mu. 2 Ɛnna Ɔhene Nebukadnesar somae sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ ɔhene asoafo ne atitiriw ne amradofo ne afotufo ne afotosanfo ne atemmufo ne asɛnnifo ne amantam no so ahwɛfo nyinaa sɛ wɔmmra guabɔ a Ɔhene Nebukadnesar de rehyira ne honi so no ase.

3 Enti ɔhene asoafo ne atitiriw ne amradofo ne afotufo ne afotosanfo ne atemmufo ne asɛnnifo ne amantam no so ahwɛfo nyinaa behyiae sɛ wɔreba ohoni a Ɔhene Nebukadnesar rebehyira so no ase bi. Na wobegyinagyinaa ohoni a Nebukadnesar de asi hɔ no anim. 4 Na ɛsɛn* no teɛɛm denneennen sɛ: “Nkurɔfo, aman, ne nnipa a moka kasa horow, wɔreka akyerɛ mo sɛ, 5 sɛ mote abɛn, atɛntɛbɛn, sambuka sanku, sankuwa, sanku, atɛntɛbɛn kɛse, ne nnwonto nneɛma a aka no nyinaa nnyigyei a, mummutubutuw fam nsom sika kɔkɔɔ honi a Ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no. 6 Obiara a wammutuw fam ansom no no, ɛhɔ ara, wɔbɛtow no ato fononoo a ogya redɛw brambrambram wɔ mu no mu.”+ 7 Ɛno nti, bere a nkurɔfo no nyinaa tee abɛn, atɛntɛbɛn, sambuka sanku, sankuwa, sanku, ne nnwonto nneɛma a aka no nyinaa nnyigyei no, nkurɔfo, aman, ne nnipa a wɔka kasa horow no nyinaa butubutuw fam, na wɔsom sika kɔkɔɔ honi a Ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no.

8 Saa bere no, Kaldeafo bi bae bɛbɔɔ Yudafo no sobo.* 9 Wɔbɛka kyerɛɛ Ɔhene Nebukadnesar sɛ: “O ɔhene, nya nkwa daa. 10 Ɔhene, wo na wohyɛɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, sambuka sanku, sankuwa, sanku, atɛntɛbɛn, ne nnwonto nneɛma a aka no nyinaa nnyigyei no, ommutuw fam nsom sika kɔkɔɔ honi no; 11 na nea wammutuw fam ansom no no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛw brambrambram wɔ mu no mu.+ 12 Yudafo bi wɔ hɔ a woayi wɔn sɛ wɔnhwɛ Babilon mantam no so. Wɔn ne: Sadrak, Mesak ne Abednego.+ Ɔhene, saa mmarima yi mmu wo. Wɔnsom w’anyame, na sika kɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no nso, wose wɔrensom no.”

13 Ɛnna Nebukadnesar bo fuwii denneennen, na ɔkae sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra. Enti wɔkɔfaa mmarima yi baa ɔhene anim. 14 Na Nebukadnesar bisaa wɔn sɛ: “Sadrak, Mesak, ne Abednego, ɛyɛ ampa sɛ monsom m’anyame,+ na sika kɔkɔɔ honi a mede asi hɔ no nso, muse morensom no? 15 Afei, sɛ moayɛ krado sɛ mote abɛn, odurugya, sambuka sanku, sankuwa, sanku, atɛntɛbɛn, ne nnwonto nneɛma a aka no nyinaa nnyigyei, na mubebutuw fam asom ohoni a mayɛ no a, ɛnde me ne mo nni asɛm. Na sɛ moansom no a, ɛnde ɛhɔ ara, wɔde mo begu fononoo a ogya redɛw brambrambram wɔ mu no mu. Na onyame bɛn na obetumi agye mo afi me nsam?”+

16 Ɛnna Sadrak, Mesak, ne Abednego buaa ɔhene sɛ: “O Nebukadnesar, enhia sɛ yɛma wo mmuae biara wɔ asɛm yi ho. 17 Sɛ ɛba no saa a, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no betumi agye yɛn afi fononoo a ogya redɛw brambrambram wɔ mu no mu, na obetumi agye yɛn afi wo nsam, O ɔhene.+ 18 Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, yɛpɛ sɛ wuhu sɛ, yɛrensom w’anyame no, na sika kɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no nso, yɛrensom no.”+

19 Na Nebukadnesar bo fuw Sadrak, Mesak, ne Abednego denneennen maa n’anim* sesae koraa. Na ɔkae sɛ wɔmma fononoo no mu nyɛ hyew mpɛn ason nkyɛn sɛnea wɔtaa yɛ no no. 20 Na ɔka kyerɛɛ mmarima ahoɔdenfo bi a wɔka n’asraafo no ho sɛ wɔnkyekyere Sadrak, Mesak, ne Abednego, na wɔnkɔtow wɔn ngu fononoo a ogya redɛw brambrambram wɔ mu no mu.

21 Enti wɔkyekyeree mmarima yi bere a na wɔn ntama, wɔn ntaade, wɔn abotiri, ne wɔn ho ntaade foforo da so hyehyɛ wɔn, na wɔtow wɔn guu fononoo a ogya redɛw brambrambram wɔ mu no mu. 22 Esiane sɛ na ɔhene asɛm no mu yɛ den paa, na fononoo no mu ayɛ hyew aboro so nti, mmarima a wɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego kɔe no mmom na ogyaframa no kunkum wɔn. 23 Na mmarima baasa yi, Sadrak, Mesak, ne Abednego de, wɔhwehwee fononoo a ogya redɛw brambrambram wɔ mu no mu bere a na wɔakyekyere wɔn.

24 Ɛnna Ɔhene Nebukadnesar koma tui, na ɔyɛɛ ntɛm sɔree. Na obisaa ɔhene mpanyimfo no sɛ: “Ɛnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyeree wɔn tow wɔn guu ogya no mu?” Wobuaa ɔhene sɛ: “Ɛyɛ ampa, O ɔhene.” 25 Ɛnna ɔkae sɛ: “Hwɛ! Mihu mmarima baanan a wɔnenam ogya no mu. Wɔnkyekyeree wɔn, na wɔn ho ntɔɔ kyima, na nea ɔto so anan no te sɛ anyame no ba bi.”

26 Na Nebukadnesar bɛn fononoo a ogya redɛw brambrambram wɔ mu no ano. Na ɔkae sɛ: “Sadrak, Mesak, ne Abednego, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no+ nkoa, mumpue mmra!” Na Sadrak, Mesak, ne Abednego pue fii ogya no mu bae. 27 Na ɔhene asoafo ne atitiriw ne amradofo ne ɔhene mpanyimfo a ahyia hɔ no+ hui sɛ ogya no anyɛ wɔn nipadua hwee;*+ wɔn ti nwi baako mpo anhyew, wɔn ntama nso, sɛnea na ɛte ara na na ɛte, na na wusiw biara nnyee wɔn ho.*

28 Ɛnna Nebukadnesar kae sɛ: “Ayeyi nka Sadrak, Mesak, ne Abednego Nyankopɔn+ a wasoma ne bɔfo ama wabegye ne nkoa no. Wɔde wɔn ho too no so, na wɔantie ɔhene asɛm. Ná wɔayɛ krado sɛ wobewu* sen sɛ wɔbɛkotow anaa wɔbɛsom onyame bi aka wɔn ankasa Nyankopɔn no ho.+ 29 Ɛno nti, merehyɛ mmara sɛ, nkurɔfo, aman, ne nnipa a wɔka kasa horow nyinaa, obiara a ɔbɛka asɛm bi atia Sadrak, Mesak, ne Abednego Nyankopɔn no, wobetwitwa ne mu asinasin, na wɔadan ne fi amansan agyananbea,* efisɛ onyame biara nni hɔ a obetumi agye onipa sɛ oyi.”+

30 Na ɔhene maa Sadrak, Mesak, ne Abednego dibea kɛse* wɔ Babilon mantam no mu.+

4 “Krataa yi fi me, Ɔhene Nebukadnesar nkyɛn. Mede rekɔma nkurɔfo ne aman ne nnipa a wɔka kasa horow nyinaa wɔ asaase so baabiara: Asomdwoe pii nka mo! 2 Ɛyɛ me anigye sɛ mɛka nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a Ɔsorosoroni Nyankopɔn no ayɛ ama me no ho asɛm akyerɛ mo. 3 Ne nsɛnkyerɛnne yɛ akɛse, na n’anwonwade kyɛn so! N’ahenni yɛ ahenni a etim hɔ daa, na odi tumi wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.+

4 “Me, Nebukadnesar, ná mete me fi dwoodwoo, na na midi yiye wɔ m’ahemfi. 5 Mesoo dae bi a ɛma mebɔɔ hu. Bere a meda me mpa so no, nneɛma a ɛbaa me tirim ne m’anisoadehu ma misuroe.+ 6 Enti mehyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Babilon anyansafo nyinaa mmra m’anim na wɔmmɛkyerɛ me ɔdae no ase.+

7 “Ɛnna akɔmfo, nkonyaayifo, Kaldeafo,* ne nsoromma mu ahwɛfo+ no bae. Bere a mekaa dae no kyerɛɛ wɔn no, wɔantumi ankyerɛ me ase.+ 8 Akyiri yi, Daniel baa m’anim, nea wɔfrɛ no Beltesasar+ sɛnea me nyame no din te,+ a ɔwɔ anyame kronkron no honhom no,+ na mekaa dae no kyerɛɛ no sɛ:

9 “‘Akɔmfo panyin Beltesasar,+ minim paa sɛ anyame kronkron no honhom wɔ wo mu,+ na ahintasɛm biara nni hɔ a ɛboro wo so.+ Enti anisoadehu a minyae wɔ ɔdae mu no, kyerɛ me mu, na ka ne nkyerɛase kyerɛ me.

10 “‘Anisoadehu a minyae wɔ me mpa so no, mihuu dua bi+ a esi asaase mfinimfini, na na ɛware tenteenten.+ 11 Dua no nyinii, na ɛbɛyɛɛ den, na ne nkɔnmu koduu ɔsoro, na na wohu wɔ asaase anoano baabiara. 12 Ná n’ahaban yɛ fɛ, n’aba dɔɔso, na na aduan wɔ so ma obiara. Wuram mmoa kɔdedaa ne nwini mu, na wim nnomaa nso kosisii ne nkorabata so, na na nnipa ne mmoa nyinaa* didi so.

13 “‘Anisoadehu a minyae wɔ me mpa so no, mihuu ɔwɛmfo bi, ɔkronkronni bi, sɛ ofi ɔsoro resian ba.+ 14 Na ɔteɛɛm denneennen sɛ: “Muntwa dua no nto fam,+ muntwitwa ne nkorabata, momporow n’ahaban, na mompansam n’aba! Momma mmoa nguan mfi ase, na nnomaa ntutu mfi ne nkorabata so. 15 Nanso munnyaw ne dunsin ne ne ntini no wɔ asaase mu wɔ wuram wɔ sare so, na momfa dade ne kɔbere nkyekyere. Momma ɔsoro bosu mfɔw no, na ɛne mmoa ntena wuram wɔ asaase so.+ 16 Ma ne koma nsesa na anyɛ onipa de bio, na wɔmma no aboa koma, na mmere ason+ ntwam.+ 17 Awɛmfo na wɔde saa asɛm yi too gua,+ na akronkronfo na wɔhwɛ ma wɔde atemmu yi too gua, na ama ateasefo ahu sɛ Ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi,+ na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na onipa a wɔmfa no nyɛ hwee koraa no na ɔde no si so.”

18 “‘Ɔdae yi na me, Ɔhene Nebukadnesar, mesoe. Na afei wo, Beltesasar, kyerɛ ase, efisɛ m’ahenni mu anyansafo a aka nyinaa antumi ankyerɛ me ase.+ Nanso wo de, wubetumi, efisɛ anyame kronkron no honhom wɔ wo mu.’

19 “Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar+ no ho dwiriw no kakra, na nneɛma a ɔredwen ho wɔ ne tirim no ma ɔbɔɔ hu.

“Ɔhene kae sɛ, ‘Beltesasar, mma ɔdae no ne ne nkyerɛase mmmɔ wo hu.’

“Ɛnna Beltesasar buae sɛ, ‘O me wura, anka ma ɔdae no mfa wɔn a wɔmpɛ w’asɛm no ho, na ne nkyerɛase mfa w’atamfo ho.

20 “‘Dua a wuhui a enyinii, na ɛyɛɛ kɛse, na ɛbɛyɛɛ den, na ne nkɔnmu koduu ɔsoro, na wohui wɔ asaase anoano baabiara,+ 21 a n’ahaban yɛ fɛ, na n’aba dɔɔso, na aduan wɔ so ma obiara, na wuram mmoa deda ase, na wim nnomaa sisi ne nkorabata so no,+ 22 ɔhene, ɛyɛ wo, efisɛ woabɛyɛ ɔhenkɛse, na woayɛ den, na wo kɛseyɛ no akɔ ara akodu ɔsoro,+ na wo tumidi akodu asaase ano akyirikyiri.+

23 “‘Ɔhene huu ɔwɛmfo bi, ɔkronkronni bi,+ sɛ ofi ɔsoro resian ba, na ɔkae sɛ: “Muntwa dua no nto fam na monsɛe no, nanso munnyaw ne dunsin ne ne ntini no wɔ asaase mu wɔ wuram wɔ sare so, na momfa dade ne kɔbere nkyekyere. Na momma ɔsoro bosu mfɔw no, na ɛne mmoa ntena wuram nkosi sɛ mmere ason betwam.”+ 24 Ɔhene, nkyerɛase no ni; ɛyɛ Ɔsorosoroni no atemmu a ɛbɛba me wura ɔhene so. 25 Wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa bɛtena, na wobɛwe wura sɛ nantwi; na ɔsoro bosu bɛfɔw wo,+ na mmere ason+ betwam,+ akosi sɛ wubehu sɛ Ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.+

26 “‘Nanso esiane sɛ wɔkae sɛ wonnyaw dua no dunsin ne ne ntini nti,+ sɛ wunya hu sɛ ɔsoro na edi tumi a, w’ahenni no bɛsan abedi wo nsam bio. 27 Enti ɔhene, mepa wo kyɛw, tie m’afotu yi. Yɛ adetrenee na fa twe wo ho fi wo bɔne ho, na hu ahiafo mmɔbɔ fa popa w’amumɔyɛ. Ebia ɛbɛma woadi yiye anya asomdwoe akyɛ.’”+

28 Eyinom nyinaa baa Ɔhene Nebukadnesar so.

29 Abosome 12 akyi no, ɛbae sɛ na ɔnenam Babilon ahemfi no atifi. 30 Na ɔhene kae sɛ: “Babilon Kɛse a mede me ara m’ahoɔden ne me tumi akyekye de ayɛ ahenkurow sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu m’anuonyam ne me tumi no, ɛnyɛ ɛno ni?”

31 Bere a ɔhene gu so rekasa no, ɛnne bi fi soro bae sɛ: “Ɔhene Nebukadnesar, wɔreka akyerɛ wo sɛ, ‘Ahenni no afi wo nsa.+ 32 Wɔrepam wo afi nnipa mu. Wo ne wuram mmoa bɛtena, na wobɛwe wura sɛ nantwi, na mmere ason betwam, akosi sɛ wubehu sɛ Ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.’”+

33 Saa bere no ara, asɛm no baa mu wɔ Nebukadnesar so. Na wɔpam no fii nnipa mu, na ofii ase wee wura sɛ nantwi, na ɔsoro bosu fɔw ne honam kosii sɛ ne nwi fuwii sɛ ɔkɔre ntakra, na ne mmɔwerɛw yɛe sɛ nnomaa de.+

34 “Saa bere no baa awiei no,+ me, Nebukadnesar, mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san yɛɛ adwuma; na miyii Ɔsorosoroni no ayɛ, na mekamfoo Nea ɔte ase daa no hyɛɛ no anuonyam, efisɛ ne tumi yɛ tumi a ɛwɔ hɔ daa, na n’ahenni wɔ hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.+ 35 Asaase sofo nyinaa nsɛ hwee mma no, na ɔyɛ nea ɔpɛ wɔ ɔsoro asafo ne asaase sofo mu. Obiara nni hɔ a obetumi asiw no kwan*+ anaa obetumi aka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛdɛn na woayɛ yi?’+

36 “Saa bere no, m’adwene san yɛɛ adwuma bio, na m’ahenni anuonyam, me tumi, ne me hyerɛn san bedii me nsam bio.+ Me mpanyimfo ne m’abirɛmpɔn hwehwɛɛ me denneennen, na wɔde me sii m’ahenni so bio, na minyaa tumi a ɛsen kan de no kaa ho.

37 “Enti me, Nebukadnesar, miyi ɔsoro Hene no ayɛ,+ na mema no so hyɛ no anuonyam, efisɛ ne nnwuma nyinaa yɛ nokware, na n’akwan teɛ,+ na wɔn a wɔma wɔn ho so no, otumi brɛ wɔn ase.”+

5 Ɔhene Belsasar+ tow pon kɛse bi maa n’abirɛmpɔn 1,000, na ɔnom nsã wɔ wɔn anim.+ 2 Bere a nsã no bow Belsasar no, ɔkae sɛ wɔmfa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a ne papa* Nebukadnesar kɔfa fii Yerusalem asɔrefi hɔ bae no mmra,+ na ɔhene ne n’abirɛmpɔn, ne ne mpenafo,* ne ne yerenom nkumaa no nnom mu. 3 Ɛnna wɔde nneɛma a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ a wɔkɔfa fii Onyankopɔn asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem no bae, na ɔhene ne n’abirɛmpɔn, ne ne mpenafo, ne ne yerenom nkumaa no nom mu. 4 Wɔnom nsã, na wɔkamfoo anyame a wɔde sika kɔkɔɔ, ne dwetɛ, ne kɔbere, ne dade, ne dua, ne abo ayɛ no.

5 Prɛko pɛ na onipa nsateaa bi bae, na efii ase kyerɛw ahemfi no fasu ho, baabi a ɛne kaneadua no di nhwɛanim no. Bere a nsa no rekyerɛw no, na ɔhene hu nsa no akyi. 6 Ɛnna ɔhene yɛɛ hoyaa,* na nneɛma a ɔredwen ho wɔ ne tirim no ma ɔbɔɔ hu, na n’asen mu hodwowee,+ na ne nkotodwe keka boom.

7 Ɔhene teɛɛm denneennen sɛ wɔnkɔfa nkonyaayifo, Kaldeafo,* ne nsoromma mu ahwɛfo no mmra.+ Na ɔhene ka kyerɛɛ Babilon anyansafo no sɛ: “Obiara a ɔbɛkan nkyerɛwee yi na wakyerɛ me ase no, wɔde ntama afasebiri befura no, na wɔde sika kɔkɔɔ kɔnmuade begu ne kɔn mu,+ na ɔbɛyɛ nea ɔto so abiɛsa a obedi tumi wɔ ahenni yi mu.”+

8 Ɛnna ɔhene anyansafo no nyinaa bae, nanso wɔantumi ankan nkyerɛwee no, na wɔantumi ankyerɛ ase ankyerɛ ɔhene.+ 9 Enti Ɔhene Belsasar bɔɔ hu paa, na n’anim yɛɛ hoyaa; na n’abirɛmpɔn no ho yeraw wɔn.+

10 Ɔhene ne n’abirɛmpɔn nsɛm no nti, ɔhemmaa no baa apontow dan no mu. Na ɔhemmaa no kae sɛ: “O ɔhene, nya nkwa daa! Mma nneɛma a woredwen ho wɔ wo tirim no mmmɔ wo hu, na mma w’anim nnyɛ hoyaa. 11 Ɔbarima* bi wɔ w’ahenni mu a ɔwɔ anyame kronkron no honhom. Wo papa bere so no, wohui sɛ ɔwɔ nimdeɛ ne nhumu ne nyansa a ɛte sɛ anyame nyansa.+ Wo papa, Ɔhene Nebukadnesar, de no sii akɔmfo, nkonyaayifo, Kaldeafo,* ne nsoromma mu ahwɛfo no so panyin.+ Ɔhene, wo papa na ɔyɛɛ no saa. 12 Daniel a ɔhene too no din Beltesasar no,+ na onim ade paa, na na ɔwɔ nimdeɛ ne nhumu a wɔde kyerɛ dae ne akasabebu* ase, nimdeɛ ne nhumu a wɔde kyerɛkyerɛ nsɛm a emu yɛ den mu.*+ Enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel mmra, na ɔbɛkyerɛ ase akyerɛ wo.”

13 Ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Na ɔhene bisaa Daniel sɛ: “Wone Daniel anaa? Woka nkurɔfo a me papa ɔhene atu wɔn ase afi Yuda de wɔn aba ha no ho?+ 14 Mate wo nka sɛ wowɔ anyame no honhom,+ na wɔahu sɛ wowɔ nimdeɛ ne nhumu, na wowɔ nyansa a ɛkyɛn so.+ 15 Wɔde anyansafo ne nkonyaayifo no baa m’anim sɛ wɔmmɛkenkan nkyerɛwee yi na wɔnkyerɛ me ase, nanso wɔantumi ankyerɛ asɛm no ase.+ 16 Nanso mate wo nka sɛ wutumi kyerɛ nsɛm ase,+ na wutumi kyerɛkyerɛ nsɛm a emu yɛ den mu.* Enti sɛ wutumi kenkan nkyerɛwee yi na wokyerɛ me ase a, wɔde ntama afasebiri befura wo, na wɔde sika kɔkɔɔ kɔnmuade begu wo kɔn mu, na wobɛyɛ nea ɔto so abiɛsa a obedi tumi wɔ ahenni yi mu.”+

17 Ɛnna Daniel ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma w’akyɛde no nwɔ hɔ, na fa w’akyɛde no ma nnipa foforo. Nanso, mɛkenkan nkyerɛwee no akyerɛ ɔhene, na mama woahu ne nkyerɛase. 18 Ɔhene, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no de ahenni ne kɛseyɛ ne nidi ne tumi maa wo papa Nebukadnesar.+ 19 Kɛseyɛ a Ɔde maa no nti, nkurɔfo, aman, ne nnipa a wɔka kasa horow nyinaa ho popoe wɔ n’anim na wosuroo no.+ Obiara a ɔpɛ no, okum no, na obiara a ɔpɛ no, ɔma ɔtenaa ase; obiara a ɔpɛ no, ɔmaa no so, na obiara a ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase.+ 20 Nanso bere a ne koma maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ma ɔyɛɛ ahantan no,+ wotuu no fii n’ahengua so, na wogyee n’anuonyam fii ne nsam. 21 Wɔpam no fii nnipa mu, na wɔmaa ne koma yɛɛ sɛ aboa de, na wuram mfurum na ɔne wɔn tenae. Ɔwee wura sɛ nantwi, na ɔsoro bosu fɔw ne honam, kosii sɛ ohui sɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.+

22 “Na wo, ne ba* Belsasar, wunim eyinom nyinaa, nanso woammrɛ wo koma ase. 23 Mmom, Ɔsoro Wura no na woama wo ho so atia no,+ na woama wɔde ne fi nneɛma abrɛ wo.+ Na wo ne w’abirɛmpɔn, ne wo mpenafo, ne wo yerenom nkumaa anom mu nsã, na woakamfo anyame a wɔde dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, kɔbere, dade, dua, ne abo ayɛ no, anyame a wonhu ade na wɔnte asɛm na wonnim hwee no.+ Na Onyankopɔn a wo home+ ne w’akwan nyinaa wɔ ne nsam no de, woanhyɛ no anuonyam. 24 Enti ɔno na ɔsomaa nsa yi ma ɛbɛkyerɛw nkyerɛwee yi.+ 25 Na nsɛm a ɛkyerɛwee no ni: MENE, MENE, TEKEL, ne PARSIN.

26 “Nsɛm no nkyerɛase ni: MENE, Onyankopɔn akan nna a w’ahenni bedi, na ɔde aba awiei.+

27 “TEKEL, wɔakari wo wɔ nsenia* mu, na wɔahu sɛ wunnu baabiara.

28 “PERES, wɔakyɛ w’ahenni mu de ama Mediafo ne Persiafo.”+

29 Ɛnna Belsasar kae ma wɔde ntama afasebiri furaa Daniel, na wɔde sika kɔkɔɔ kɔnmuade guu ne kɔn mu; na wɔbɔɔ dawuru sɛ ɔno na ɔbɛyɛ nea ɔto so abiɛsa a obedi tumi wɔ ahenni no mu.+

30 Saa anadwo no ara, wokum Kaldeafo hene Belsasar.+ 31 Na wɔde ahenni no maa Mediani Dario.+ Saa bere no, na wadi bɛyɛ mfe 62.

6 Dario hui sɛ eye sɛ oyi ɔhene asoafo 120 na ɔde wɔn sisi ahenni no nyinaa so.+ 2 Ɔde ahemfi mpanyimfo baasa sisii wɔn so, na na Daniel yɛ baasa no mu baako.+ Baasa no na na ɔhene asoafo no+ bu akontaa kyerɛ wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhene renhwere ade. 3 Ná Daniel da nsow wɔ ahemfi mpanyimfo ne ɔhene asoafo no mu, efisɛ na onim nyansa paa,+ na na ɔhene ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛma no dibea kɛse paa wɔ ahenni no nyinaa mu.

4 Saa bere no, na ahemfi mpanyimfo ne ɔhene asoafo no rehwehwɛ sɛ wobenya Daniel ho asɛm wɔ adwuma a ɔhene de ama no no* ho, nanso wɔannya bi, na wɔanhu ne ho bɔne biara nso, efisɛ na odi nokware, ɔmfa n’adwuma nni agoru, na na bɔne biara nni ne ho. 5 Enti mmarima no kae sɛ: “Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara; yebenya no a, gye sɛ ne Nyankopɔn mmara ho.”+

6 Ɛnna ahemfi mpanyimfo ne ɔhene asoafo yi kaa wɔn ho boom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔhene Dario, nya nkwa daa. 7 Ahemfi mpanyimfo, atitiriw, ɔhene asoafo, ɔhene agyinatufo, ne amradofo nyinaa ayɛ adwene sɛ wɔde ahyɛde ne mmara bi bɛba wɔ ɔhene din mu, na wɔahwɛ ama mmara no ayɛ adwuma. Ɛne sɛ, nnafua 30 de, ɛnsɛ sɛ obiara bisa biribi fi onyame anaa onipa biara hɔ, ka wo, ɔhene ho. Obiara a wantie no, wɔbɛtow no akyene agyata amoa mu.+ 8 Enti ɔhene, hyɛ mmara no, na fa wo nsa hyɛ ase,+ sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rentumi nsesa no, sɛnea Media ne Persia mmara a wɔnsesa no no te.”+

9 Enti Ɔhene Dario de ne nsa hyɛɛ ahyɛde ne mmara no ase.

10 Bere a Daniel tee sɛ ɔhene de ne nsa ahyɛ mmara no ase pɛ, ɔkɔɔ ne fi. Ná n’abansoro dan mu mfɛnsere a ɛkyerɛ Yerusalem no abuebue.+ Na da biara, na obu nkotodwe mprɛnsa bɔ mpae, na na oyi ne Nyankopɔn ayɛ sɛnea na ɔtaa yɛ no. 11 Ɛnna saa mmarima no bɔ wuraa Daniel fi, na wohui sɛ ɔde n’abisade reto ne Nyankopɔn anim, na ɔresrɛ no sɛ ɔnyɛ no adom.

12 Enti wɔkɔɔ ɔhene nkyɛn, na wɔkɔkaee no mmara a wahyɛ no. Wɔkae sɛ: “Ɔhene, ɛnyɛ wo na wode wo nsa hyɛɛ mmara ase sɛ obiara a obebisa onyame anaa onipa biara hɔ biribi aka wo ho nnafua 30 mu no, wɔbɛtow no akyene agyata amoa mu?” Ɔhene buae sɛ: “Asɛm no atim sɛnea Media ne Persia mmara a wɔnsesa no no te.”+ 13 Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Daniel a ɔka Yudafo a wɔatu wɔn ase aba ha ho no,+ ɔhene, ommu wo, na mmara a wode wo nsa ahyɛ ase no nso, ɔmfa nyɛ hwee, na da biara, ɔbɔ mpae mprɛnsa.”+ 14 Bere a ɔhene tee asɛm no, ɛyɛɛ no yaw paa, na odwen ho ara hwɛe sɛ obenya ɔkwan bi afa so agye Daniel anaa. Ɔyɛɛ biara sɛ obegye no; ɔyɛe ara kosii sɛ owia tɔe. 15 Ɛnna mmarima no kaa wɔn ho boom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔhene, kae sɛ, Mediafo ne Persiafo mmara kyerɛ sɛ, ahyɛde ne mmara biara a ɔhene ahyɛ no, wontumi nsesa no.”+

16 Enti ɔhene kae sɛ wɔnkɔfa Daniel mmra, na wɔkɔfaa no bae bɛtow no kyenee agyata amoa mu.+ Na ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Wo Nyankopɔn a wosom no daa no begye wo.” 17 Na wɔde ɔbo bi bae bɛtoo amoa no ano, na ɔhene de ne kawa, ne n’abirɛmpɔn nkawa yɛɛ ahyɛnsode wɔ ɔbo no so, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensesa Daniel ho asɛm biara.

18 Na ɔhene kɔɔ n’ahemfi. Ɔkyen kɔm anadwo no, na wamfa biribiara annyigye n’ani,* na wantumi anna.* 19 Ɛnna ɔhene sɔree ahemanakye, na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amoa no ano. 20 Bere a ɔbɛn amoa no ano no, ɔde awerɛhow nne teɛɛm frɛɛ Daniel. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: “Daniel, Onyankopɔn teasefo no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa no atumi agye wo afi agyata no nsam anaa?” 21 Ntɛm ara na Daniel ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa. 22 Me Nyankopɔn asoma ne bɔfo ama wabemuamua agyata no ano,+ na wɔanyɛ me hwee,+ efisɛ wahu sɛ midi bem wɔ n’anim; na wo, ɔhene nso, menyɛɛ wo bɔne biara.”

23 Na ɔhene ani gyei paa, na ɔkae sɛ wonyi Daniel mfi amoa no mu. Bere a woyii Daniel fii amoa no mu bae no, wohui sɛ biribiara nyɛɛ no, efisɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.+

24 Na ɔhene ma wɔkɔfaa mmarima a wɔbɔɔ Daniel sobo* no bae, na wɔtow wɔn guu agyata amoa no mu, wɔne wɔn mma ne wɔn yerenom nyinaa. Wɔannu amoa no ase mpo na agyata no bu faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.+

25 Ɛnna Ɔhene Dario kyerɛw kɔmaa nkurɔfo, aman, ne wɔn a wɔka kasa horow a wɔtete asaase nyinaa so+ no nyinaa sɛ: “Asomdwoe pii nka mo! 26 Merehyɛ mmara sɛ, ahenni a midi so tumi nyinaa mu no, obiara ho mpopo na onsuro Daniel Nyankopɔn no.+ Efisɛ ɔno ne Onyankopɔn teasefo no, na ɔte hɔ daa. N’ahenni rensɛe da, na ne tumi* wɔ hɔ daa.+ 27 Ɔno na oyi+ ne nkurɔfo na ogye wɔn. Ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade wɔ ɔsoro ne asaase so,+ efisɛ wagye Daniel afi agyata nsam.”

28 Na esii Daniel yi yiye wɔ Dario ahenni mu+ ne Persiani Kores ahenni mu.+

7 Babilon hene Belsasar afe a edi kan mu no,+ Daniel soo dae, na onyaa anisoadehu wɔ ne mpa so.+ Ɔkyerɛw ɔdae no too hɔ,+ na ɔkyerɛw nea ohui no nyinaa nso too hɔ. 2 Daniel kae sɛ:

“Anisoadehu a minyae anadwo no, hwɛ! mihui sɛ ɔsoro mframa anan no rewosow ɛpo kɛse no.+ 3 Na mmoa akɛse anan+ pue fii ɛpo no mu bae, na na ɛsono sɛnea wɔn mu biara te.

4 “Nea odi kan no te sɛ gyata,+ na na ɔwɔ ɔkɔre ntaban.+ Mehwɛe ara kosii sɛ wotutuu ne ntaban no. Afei wɔmaa no so fii fam, na wɔma ogyinaa ne nan abien so te sɛ onipa, na wɔmaa no onipa koma.

5 “Na hwɛ! aboa foforo ni, nea ɔto so abien. Ɔte sɛ osisi.+ Ná wama ne nan baako so, na na nnompe* abiɛsa hyɛ ne se ntam wɔ n’anom. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɔre, we nam bebree.’+

6 “Eyi akyi no, mekɔɔ so hwɛe, na hwɛ! aboa foforo ni. Ɔte sɛ ɔsebɔ,+ nanso na ɔwɔ ntaban anan wɔ n’akyi te sɛ anomaa ntaban. Aboa no ti yɛ anan,+ na wɔmaa no tumi sɛ onni ade.

7 “Eyi akyi no, mekɔɔ so hwɛɛ anadwo anisoadehu no, na mihuu aboa a ɔto so anan. Ne ho yɛ hu, na wuhu no a, wobɛbɔ birim. Ne ho yɛ den boro so, na ɔwɔ dade se akɛse. Ɔmemene nneɛma, na obubu nneɛma, na nea aka no, ɔde ne nan tiatia so.+ Ná ɔyɛ soronko wɔ mmoa a wodii n’anim no nyinaa ho, na na ɔwɔ mmɛn du. 8 Bere a meredwinnwen mmɛn no ho no, hwɛ! abɛn ketewa foforo bi+ puei wɔ mmɛn a na ɛwɔ hɔ no ntam, na wotutuu mmɛn a na ɛwɔ hɔ dedaw no mu abiɛsa wɔ foforo no anim. Na hwɛ! ná ani a ɛte sɛ onipa ani wowɔ abɛn foforo no ho, na na ɛwɔ ano a ɛkasa ahantan* so.+

9 “Mekɔɔ so hwɛe kosii sɛ wɔde nhengua sisii hɔ. Na Nea Ne Nna Akyɛ+ no bɛtenaa ase.+ Ná ne ntaade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne ti nwi te sɛ oguan nwi fitafita. N’ahengua yɛ ogyaframa; na ahengua no ntwahonan yɛ ogya a ɛredɛw brambrambram.+ 10 Ná ogya a ɛte sɛ asubɔnten retene fi n’anim ba.+ Ná mpempem som no, na na mpem du ahorow mpem du gyinagyina n’anim.+ Na Baguafo*+ tenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wobuebuee nhoma mu.

11 “Saa bere no, ahantansɛm* a abɛn no rekeka no nnyigyei nti,+ mekɔɔ so ara hwɛe. Mehwɛe ara kosii sɛ wokum aboa no. Wɔsɛee ne funu no, na wɔde mae sɛ wɔnhyew wɔ ogya no mu. 12 Na mmoa a aka no nso,+ tumi a wodi no, wogye fii wɔn nsam, na wɔde bere ne nna kaa wɔn nkwa nna ho.

13 “Mekɔɔ so hwɛɛ anadwo anisoadehu no, na hwɛ! mihui sɛ obi a ɔte sɛ onipa ba+ nam ɔsoro mununkum mu reba. Na wɔmaa no kwan kɔɔ Nea Ne Nna Akyɛ no nkyɛn,+ na wɔde no kɔɔ N’anim pɛɛ. 14 Na wɔde tumi+ ne nidi+ ne ahenni maa no sɛ nkurɔfo, aman, ne nnipa a wɔka kasa horow nyinaa nsom no.+ Ne tumi yɛ tumi a etim hɔ daa; ɛrentwam da. Na n’ahenni nso, wɔrensɛe no da.+

15 “Na me, Daniel de, me honhom botowee wɔ me mu, efisɛ anisoadehu no ma misuroe.+ 16 Mitwiw bɛn wɔn a wogyinagyina hɔ no baako, na meka kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ me nea mihui no ase yiye. Enti ɔmaa me mmuae, na ɔma mihuu nea saa nneɛma yi kyerɛ.

17 “‘Mmoa akɛse anan yi+ yɛ ahemfo baanan a wɔbɛba asaase so.+ 18 Nanso Opumpuni no+ akronkronfo benya ahenni no,+ na ahenni no bɛyɛ wɔn dea+ daa, yiw, daa daa.’

19 “Ná mepɛ sɛ mihu aboa a ɔto so anan no ho nsɛm pii, aboa a na ɔyɛ soronko wɔ wɔn a aka nyinaa ho no. Ná ne ho yɛ hu boro so; ne se yɛ dade, na ne mmɔwerɛw yɛ kɔbere. Ná ɔmemene nneɛma, na obubu nneɛma, na nea ɛbɛka no, ɔde ne nan tiatia so.+ 20 Ná mepɛ sɛ mihu mmɛn du+ a ɛwɔ ne ti so no ho nsɛm pii. Na abɛn foforo a epuei a abiɛsa tutui wɔ n’anim,+ abɛn a ɛwɔ ani ne ano a ɛkasa ahantan* so a wohwɛ a, ɛsõ sen mmɛn a aka no, ná mepɛ sɛ mihu ho nsɛm pii.

21 “Mekɔɔ so hwɛe, na mihui sɛ saa abɛn no atow ahyɛ akronkronfo no so, na etumii wɔn,+ 22 kosii sɛ Nea Ne Nna Akyɛ no+ bae. Na wobuu atɛn maa Opumpuni no akronkronfo no,+ na bere dui sɛ ahenni no bɛyɛ akronkronfo no dea.+

23 “Nea ɔkyerɛɛ anisoadehu no mu kyerɛɛ me no, nea ɔkae ni: ‘Aboa a ɔto so anan no yɛ ahenni a ɛto so anan a ɛbɛba asaase so. Ɛbɛyɛ soronko wɔ ahenni a aka nyinaa ho, na ɛbɛmene asaase nyinaa na ɛde ne nan atiatia so abubu no.+ 24 Na mmɛn du no yɛ ahemfo du a wobefi saa ahenni no ara mu aba; wɔn akyi no, ɔfoforo bi nso bɛba, na ɔbɛyɛ soronko wɔ wɔn a wodii kan no ho, na ɔbɛbrɛ ahemfo baasa ase.+ 25 Na ɔbɛkeka nsɛm atia Ɔsorosoroni no,+ na ɔbɛkɔ so ahaw Opumpuni no akronkronfo. Ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛsesa mmere ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛbere, ne mmere, ne bere fã.*+ 26 Nanso Baguafo* tenaa ase buu atɛn, na wogyee ne tumi fii ne nsam, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe no ayɛ no pasaa.+

27 “‘Na ahenni ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ ahenni nyinaa mu wɔ ɔsoro nyinaa ase no, wɔde maa Opumpuni no akronkronfo no.+ Wɔn ahenni yɛ ahenni a etim hɔ daa,+ na tumidi nyinaa bɛsom wɔn atie wɔn.’

28 “Ɛha na asɛm no si. Na me Daniel de, nneɛma a meredwen ho wɔ me tirim no bɔɔ me hu paa, na meyɛɛ hoyaa;* nanso asɛm no de, mede siee me koma mu.”

8 Ɔhene Belsasar ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no,+ me Daniel, mesan nyaa anisoadehu foforo.+ 2 Bere a minyaa saa anisoadehu no, mihui sɛ mewɔ Susan*+ abankɛse* mu wɔ Elam mantam mu.+ Anisoadehu no mu no, na mewɔ Asubɔnten Ulai no ho. 3 Memaa m’ani so hwɛe, na mihui sɛ odwennini bi+ gyina asubɔnten no ano, na na ɔwɔ mmɛn abien.+ Ná mmɛn abien no woware, nanso na baako ware sen baako; nea ɛware paa no na ɛbae akyiri yi.+ 4 Mihuu odwennini no sɛ ɔrehuruhuruw kɔ atɔe ne atifi ne anaafo, na aboa biara antumi annyina n’anim. Obiara nni hɔ a na obetumi agye obi afi ne nsam.+ Ɔyɛɛ nea ɔpɛ, na ɔmaa ne ho so.

5 Bere a migu so rehwɛ no, menkɔhwɛ a, ɔpapo bi+ na ofi atɔe fam* reba yi! Ɔkɔɔ asaase so baabiara, na na ne nan nka fam. Ná ɔpapo no wɔ abɛn kɛse bi tua n’ani ntam.+ 6 Ná ɔreba odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no so, odwennini a mihui sɛ ogyina asubɔnten no ano no. Ɔde abufuw kɛse tuu mmirika kɔɔ odwennini no so.

7 Mihui sɛ ɔrebɛn odwennini no, na n’ani beree no so. Ɔpem odwennini no, na obubuu ne mmɛn abien no, na odwennini no annya ahoɔden a ɔde begyina n’anim. Ɔtow odwennini no kyenee fam tiatiaa no so, na na obiara nni hɔ a obegye no afi ne nsam.

8 Ɔpapo no maa ne ho so boroo so. Nanso bere a ɔyɛɛ den ara pɛ na abɛn kɛse no bui. Na mmɛn anan a ɛsoso fifi sii ɛno anan, na na mmɛn no ani kyerɛ atifi, anaafo, apuei, ne atɔe.*+

9 Na abɛn foforo fii mmɛn anan no baako mu bae. Ná ɛyɛ ketewa, na ɛyɛɛ kɛse paa, na ɛde n’ani kyerɛɛ anaafo ne apuei* ne Asaase Fɛfɛɛfɛ no.*+ 10 Ɛyɛɛ kɛse ara koduu ɔsoro asafo no nkyɛn, na ɛmaa asafo no bi ne nsoromma no bi tetew beguu fam, na etiatiaa wɔn so. 11 Na ɛmaa ne ho so tiaa asafo no Safohene no, na woyii ade a wɔyɛ no daa* no fii Safohene no anim, na wɔtow ne tenabea kronkron a etim hɔ no kyenee fam.+ 12 Na mmarato nti, wɔde asafo no ne ade a wɔyɛ no daa* no hyɛɛ ne nsa, na ɛtow nokware kyenee fam; ɛkekaa ne ho, na esii no yiye.

13 Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforo bisaa ɔbaako a ɔrekasa no sɛ: “Ade a wɔyɛ no daa,* ne mmarato a ɛde amamfoyɛ ba,+ ne kronkronbea ne ɔsoro asafo* a wobegyaw ama wɔatiatia so no ho anisoadehu no bɛkɔ so akosi da bɛn?” 14 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛbɛkɔ so akosi sɛ anadwo ne anɔpa 2,300 betwam. Na sɛnea ɛte biara, wɔbɛma kronkronbea no asi ne dedaw mu bio.”

15 Bere a me, Daniel, migu so rehwɛ anisoadehu no a mepɛ sɛ mete ase no, prɛko pɛ na mihui sɛ obi abegyina m’anim. Wohwɛ no a, ɔte sɛ ɔbarima. 16 Ɛnna metee onipa bi nne fii Asubɔnten Ulai no mu,+ na ɔteɛɛm sɛ: “Gabriel,+ ma oyi nte nea wahu no ase.”+ 17 Enti ɔbaa baabi a na migyina no. Bere a ɔbae no, mebɔɔ hu paa, enti mede m’anim butuw fam. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “O, onipa ba, te ase sɛ anisoadehu no fa awiei bere no ho.”+ 18 Bere a ɔne me rekasa no, medae hatee, na na m’anim butuw fam. Enti osoo me mu, na ɔsan de me gyinaa baabi a na migyina no.+ 19 Na ɔkae sɛ: “Hwɛ, merema woahu nea ɛbɛba wɔ abufuw bere no awiei, efisɛ ɛfa awiei bere a wɔahyɛ no ho.+

20 “Odwennini a wuhuu no a ɔwɔ mmɛn abien no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo.+ 21 Ɔpapo a ne ho nwi bebree no nso gyina hɔ ma Greece hene.+ Na abɛn kɛse a ɛwɔ n’ani ntam no gyina hɔ ma ɔhene a odi kan no.+ 22 Na abɛn a ebui a mmɛn anan fifi sii ananmu no nso,+ nea ɛkyerɛ ne sɛ, ahenni anan befi ne man no mu aba, nanso wɔn ahoɔden rennu ne de no.

23 “Na wɔn ahenni no awiei, bere a mmaratofo nneyɛe adu ne mpɔmpɔnso no, ɔhene bi a ne ho yɛ hu a ɔte ahintasɛm ase* bɛba. 24 Ne tumi bɛyɛ kɛse, nanso ɛnyɛ n’ankasa ahoɔden na ɛbɛma aba saa. Ɔbɛsɛe ade aboro so, na nea ɔbɛyɛ nyinaa bɛyɛ yiye. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfo ne akronkronfo no nso.+ 25 N’anitew nti, ɔbɛfa nnaadaa so adi nkonim. Ɔbɛma ne ho so wɔ ne koma mu; na ɔbɛsɛe nnipa bebree wɔ asomdwoe bere mu.* Ɔbɛsɔre atia ahemfo mu Hene no mpo. Na wɔbɛsɛe no, nanso ɛnyɛ onipa nsa na ɛbɛyɛ.

26 “Anadwo ne anɔpa ho asɛm a wɔkae wɔ anisoadehu no mu no yɛ nokware. Nanso wo de, mmɔ anisoadehu no so nkyerɛ obiara, efisɛ ɛyɛ daakye asɛm.”+

27 Me, Daniel, meyɛɛ mmerɛw, na meyaree nna pii.+ Afei mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma no.+ Nanso nea mihui no nti, meyɛɛ titirii, na obiara ante nea mihui no ase.+

9 Mediani Ahasweros ba Dario a wɔde no sii Kaldeafo ahenni so hene no, n’afe a edi kan+ 2 a obedii hene mu no, me Daniel, mehwehwɛɛ nhoma ahorow* no mu, na mihuu mfe dodow a Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn no kyerɛe sɛ Yerusalem bɛsɛe+ a obiara rentena hɔ no; ɛyɛ mfe 70.+ 3 Enti medan m’ani hwɛɛ Yehowa, nokware Nyankopɔn no, na mebɔɔ mpae de m’adesrɛ too n’anim. Na meyɛɛ akɔnkyen*+ furaa awerɛhow ntama,* na metenaa nsõ mu. 4 Na mebɔɔ Yehowa me Nyankopɔn no mpae, na mekaa yɛn bɔne. Mekae sɛ:

“O Yehowa, nokware Nyankopɔn, wo a woyɛ kɛse na wo ho yɛ hu, wo a wudi w’apam so na woda ɔdɔ a enni huammɔ adi+ kyerɛ wɔn a wɔdɔ wo na wodi wo mmara nsɛm so,+ 5 yɛayɛ bɔne na yɛadi mfomso; yɛayɛ bɔne kɛse, na yɛatew atua.+ Yɛaman afi wo mmara nsɛm ne w’ahyɛde ho. 6 Yɛantie wo nkoa adiyifo+ a wɔkasae wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo, yɛn mpanyimfo ne yɛn agyanom ne asaase no so nnipa nyinaa no. 7 O Yehowa, wo de, woyɛ ɔtreneeni, na yɛn de, animguase mu na yɛwɔ sɛnea ato yɛn nnɛ yi. Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo nyinaa anim agu ase, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri nyinaa, wɔn a wɔanni wo nokware nti woabɔ wɔn ahwete nsaase nyinaa so no.+

8 “O Yehowa, yɛne yɛn ahemfo, yɛn mpanyimfo ne yɛn agyanom nyinaa, animguase mu na yɛwɔ efisɛ yɛayɛ wo bɔne. 9 Yehowa yɛn Nyankopɔn, wowɔ mmɔborɔhunu na wode bɔne kyɛ,+ na yɛn na yɛatew wo so atua.+ 10 Yehowa yɛn Nyankopɔn, yɛantie w’asɛm, na wo mmara a wonam wo nkoa adiyifo no so de maa yɛn no, yɛanni so.+ 11 Israelfo nyinaa abu wo Mmara so; wɔaman, na wɔantie w’asɛm. Ɛno nti, nnome ne ntam a wɔakyerɛw wɔ nokware Nyankopɔn no akoa Mose Mmara mu no, wode aba yɛn so,+ efisɛ yɛayɛ wo bɔne. 12 Nea wokae sɛ wode bɛyɛ yɛne yɛn mpanyimfo a wodii yɛn so* no,+ woayɛ, efisɛ wode mmusu kɛse aba yɛn so. Nea esii Yerusalem no, ebi nsii wiase baabiara da.+ 13 Mmusu yi nyinaa aba yɛn so, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara no mu no,+ nanso Yehowa yɛn Nyankopɔn, yɛmpaa wo kyɛw sɛ hu yɛn mmɔbɔ, na yɛn bɔne nso, yennyaee,+ na yennya ntee ase sɛ, wudi w’asɛm so.*

14 “Enti Yehowa, wotwɛnee, na bere a ɛfata no wode mmusu baa yɛn so. Yehowa yɛn Nyankopɔn, woteɛ wɔ nnwuma a woayɛ nyinaa mu, nanso yɛantie w’asɛm.+

15 “Enti, O Yehowa yɛn Nyankopɔn, wo na wode nsa a ɛyɛ den yii wo man fii Egypt asaase so,+ a wode agye din de abesi nnɛ da yi.+ Yɛayɛ bɔne, yɛayɛ bɔne kɛse paa. 16 O Yehowa, wo nnwuma nyinaa teɛ,+ enti yɛpa wo kyɛw, yi w’abufuw ne w’abufuhyew fi wo kurow Yerusalem, wo bepɔw kronkron no so kɔ, efisɛ yɛn bɔne ne yɛn agyanom mfomso nti, Yerusalem ne wo man anim agu ase wɔ wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no nyinaa anim.+ 17 Enti afei, O yɛn Nyankopɔn, tie w’akoa mpaebɔ ne n’adesrɛ. O Yehowa, wo din nti, ma w’anim nhyerɛn wɔ wo tenabea kronkron+ a asɛe no so.+ 18 O me Nyankopɔn, yɛ aso tie! Bue w’aniwa na hwɛ sɛnea yɛn asɛm ayɛ mmɔbɔ, na hwɛ kurow a wo din da so no. Ɛnyɛ yɛn nnwuma pa nti na yɛde yɛn adesrɛ aba w’anim yi, na mmom wo mmɔborɔhunu bebrebe no ntia.+ 19 O Yehowa, tie yɛn. O Yehowa, fa kyɛ yɛn.+ O Yehowa, yɛ aso tie yɛn na keka wo ho! O me Nyankopɔn, wo din nti, ntwentwɛn wo nan ase, efisɛ wo din na ɛda wo kurow ne wo man so.”+

20 Bere a migu so rekasa, na merebɔ mpae, na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me Nyankopɔn bepɔw kronkron ho adesrɛ reto Yehowa me Nyankopɔn anim no,+ 21 yiw, bere a migu so rebɔ mpae no, ɔbarima Gabriel+ a midii kan huu no wɔ anisoadehu mu no+ baa me nkyɛn. Ɔbaa me nkyɛn anwummere, bere a wɔbɔ akyɛde afɔre no. Saa bere no, na mabrɛ a mintumi nyɛ me ho hwee. 22 Na ɔma metee ase, na ɔkae sɛ:

“O Daniel, maba sɛ merebɛboa wo ama woahu mu yiye na woate ase. 23 Bere a wufii w’adesrɛ no ase no, minyaa nkra, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo, efisɛ wosom bo paa.*+ Enti dwinnwen asɛm no ho, na te anisoadehu no ase.

24 “Wɔahyɛ nnawɔtwe 70* ama wo man ne wo kurow kronkron no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a mmarato to betwa, na bɔne aba awiei,+ na wɔde mfomso akyɛ,+ na wɔde trenee a ɛwɔ hɔ daa aba,+ na wɔde ahyɛnsode atim anisoadehu ne nkɔmhyɛ* no so,+ na wɔasra Kronkron Mu Kronkronbea no. 25 Hu na te ase sɛ, sɛ wonya ka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem mma ensi ne dedaw mu a,+ ebedi nnawɔtwe 7 ne nnawɔtwe 62+ ansa na Mesia,*+ Ɔkannifo+ no aba. Wɔbɛsan akyekye ama asi ne dedaw mu, na ebenya abɔnten kɛse ne obon a nsu fa mu, nanso wɔbɛyɛ wɔ amanehunu bere mu.

26 “Nnawɔtwe 62 no akyi no, wobekum Mesia no,*+ na ne ho biribiara renka.+

“Na ɔkannifo bi bɛba, na ne nkurɔfo bɛsɛe kurow no ne kronkronbea no.+ Na kronkronbea no awiei bɛba sɛ nsuyiri. Akodi bɛkɔ so akosi sɛ awiei no bedu; nea wɔahyɛ ato hɔ ne ɔsɛe.+

27 “Ɔbɛma apam no ayɛ adwuma ama nnipa pii nnawɔtwe baako, na edu nnawɔtwe no mfinimfini a, ɔbɛma afɔrebɔ ne akyɛde afɔre agyae.+

“Nea ɔde ɔsɛe bɛba no, ɔde akyiwade ntaban na ebetu aba,+ na nea wɔahyɛ ato hɔ no, wobehwie agu nea asɛe no so akosi sɛ ɔsɛe pasaa no bɛba.”

10 Persia hene Kores ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no,+ Daniel a na wɔsan frɛ no Beltesasar+ no nyaa oyikyerɛ bi. Ná asɛm no yɛ nokware, na na ɛfa ɔko kɛse bi ho. Ɔtee asɛm no ase, na nea ohui no, wɔma ohuu mu yiye.

2 Saa bere no, me, Daniel, na madi awerɛhow+ nnawɔtwe abiɛsa. 3 Nnawɔtwe abiɛsa no nyinaa, manni aduan pa biara, na nam ne nsã biara anka m’ano, na mamfa ngo ansra. 4 Bosome a edi kan no da a ɛto so 24, bere a na mewɔ asubɔnten kɛse Tigris* ano no,+ 5 memaa m’ani so, na mihuu ɔbarima bi a ofura nwera,+ na na Ufas sika kɔkɔɔ abɔso* bɔ n’asen. 6 Ná ne nipadua te sɛ sikaberebo,+ n’anim te sɛ anyinam, na n’ani te sɛ ogyatɛn* a ɛredɛw. N’abasa ne ne nan te sɛ kɔbere a wɔatwiw ho,+ na ne kasa gyigye te sɛ nnipadɔm nne. 7 Me Daniel, me nko ara na mihuu nea ɛkɔɔ so wɔ anisoadehu no mu.+ Mmarima a wɔka me ho no de, wɔanhu bi. Nanso wɔn ho poe kyɛ-kyɛ-kyɛ-kyɛ, na woguan kohintawee.

8 Afei de, na aka me nko ara. Bere a minyaa saa anisoadehu kɛse no, ahoɔden biara anka me mu, meyɛɛ hoyaa, na m’ahoɔden nyinaa sae.+ 9 Na metee sɛ ɔrekasa. Nanso bere a metee sɛ ɔrekasa no, mefaa mu dae hatee a na m’anim butuw fam.+ 10 Na obi de ne nsa kaa me,+ na opusupusuw me ma mesɔree, na mede me nsa ne me nkotodwe sisii fam. 11 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ:

“O Daniel, woyɛ ɔbarima a wosom bo paa;*+ yɛ aso tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi. Afei sɔre gyina baabi a na wugyina no, efisɛ wɔasoma me wo nkyɛn.”

Bere a ɔkaa saa kyerɛɛ me no, mesɔre gyinaa hɔ, na na me ho repopo.

12 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “O Daniel, nsuro.+ Efi da a ɛbaa wo koma mu sɛ wobɛte asɛm no ase, ɛda a ɛbaa wo koma mu sɛ wobɛbrɛ wo ho ase wɔ wo Nyankopɔn anim no, saa da no na wɔtee w’adesrɛ no, na w’adesrɛ no nti na maba.+ 13 Bere a mereba no, Persia ahemman no birɛmpɔn+ besiw me kwan nnafua 21. Nanso Mikael*+ a ɔka abirɛmpɔn atitiriw no ho no* bɛboaa me, na metenaa Persia ahemfo no nkyɛn wɔ hɔ. 14 Maba sɛ merebɛma woahu nea ɛbɛto wo man wɔ awiei nna no mu,+ efisɛ anisoadehu no yɛ daakye asɛm.”+

15 Bere a ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ me no, misii me ti ase, na mantumi ankasa.* 16 Ɛnna obi a ɔte sɛ onipa de ne nsa bɛkaa m’ano,+ na mibuee m’ano ka kyerɛɛ nea ogyina m’anim no sɛ: “Me wura, anisoadehu no ama me ho repopo, na ahoɔden biara nni me mu.+ 17 Enti ɛbɛyɛ dɛn na w’akoa atumi ne ne wura akasa?+ Efisɛ seesei ahoɔden biara nni me mu, na ɔhome biara nni me mu.”+

18 Na nea ɔte sɛ onipa no de ne nsa kaa me bio, na ɔhyɛɛ me den.+ 19 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “O ɔbarima a wosom bo paa,*+ nsuro.+ Asomdwoe nka wo.+ Yɛ den, yiw, hyɛ wo ho den.” Bere a ɔne me kasae no, minyaa ahoɔden na mekae sɛ: “Me wura, kasa, efisɛ woahyɛ me den.”

20 Ɛnna obisaa me sɛ: “Wunim nea enti a maba wo nkyɛn no? Seesei meresan akɔ na me ne Persia birɛmpɔn no+ akɔko. Sɛ mekɔ a, Greece birɛmpɔn no nso bɛba. 21 Nanso mɛka nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nokware nhoma no mu akyerɛ wo. Obiara nni hɔ a ɔtaa m’akyi denneennen wɔ eyinom mu, gye Mikael,+ mo birɛmpɔn no.+

11 “Me de, Mediani Dario afe a edi kan mu no,+ mesɔre gyinae sɛ mɛboa no na mahyɛ no den.* 2 Nea merebɛka akyerɛ wo yi yɛ nokware:

“Hwɛ! Ahemfo baasa foforo bɛba Persia, na ɔhene a ɔto so anan no benya ahonyade pii asen wɔn a wɔaka nyinaa. Na sɛ n’ahonyade ma onya ahoɔden a, ɔbɛwosow biribiara ama akɔ atia Greece ahenni.+

3 “Na ɔhenkɛse bi bɛba, na n’ahenni mu bɛtrɛw+ na wayɛ nea ɔpɛ biara. 4 Na sɛ n’ahenni no gyina a, ebegu, na wɔbɛkyekyɛ mu akɔ atifi, anaafo, apuei, ne atɔe.*+ Nanso ɛrenkodi n’asefo nsam, na ɛrenyɛ sɛ tumi a ɔde dii ade no, efisɛ wobetu n’ahenni ase de ama ebinom, na ɛnyɛ n’asefo.

5 “Na anaafo fam hene no, kyerɛ sɛ, ɔhenkɛse no asahene no baako, bɛyɛ den. Nanso, ɔbaako bi nso bedi no so nkonim, na n’ahenni mu bɛtrɛw, na ɛbɛyɛ kɛse asen ɔbaako no* de no.

6 “Mfe bi akyi no, wɔbɛka wɔn ho abom, na anaafo fam hene no babea bɛba atifi fam hene no nkyɛn ama wɔayɛ apam. Nanso basa a ɛma ɔbea no tumi no befi ne nsa. Ɔhene no ne ne basa nso rennyina. Na wobeyi ɔbea no ne wɔn a wɔde no bae no ama, na nea ɔwoo no ne nea ɔma ɔyɛɛ den wɔ saa mmere no mu nso, wobeyi wɔn ama. 7 Na ɔbea no aseni bi bɛba abesi ɔhene no* anan, na ɔbɛba asraafo no nkyɛn abɛtow ahyɛ atifi fam hene no abannennen so. Ɔne wɔn bɛko, na obedi wɔn so nkonim. 8 Afei nso, ɔde wɔn anyame, wɔn dade ahoni,* wɔn nneɛma a ɛyɛ fɛ* a wɔde dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ, ne nkurɔfo a wɔakyere wɔn bɛkɔ Egypt. Na ɔbɛtwe ne ho afi atifi fam hene no ho mfe dodow bi. 9 Atifi fam hene no bɛba abɛtow ahyɛ anaafo fam hene no ahenni so, nanso ɔbɛsan akɔ n’asaase so.

10 “Ne* mma bɛhyehyɛ wɔn ho sɛ wɔrekɔko, na wɔbɛboaboa asraafo bebree paa ano. Sɛnea ɛte biara, ɔbɛba abetwiw afa asaase no so te sɛ nsuyiri. Nanso ɔbɛsan n’akyi, na ɔbɛko ara akodu n’abannennen mu.

11 “Na anaafo fam hene no bo befuw, na ɔbɛkɔ na ɔne no akɔko. Kyerɛ sɛ, ɔne atifi fam hene no bɛko. Na ɔbɛboaboa* dɔm kɛse ano, nanso wɔde dɔm kɛse no bɛhyɛ ɔbaako no* nsa. 12 Na wɔbɛsoa dɔm no akɔ. Ne koma bɛma ne ho so, na ɔbɛma mpempem bebree awuwu; nanso ɔremfa tumi kɛse a wanya no nyɛ adwuma.

13 “Na atifi fam hene no bɛsan aba, na ɔbɛboaboa dɔm kɛse a ɛsen kan de no ano. Mfe bi akyi, mmere no awiei no, sɛnea ɛte biara, ɔde asraafo pii ne nneɛma pii bɛba. 14 Saa mmere no, nnipa bebree bɛsɔre atia anaafo fam hene no.

“Na wo man mu aturuturafo* bɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛma anisoadehu no aba mu, nanso wɔbɛhwehwe ase.

15 “Na atifi fam hene no bɛba abɛto akoban,* na wako afa kurow bi a wɔabɔ ho ban. Na anaafo fam asraafo* no rennyina, na ne nkurɔfo a wayi wɔn no nso rennyina. Na wɔrennya ahoɔden biara a wɔde begyina. 16 Nea ɔbɛba* abɛtow ahyɛ anaafo fam hene so no bɛyɛ nea ɔpɛ biara, na obiara rentumi nnyina n’anim. Obegyina Asaase Fɛfɛɛfɛ no* so,+ na obenya tumi a ɔde bɛsɛe ade. 17 Ɔde besi n’ani so sɛ ɔde n’ahenni mu ahoɔden nyinaa bɛba, na ɔne no bɛyɛ apam; na nea ɔbɛyɛ nyinaa bɛyɛ yiye. Wɔde mmea babea bɛma no sɛ ɔnsɛe no. Na ɔbea no rennyina, na ɔrenyɛ ne de bio. 18 Na ɔbɛsan de n’ani akyerɛ mpoano nsaase so, na ɔbɛko afa nsaase no pii. Na ɔsahene bi bɛma n’animguase afi no so sɛnea ɛbɛyɛ a n’animguase no befi hɔ. Ɔbɛma animguase no akogu ɔbaako no* so. 19 Na ɔbɛdan n’ani* akɔ abannennen a ɛwowɔ n’asaase so no ho, na obehintiw ahwe ase, na wɔrenhu no.

20 “Na obi bɛba abesi n’anan, na ɔbɛma obi a ogyigye tow* abɛfa ahenni fɛfɛɛfɛ no mu, nanso nna kakraa bi akyi no, wɔbɛsɛe no, nso ɛnyɛ abufuw anaa ɔko na wɔde bɛsɛe no.

21 “Obi foforo bɛba abesi n’anan. Ɔno de, wobebu no onipahunu,* na wɔremfa ahenni no mu anuonyam mma no. Ɔbɛba asomdwoe bere mu,* na ɔde tɛkrɛmadɛ* begye ahenni no. 22 Na asraafo* a wɔte sɛ nsuyiri no, ɔbɛpra wɔn akɔ, na obebubu wɔn. Na Nea odi apam no anim nso, obebubu no.+ 23 Esiane sɛ ebinom ne no bɛfa yɔnko nti, ɔbɛdaadaa nkurɔfo, na ɔnam ɔman ketewa bi so bɛba abɛyɛ kɛse. 24 Asomdwoe bere mu* na ɔbɛkɔ baabi a eye paa* wɔ ɔmantam no mu, na ɔbɛyɛ nea ne papa ne ne nananom anyɛ. Ɔbɛkyekyɛ nneɛma a wafom, ne nneɛma a wanya wɔ ɔko mu,* ne nneɛma foforo ama nkurɔfo. Na ɔbɛbɔ mmeae a wɔabɔ ho ban ho pɔw, nanso ɛbɛyɛ bere tiaa bi.

25 “Ne koma bɛka no ama ɔde ne tumi ako atia anaafo fam hene no, na ɔde asraafo bebree bɛkɔ no so. Anaafo fam hene no nso bɛboaboa ne ho ne no akɔko, na ɔde asraafo akokodurufo dɔm kɛse paa na ɛbɛkɔ. Na ɔrentumi* nnyina, efisɛ wɔbɛbɔ ne ho pɔw. 26 Wɔn a wodi ne nnuan pa no bi no, wɔn na wɔbɛma wahwe ase.

“Na n’asraafo nso, wɔbɛpra wɔn akɔ,* na nnipa pii bewuwu.

27 “Na ahemfo baanu yi bedwen adwemmɔne; wɔbɛtena ɔpon baako ho, na obiara bɛka atosɛm akyerɛ ne yɔnko. Nanso ɛrenkosi hwee, efisɛ awiei no bɛba wɔ bere a wɔahyɛ no.+

28 “Ɔde nneɛma pii bɛsan akɔ n’asaase so, na ne koma bɛsɔre atia apam kronkron no. Nea ɔbɛyɛ no bɛyɛ yiye, na ɔbɛsan akɔ n’asaase so.

29 “Bere a wɔahyɛ no so a, ɔbɛsan aba, na wabɛtow ahyɛ anaafo fam hene no so. Nanso saa bere yi renyɛ sɛ kan no, 30 efisɛ Kitim ahyɛn+ bɛba no so, na wɔbɛbrɛ no ase.

“Na ɔbɛsan n’akyi, na ɔde abufuw bɛkasa atia apam kronkron no,+ na nea ɔbɛyɛ nyinaa bɛyɛ yiye. Ɔbɛsan akɔ, na wɔn a wɔmfa apam kronkron no nyɛ hwee no, ɔde n’adwene bɛkɔ wɔn so. 31 Na n’asraafo* bɛkeka wɔn ho, na wobegu tenabea kronkron no ho fĩ,+ kyerɛ sɛ, abannennen no, na wɔayi ade a wɔyɛ no daa no* afi hɔ.+

“Na wɔde akyiwade a ɛbɔ ɔman no bɛba.+

32 “Na wɔn a wɔyɛ bɔne tia apam no, ɔde kasadɛ* bɛtwetwe wɔn ama wɔatew atua. Nanso wɔn a wonim wɔn Nyankopɔn no de, wobedi nkonim, na nea wɔbɛyɛ no bɛyɛ yiye. 33 Ɔman no mu nnipa a wɔwɔ nhumu no+ bɛma nnipa pii anya ntease. Na sekan ne ogya bekunkum ebinom, wɔbɛkyere ebinom akɔ, na wɔafom ebinom nneɛma; eyinom nyinaa bɛkɔ so nna dodow bi. 34 Nanso sɛ wɔkɔ amanehunu mu saa a, wɔbɛboa wɔn kakra. Na nnipa pii nam kasadɛ* so de wɔn ho bɛbɔ wɔn. 35 Wɔbɛma wɔn a wɔwɔ nhumu no bi ahu amane sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyiyi wɔn mu fĩ, ahohoro wɔn ho, atew wɔn ho fitaa+ akosi awiei bere no, efisɛ bere a wɔahyɛ no nnui.

36 “Ɔhene no bɛyɛ nea ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so na wahyɛ ne ho anuonyam asen onyame biara; ɔbɛka nsɛm akɛse atia anyame mu Nyankopɔn no.+ Na nea ɔbɛyɛ nyinaa bɛyɛ yiye akosi sɛ abufuw no bɛba awiei, efisɛ nea wɔaka ato hɔ no bɛba mu. 37 Ɔremfa obu biara mma ne papanom Nyankopɔn, ɔremfa obu mma nea mmea ani gye ho no, na ɔremfa obu mma onyame foforo biara, na ɔbɛma ne ho so asen obiara. 38 Abannennen nyame no mmom na ɔbɛhyɛ no anuonyam; onyame a ne papanom nnim no no, ɔno na ɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne aboɔden abo ne afɛfɛde* bɛhyɛ no anuonyam. 39 Na onyame foforo bi bɛboa no ama wako atia abannennen mu abannennen no, na ɛbɛyɛ yiye ama no. Wɔn a wobegye no atom no,* ɔbɛhyɛ wɔn anuonyam pii, na ɔbɛma wɔadi nnipa pii so, na obetwitwa nsaase atɔn.*

40 “Awiei bere no mu no, anaafo fam hene no ne no* bepiapia wɔn ho,* na atifi fam hene no de nteaseɛnam, ne nnipa a wɔtete apɔnkɔ so, ne po so ahyɛn bebree bɛba no so sɛ mframa kɛse; ɔbɛba nsaase no so abetwiw afa so te sɛ nsu a ayiri. 41 Afei nso, ɔbɛkɔ Asaase Fɛfɛɛfɛ no* so,+ na obedi nsaase pii so nkonim. Nanso eyinom de, wobenya wɔn ho atetew: Edom ne Moab ne Ammonfo mu atitiriw no. 42 Na ɔbɛkɔ so atow ahyɛ nsaase no so, na Egypt asaase rennya ne ho ntetew. 43 Sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a wɔde asie, ne Egypt afɛfɛde* nyinaa, ɔno na ɔbɛkyerɛ nea wɔde bɛyɛ. Na Libiafo ne Etiopiafo bedi n’akyi.*

44 “Nanso ɔbɛte nsɛm bi afi apuei* ne atifi, na ɛbɛhaw no, na ɔde abufuw kɛse bɛkɔ sɛ ɔrekɔsɛe nnipa pii na wakunkum wɔn nyinaa. 45 Ɔde n’ahemfi ntamadan besi ɛpo kɛse no ne Asaase Fɛfɛɛfɛ no* bepɔw kronkron no ntam,+ na n’awiei bɛba, na ɔrennya ɔboafo biara.

12 “Saa bere no, Mikael,*+ ɔbirɛmpɔn kɛse+ a ogyina hɔ ma wo man* no bɛsɔre agyina. Na amanehunu a efi bere a ɔman bae ebi mmae da bɛba. Saa bere no, wo manfo benya wɔn ti adidi mu,+ obiara a wɔakyerɛw ne din wɔ nhoma no mu no.+ 2 Na wɔn a wɔadeda wɔ fam dɔte mu* no bebree benyan. Ebinom benya daa nkwa, na ebinom nso anim begu ase na wɔabu wɔn animtiaa daa.

3 “Na mmadwemma* no bɛhyerɛn sɛnea wim hyerɛn no, na wɔn a wɔboa nnipa bebree ma wɔbɛyɛ atreneefo no bɛhyerɛn sɛ nsoromma daa daa.

4 “Na wo, Daniel, fa nsɛm no sie na tare nhoma no ano kosi awiei bere no.+ Nnipa bebree bɛtweetwee mu,* na nimdeɛ a edi mu bɛdɔɔso.”+

5 Na me, Daniel, mehwɛe na mihui sɛ nnipa baanu bi gyinagyina hɔ. Ná ɔbaako gyina asubɔnten no ano wɔ ɔfã ha, ɛnna ɔbaako nso gyina asubɔnten no ano wɔ ɔfã noho.+ 6 Na ɔbaako bisaa ɔbarima a ofura nwera+ a ɔwɔ asubɔnten no so no sɛ: “Da bɛn na saa anwonwade yi bɛba awiei?” 7 Ɛnna metee ɔbarima a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no so no nne, na ɔmaa ne nsa nifa ne ne nsa benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔde Nea ɔte ase daa no+ kaa ntam sɛ: “Ɛbɛkɔ so akodu bere, mmere, ne bere fã* a wɔahyɛ ato hɔ no. Na sɛ wɔsɛe ɔman kronkron no ahoɔden wie pɛ,+ eyinom nyinaa bɛba awiei.”

8 Me de, metee nanso mante ase.+ Enti mibisae sɛ: “Ao me wura, nneɛma yi bɛkɔ akowie dɛn?”

9 Ɛnna ɔkae sɛ: “Daniel, wo de, kɔ, efisɛ wɔde nsɛm no asie, na wɔatare ano de rekosi awiei bere no.+ 10 Nnipa bebree bɛhohoro wɔn ho na wɔatew wɔn ho fitaa, na wɔayiyi wɔn mu fĩ.+ Na nnipabɔnefo bedi bɔne, na ɔbɔnefo biara nni hɔ a ɔbɛte ase. Wɔn a wɔyɛ mmadwemma* de, wɔbɛte ase.+

11 “Na efi bere a wobeyi ade a wɔyɛ no daa* no+ afi hɔ na wɔde akyiwade a ɛbɔ ɔman no asi hɔ no+ yɛ nnafua 1,290.

12 “Anigye ne nea ɔtwɛn* kodu nnafua 1,335 no awiei!

13 “Na wo de, kɔ kodu awiei. Wobɛhome, na woasɔre abenya wo kyɛfa* wɔ nna no awiei.”+

Anaa “asɔrefi.”

Anaa “asɔrefi.”

Kyerɛ sɛ, Babilonia.

Nt., “Israel mma.”

Nt., “mmofra.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔnyɛn wɔn.”

Nt., “mma.”

Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Ne Me Temmufo.”

Ɛkyerɛ, “Yehowa Adom Ada Adi.”

Ebetumi akyerɛ “Hena Na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?”

Ɛkyerɛ, “Yehowa Aboa.”

Kyerɛ sɛ, Babilonfo din.

Anaa “nokware Nyankopɔn no maa ahemfi panyin no daa ayamye adi kyerɛɛ Daniel.”

Nt., “mmofra.”

Nt., “me ti adi fɔ.”

Anaa “atosode.”

Nt., “mmofra.”

Nt., “wɔn honam ayɛ sɔɔsɔɔ.”

Nt., “mmofra.”

Anaa “atosode.”

Nt., “mmofra.”

Anaa “nhoma.”

Nt., “ne honhom.”

Kyerɛ sɛ, nnipakuw bi a wɔaben wɔ abisa ne nsoromma mu hwɛ mu.

Nt., “me honhom ho yeraw no.”

Nsɛm a ɛwɔ Da 2:4b kosi 7:28 no, wodii kan kyerɛwee wɔ Aram kasa mu.

Ebetumi nso akyerɛ, “sumina.”

Anaa “asaase a ɛso awo.”

Nt., “anyame a wɔnte ɔhonam mu.”

Anaa “mfi mmeresanten nkosi mmeresanten.”

Anaa “dɔte a wɔatõ.”

Anaa “bɛsɔre.”

Anaa “bɛsɔre.”

Anaa “nnipa mma,” kyerɛ sɛ, ɔmanfo no.

Bɛyɛ mita 27 (anm. 88). Hwɛ Nkh. B14.

Bɛyɛ mita 2.7 (anm. 8.8). Hwɛ Nkh. B14.

Obi a ɔyɛ adwuma wɔ ahemfi. Ɔtaa bɔ dawuru, na ɔma guabɔ ase tɛm dinn.

Anaa “betwaa asɛm too Yudafo no so.”

Anaa “ne suban.”

Anaa “annya wɔn nipadua so tumi.”

Anaa “ogya ho hua nni wɔn ho.”

Anaa “wɔde wɔn nipadua bɛma.”

Ebetumi nso akyerɛ, “sumina.”

Nt., “ɔhene maa Sadrak, Mesak, ne Abednego dii yiye.”

Kyerɛ sɛ, nkurɔfo bi a na wɔaben wɔ abisa ne nsoromma mu hwɛ mu.

Nt., “ɔhonam nyinaa.”

Anaa “obetumi abɔ ne nsa akyene.”

Anaa “ne nana.”

Tete mmere mu no, na wɔyɛ mmea a wɔto aware so, kyerɛ sɛ, mmea a nkurɔfo aware wɔn aka wɔn yere ho.

Anaa “ɔhene anim sesae.”

Kyerɛ sɛ, nnipakuw bi a wɔaben wɔ abisa ne nsoromma mu hwɛ mu.

Anaa “Ɔbarima mmɔdenbɔfo.”

Kyerɛ sɛ, nnipakuw bi a wɔaben wɔ abisa ne nsoromma mu hwɛ mu.

Anaa “aborɔme.”

Nt., “wɔde san apɔw.”

Nt., “wutumi san apɔw.”

Anaa “ne banana.”

Ade a wɔde susuw biribi mu duru.

Nt., “ahenni no ho adwuma.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wamma wɔamfa nnwontofo biara amma n’anim.”

Nt., “ne nna guan fii ne ho.”

Anaa “wotwaa asɛm too Daniel so.”

Anaa “tumidi.”

Anaa “mfe nnompe.”

Anaa “ahomaso.”

Kyerɛ sɛ, ɔsoro Baguafo.

Anaa “ahomaso nsɛm.”

Anaa “ahomaso.”

Kyerɛ sɛ, mmere abiɛsa ne fã.

Kyerɛ sɛ, ɔsoro Baguafo.

Anaa “m’anim sesae.”

Anaa “Susa.”

Anaa “ahemfi.”

Anaa “owiatɔe.”

Nt., “ani kyerɛ ɔsoro mframa anan no.”

Anaa “owiapuei.”

Anaa “Ahoɔfɛ no.”

Anaa “afɔre a wɔbɔ no daa.”

Anaa “afɔre a wɔbɔ no daa.”

Anaa “afɔre a wɔbɔ no daa.”

Asɛmfua “asafo” no betumi akyerɛ owia, nsoromma, ne nea ɛkeka ho. Ebetumi nso akyerɛ ɔsoro abɔfo.

Anaa “ɔhene bi a waben wɔ sɛnea wɔbɔ nkurɔfo ho pɔw mu.”

Ebetumi nso akyerɛ, “bere a ɔmmɔ kɔkɔ.”

Kyerɛ sɛ, nhoma kronkron ahorow.

Anaa “midii mmuada.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “yɛn atemmufo a wobuu yɛn atɛn.”

Anaa “woyɛ ɔnokwafo.”

Anaa “woyɛ obi a wɔdɔ wo paa; woyɛ obi a wonni wo ho agoru.”

Kyerɛ sɛ, nnawɔtwe baako biara yɛ mfe ason; woka bom a, ɛyɛ mfe 490.

Nt., “odiyifo.”

Anaa “Nea Wɔasra No no.”

Anaa “wobetwa Mesia no afi hɔ.”

Nt., “Hidekel.”

Anaa “bɛlt.”

Ɛyɛ popã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.

Anaa “obi a wɔdɔ wo paa; obi a wonni wo ho agoru.”

Ɛkyerɛ, “Hena Na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?”

Anaa “abirɛmpɔn no panyin paa.”

Anaa “metɔɔ mum.”

Anaa “ɔbarima a wɔdɔ wo paa; ɔbarima a wonni wo ho agoru.”

Anaa “mayɛ n’abannennen.”

Nt., “ɔsoro mframa anan.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ anaafo fam hene no.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ anaafo fam hene no.

Anaa “ahoni a wɔagu.”

Anaa “nneɛma a ɛsom bo.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ anaafo fam hene no.

Anaa “akorɔmfo-werɛmfo mma.”

Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.

Anaa “abasa.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.

Anaa “Ahoɔfɛ no.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.

Anaa “nhyɛsofo.”

Anaa “wobebu no animtiaa.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Ɔbɛba a ɔremmɔ nkae.”

Anaa “adɛfɛdɛfɛsɛm.”

Anaa “abasa.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Ɔbɛba a ɔremmɔ nkae.”

Nt., “baabi a ɛyɛ srade.”

Anaa “asade.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.

Anaa “wobebu afa wɔn so.”

Anaa “n’abasa.”

Anaa “afɔre a wɔbɔ no daa.”

Anaa “adɛfɛdɛfɛsɛm.”

Anaa “adɛfɛdɛfɛsɛm.”

Anaa “nneɛma a ɛsom bo.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Obiara a ɔno begye no atom no.”

Anaa “agye akatua.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.

Anaa “anaafo fam hene no ne no de wɔn mmɛn besi ani.”

Anaa “Ahoɔfɛ no.”

Anaa “nneɛma a ɛsom bo.”

Anaa “n’anammɔn akyi.”

Anaa “owiapuei.”

Anaa “Ahoɔfɛ no.”

Ɛkyerɛ, “Hena Na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?”

Nt., “wo man mma.”

Anaa “wɔn a wɔawuwu.”

Anaa “anyansafo.”

Anaa “bɛhwehwɛ mu [kyerɛ sɛ, nhoma no mu] akɔ akyiri.”

Kyerɛ sɛ, mmere abiɛsa ne fã.

Anaa “anyansafo.”

Anaa “afɔre a wɔbɔ no daa.”

Anaa “n’ani da so denneennen.”

Anaa “baabi a wɔatwa ama wo.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena