Sari Ɔpepem Pii
Efi India “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
MMEA bɛboro ɔpepem 300 na wofura. Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ani gye ho. Na wo de hwɛ sɛ biako pɛ kɔ obiara! Yiw, ɛyɛ Indiafo sari fɛfɛ no. Eva a ofi Germany no kae bere a edi kan a ɔkɔsraa India no sɛ: “Sari no ne mmea ntade a ɛsen biara a mahu.” Ohui sɛ sari no fɛ a ɛyɛ wɔ ɔkwantiaa so no yɛ nsakrae a ɛma ahotɔ fi mmea ntade koro a ɛwɔ Atɔe fam nsase so no ho. Nanso, nea ɛyɛ nwonwa no, sari yɛ ntamatam basafa asia pɛ a nsõamde biara nnim!
Ntama ma Bere Biara
Ɛnyɛ nna atitiriw bi nkutoo na wofura sari fɛfɛ no. Mmea a wɔwɔ ha bu no sɛ ɛyɛ bere biara mu ntama na wohu sɛ ɛyɛ fakaa ne nea eye. Ɛsɛ sɛ obi hwɛ Indiani ɔbea wɔ ne da biara da dwumadi mu ara kɛkɛ na ɔde anya saa ɔsɛmpɔw yi ho anisɔ.
Ɔde ne ‘ofie sari’ a akyɛ no na efi n’anɔpa ofie nnwuma ase. Ɔbɛkɔ akɔsaw nsu, anoa aduan, aprapra fie, ɔde ne nsa ahoro nneɛma, wasiesie turom, ahwɛ mmofra ne mmoa, na wayɛ ne nnwuma afoforo nyinaa bere a ofura saa ntama a ne tenten si fam yi. Nanso so ɛmma ne ho nkyere no koraa sɛ ɔde ntama a ɛte saa reyɛ saa nnwuma no nyinaa no?
Rani a ɔyɛ ɛna a ɔwɔ mma baanu no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Eyi mfa asɛnnennen biara mma. Ɛyɛ mmerɛw sɛ mɛpagyaw me sari no ano a wɔabu no na mabɔ no pɔw wɔ me sisi. Afei sɛ ɔhɔho bi ba a, metumi asian no ntɛmntɛm na mayɛ sɛnea ɛfata de abue ɔpon no. Mihu sɛ eye kɛse.”
Nea ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so ne pallav, anaa pallu a ɛyɛ sari no ano a wɔtaa ma ɛsinsɛn wɔn mmati so fɛfɛɛfɛ no. Wobetumi de akata wɔn mmati so de anya ɔhyew ne anidahɔ anaasɛ wobetumi de ayɛ abotiri. Wɔ pɛpɛeyɛ mu no, wobetumi aka pallav no a ɛbɛn wɔn bere nyinaa esiane sɛ ɛyɛ ntama no fã nti no abɔ so de ayɛ nea wɔde ma kuku so anaasɛ nea wɔde popa nsa ho ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ obi hwɛ yiye wɔ asiane a ebetumi aba bere a ɔde di dwuma bɛn muka no ho de.
Sɛ Indiani ɔbea repue afi ne fie a, ɛyɛ amanne sɛ ɔbɛsakra ne ho afa sari foforo a ani tew. Sɛ ɔrekodi gua wɔ mpɔtam hɔ ara gua so mpo a, ne ho a ɔde pue baguam no tew na ɛsɛ ɔbea. Na sɛ ɔtra motor akyi a, obetumi de n’anan abien no nyinaa akɔ ɔfã wɔ kurom mmorɔn a nnipa ahyɛ so ma so. Sɛ edu anadwo a, ɔde sari da nso.
Nanso, ɛnyɛ mmea a wɔwɔ India nyinaa na wofura sari. Nyamesom, amammerɛ, ne nea wɔpɛ wɔ mpɔtam baabi yɛ nokwasɛm ahorow a ɛka ntama ko a wofura. Sɛ nhwɛso no, Rani hyɛɛ ntade ne kamisa wɔ ne mmofraase sɛ sukuuni abeawa biara na bere a ɔrebɛn mpanyin afe so no nkutoo na ofuraa sari. Ose: “Bere a mifii ase sɛ merefura sari no, na wɔhwɛ kwan sɛ mɛkɔ so afura bere nyinaa. Efi saa bere no menhyɛɛ atade anaa kamisa biara.” Otumi ne ne ba di agoru a wɔfrɛ no badminton no mpo denam ne kamisa no a obepia akɔ soro kakra na ahokeka ayɛ mmerɛw ama no no so.
Ahorow Ahorow no Nni Ano
Sari gu ahorow wɔ ntamatam, ani hwɛbea, ne sɛnea wɔpam no mu. Wobetumi de asawa a wɔde nsa anwene kɛkɛ, polyester, anaa sirikyi apam. Ebetumi ayɛ nhwiren nhwiren, nsinsanee, dame dame, ne ade—adwini biara a wobetumi asusuw ho. Bere a ebi betumi ayɛ nea wɔpam no tiawa ne nea obiara tumi fura no, ayeforohyia sari a ɛtaa yɛ kɔkɔɔ na wɔde asawa akɔko srade di mu adwini no yɛ fɛ titiriw.
Indiafo mmea a wobetumi no ani gye ho sɛ wɔbɛtɔ sari a ɛyɛ fɛ ahorow pii na wɔaboaboa ano agu hɔ. Indiani soni (agude tɔnfo) ɔdefo bi yere hoahoa ne ho sɛ, ‘Mewɔ 65.’ Nanso, nea ɛne ne de no bɔ abira koraa ne mmea ahiafo ɔpehaha pii a ntama yɛ afɛfɛde ma wɔn no. Ebia eyinom benya sari biako pɛ anaasɛ ayɛ bi koraa no abien a wafura ama ani apa na atetew. Foforo a wɔbɛtɔ no yɛ sikasɛm mu adesoa ma wɔn mmusua.
Eyinom mfinimfini hɔ baabi na wohu ɔbea foforo a ɛsɛ sɛ ɔde ahwɛyiye kɛse yɛ abusua no sika kakraa a enya no ho nhyehyɛe no. Ne ntama pii bɛyɛ sari a wɔde maa no bere a wohyiaa no ayeforo no. Mpɛn pii no wɔbobɔ sari a ɛyɛ fɛ kɛse no fɛfɛ hyɛ adaka ase de ka abusua no nneɛma afoforo a ɛsom bo ho na wɔde sie ma nnapɔnna nkutoo.
So Wuresusuw ho sɛ Wubefura Bi?
Okunu bi a ɔwɔ Atɔe famfo man bi so kae sɛ: “Mepɛ ankasa sɛ me yere befura sari.” Ɔda mmarima pii a wɔkyerɛ ntade a ɛma wohu mmea ho anisɔ no nsusuwii adi. Na ɛyɛ nsakrae a ɛyɛ anigye ma obi a n’ani agye ho wɔ mfonini mu no sɛ n’ankasa befura bi. Dɛn nti na wummfura sari ɛda titiriw bi?
Wɔtaa nya sari ntɛm wɔ Indiafo atrae wɔ nkurow akɛse pii mu. Nanso sɛ sari tɔnbea biara nni faako a wote a, wubetumi de ntamatam bi a emu yɛ hare a wobɛtɔ afi ntamatɔnbea bi mu adi dwuma. Anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ ntamatam no tenten yɛ basafa asia na ne trɛw yɛ bɛyɛ nsateakwaa 45. Sɛ woware a nsateakwaa biako anaa abien a ɛda ne trɛw no so ye ma wo esiane sɛ ɛbɛma woanya pii wɔ wo sisi bere a wufura kamisa no nti. Ani hwɛbea anaasɛ adwini biara a ɛyɛ wo fɛ ye, nanso sɛ wɔtow ano a ɛyɛ fɛ titiriw.
Nneɛma foforo abien pɛ na wuhia: nhyɛase kamisa a ne tenten du kotodwe na ahama hyɛ mu ne choli a ɛyɛ kaba tiatia bi. Ɛsɛ sɛ n’abien no nyinaa wɔ ani hwɛbea a ɛne sari no kɔ. Esiane sɛ choli no ma wo mfe mu baabi da hɔ nti, anidahɔ bɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ kaba no yɛ tiatiaa pii anaasɛ wotwa ne kɔn no ma ɛkɔ fam kɛse. Ebia wobɛpɛ sɛ w’ankasa wosɔ hwɛ sɛ wobɛpam wo choli no. Sɛ ɛnte saa a, fa kaba anaasɛ atade soro biara a wɔatwa ne kɔn no kurukuruwa na ɛwɔ nsa a ɛnyɛ hodwoo pii biara.
Bere a woahyɛ wo choli ne nhyɛase kamisa (bɔ so dennen wɔ w’asen nanso mma ɛnkye wo pii) no, woasiesie wo ho sɛ wubefi ase asua sɛnea wofura sari. Indiani adamfowaa bi bɛyɛ mmoa kɛse. Nanso, wubetumi abisa adamfowaa biara ma waboa. Mma ntamatam no kɛse no nhunahuna wo. Bere a wowɔ ahwehwɛ kɛse a wuhu wo nyinaa wom, ntoboase kakra ne bere pii no; ɛrenkyɛ na woahu yɛ. Di mfonini ahorow a wɔde ama wɔ ha no akyi sɛ akwankyerɛ. Sɛ w’ani nnye ho wɔ sɔhwɛ a edi kan no akyi a, fi ase bio. Sɛ́ nea wode wie no koraa no, hyɛ agude bi, sɛnea Indiafo mmea yɛ no.
Afei hwɛ ahwehwɛ mu na hwɛ sɛnea wo ho nsakrae no awie koraa. Fa ntama foforo no nantew kakra na wo ho nhenhan wo. Na sɛ wofi ase kamfo wo a mma ɛnyɛ wo nwonwa. Anyɛ yiye koraa no, woafura mmea ntama a ɛsen biara wɔ wiase no mu biako—sari a ɛhyɛ anuonyam na ɛyɛ fakaa no.
[Box/Pictures on page 13]
Sɛnea Wofura Sari
1. Bere a wohyɛ ase fi nifa so no, bukaw sari no wɔ wo sisi faako a nhyɛase kamisa no sɔ no fa fa w’anim ne w’akyi hyia wo sisi ho nyinaa. Hwɛ sɛ ntamatam no teɛ na ne mpaame no nyinaa sã so.
2. So sari no ano a egu fam no twa wo ho hyia na fa ntamatam a aka no bra w’anim.
3. Bere a wode sari no ano no redi dwuma no, bobɔ dodow bi a ne nyinaa yɛ pɛ fa yɛ pallav no.
4. Hugyaw pallav no gu w’abati benkum so na emmedu w’anantu anaasɛ ɛmmra fam kakra. Fa pane bi bɔ pallav no mu so wo choli no mu.
5. Twe sari no fa wo ho kosi sɛ ɛbɛsinsɛn hɔ wɔ w’akyi na ntamatam a aka no wɔ w’anim.
6. Bere a wode fi nifa so kɔ benkum so no, ka bɔ so ma ne nyinaa nyɛ pɛ kosi sɛ ntamatam no bɛsa. Hwɛ sɛ mmobɔso no nyinaa mu gow.
7. Bobɔ mmobɔso no nyinaa kɔ benkum. Bukaw mmobɔso no hyem wɔ wo sisi, ɛmmra mfinimfini benkum so kakra. Fa pane bɔ mmobɔso no mu so nhyɛase kamisa no mu.
8. Nea efi mu ba no fata asuasua no.