September Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase September 2
Dwom 98
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. May Ɔsom Akontaabu. Twe Adwene si dodow nkɔanim afoforo no ne hia a ɛho hia sɛ wɔde wɔn akontaabu bɛba ntɛm daa so. Hyɛ obiara nkuran, ne titiriw no, Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo ma wonsusuw October 1992 Yɛn Ahenni Som mu asɛm, “Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn No a Yebesua,” no ho. Si asɛm no mu nsɛntitiriw so dua.
15 min: “Nantew Gyidi Mu.” Nsɛmmisa ne mmuae.
18 min: “Adwempa a Yɛde Bɛka Asɛmpa No.” Fa nnianim nsɛm gyina nkyekyem 1 no so. Kyerɛkyerɛ mu sɛ wobetumi de Abusua Asetra nhoma no ama de asi Creation nhoma no ananmu. Afei ka asɛm no nkyekyem 2-5 nkutoo mu asɛm. Yɛ nsɛm a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye a ɛkyerɛ sɛnea wɔde Creation nhoma no ma, sɛnea wɔyɛ sankɔhwɛ, ne sɛnea wofi adesua ase wɔ Nimdeɛ nhoma no mu.
Dwom 48 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 9
Dwom 18
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Munsusuw “Ka Ahenni Asɛm No” ho.
18 min: Ka Asafo no 1996 Ɔsom Afe Akontaabu ho asɛm. Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo ma no anigye so a ɛhyɛ nkuran. (Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 100-2.) Kyerɛ baabi a asafo no bɔɔ mmɔden, na kamfo wɔn. Kyerɛ sɛnea daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo dwumadi no aboa ma adwuma no atu mpɔn kɛse wɔ mpɔtam hɔ. Ka nnipa dodow a wɔba asafo nhyiam horow ho asɛm, na si mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔbɛba daa no so dua. Ka botae ahorow a ɛfata a asafo no betumi abɔ mmɔden adu ho wɔ afe a ɛreba no mu ho asɛm.
15 min: “Adwempa a Yɛde Bɛka Asɛmpa No.” Ka nkyekyem 6-8 nkutoo ho asɛm, na yɛ nsɛm a wɔka kyerɛ wɔ aguadi adan mu wɔ nsrahwɛ a edi kan ne sankɔhwɛ nyinaa mu ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran ma wɔnkɔyɛ wɔn sankɔhwɛ ahorow ntɛm ara.
Dwom 123 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 16
Dwom 10
15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka mfaso a afi Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name video no a wɔde kyerɛ anigyefo kwan ba ahyehyɛde no mu aba no ho asɛm kyerɛ. Ka October 1, 1992, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 30-1 mu osuahu biako anaa abien kyerɛ tiawa.
15 min: “Yɛ Nhwɛso Wɔ Ɔkasa ne Abrabɔ Mu.” Nsɛmmisa ne mmuae.
15 min: Kristofo Abrabɔ Wɔ Sukuu Mu. Agya kasa kyerɛ ne babarima anaa ɔbabea, na ɔda asiane ahorow a anibere wom a ɛwɔ sukuu mu adi kyerɛ no; osi hia a ɛho hia sɛ ɔhwɛ ne fekubɔ yiye na ɔkwati dwumadi ahorow a asɛm wɔ ho so dua. Ɔka adaka a ɛwɔ Nhomasua nhomawa no kratafa 24 mu asɛm, na ɔkyerɛkyerɛ hia a ɛho hia sɛ ɔyɛ nhwɛso pa sɛ Ɔdansefo no mu. Agya no ka sɔhwɛ ahorow bi a nnubɔnenom, ɔbarima ne ɔbea a wɔyɛ nhyehyɛe fi adi, apontow ase a wɔkɔ, anaa agumadi mu a obi de ne ho hyɛ mu de ba ho asɛm; wɔbɔ sɛnea wɔkwati ɔhaw ahorow ho nkɔmmɔ. Agya no hyɛ abofra no nkuran sɛ sɛ ɔrehyia ɔhaw ahorow a, ɔnntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka ho asɛm akyerɛ no—ɔpɛ sɛ ohu na ɔboa.
Dwom 32 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 23
Dwom 24
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. “Biakoyɛ Mu a Yebekura Sɛ Kristofo a Wonni Afã Biara.” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina asɛm a ɛwɔ October 1992 Yɛn Ahenni Som kratafa 7 so. Ka nsɛmpɔw a edidi so yi ho asɛm: Nokware Kristofo nyɛ wiase no fã. (Yak. 1:27; Yoh. 17:16) Nea afã biara a wonni kyerɛ. (Reasoning, kr. 269) Bere a nokware Kristofo mfa wɔn ho nnyigye afoforo nsɛm mu no, wonnyina mma wɔntow aba mma wɔn anaa wɔntow aba mma afoforo ma wonnya dibea wɔ amammuisɛm mu. Wɔnnɔm amammui ahyehyɛde ahorow. (Yoh. 6:15; 18:36) Nea enti a wɔpaw gyinabea yi. (1 Yoh. 5:19; Yak. 4:4.) Nanso, wɔboa mpɔtam a wɔte no denam ɛtow ahorow a wotua, mpɔtam nkɔso nnwuma a wɔyɛ bi, ne abrabɔ pa mu a wokura wɔ baabiara a wɔwɔ so. Nokware Kristofo de wɔn ani to Onyankopɔn Ahenni so. (Dan. 2:44; Adi. 21:3-5) Enti wɔde wɔn bere ne ahoɔden di dwuma de boa wɔn afipamfo ma wɔnantew nkwa kwan no so. (1 Tim. 4:8; Yoh. 3:16) Saa asetra kwan yi ma nokware Kristofo yɛ biako na wonni afã biara wɔ wiase a emu apaapae mu.—1 Kor. 1:10; 1 Pet. 4:8.
13 min: Asafo mu ahiade. Anaasɛ ɔkasa a egyina “Hwɛ Nneɛma Kɔ Akyiri Sen Nea W’ani Hu!” a ɛwɔ February 15, 1996, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 27-9 so.
20 min: “Ka Asɛmpa no Wɔ Baabiara.” Nsɛmmisa ne mmuae. Di nkyekyem 1-15 nkutoo ho dwuma. Kenkan nkyekyem 3 ne 5. Fa mo hɔnom osuahu ahorow a ɛfa wɔn a wɔadi yiye wɔ mmɔnten so anaa kar mu adansedi ho ka ho.
Dwom 215 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 30
Dwom 171
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka Asɛmmisa Afã ho asɛm.
20 min: “Ka Asɛmpa no Wɔ Baabiara.” Nsɛmmisa ne mmuae. Di nkyekyem 16-35 ho dwuma. Kyerɛ sɛnea mubetumi de nyansahyɛ ahorow no adi dwuma wɔ mo mpɔtam hɔ. Yɛ nkyekyem 23-5 ho ɔyɛkyerɛ. Kenkan nkyekyem 34-5.
13 min: Ka Nhoma a Yɛde Bɛma October mu ho asɛm. Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no. Yebetumi de Nimdeɛ nhoma no ama bere a yɛkɔyɛ sankɔhwɛ no. Munsusuw nsɛm ahorow ho, ebi te sɛ: (1) Nea enti a wotintim nsɛmma nhoma ahorow no, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nkratafa a edi anim no mu no. (2) Wotintim no wɔ kasa horow pii mu, na ɛma wotumi nya Bible mu nimdeɛ wɔ wiase nyinaa. (3) Wɔyɛ Ɔwɛn-Aban no ma kokoam adesua, abusua adesua, ne kuw adesua. (4) Nnipa a wɔwɔ ɔsom ahorow pii mu kenkan bi. (5) Yɛde nea ɛba foforo bɛkɔ akɔma obiara a ɔrepɛ bi akenkan nokwarem no. (6) Wɔyɛ maa nnipa a wonni adagyew titiriw. (7) Efi 1879 na wɔatintim Ɔwɛn-Aban no; Nyan! fii ase 1919. Fa asɛm a ɔkenkanfo bi a ɔkyerɛɛ anisɔ kae no wie.—Hwɛ April 15, 1986, Engiresi Ɔwɛn-Aban, kratafa 32.
Dwom 3 ne mpaebɔ a wɔde wie.