Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/99 kr. 3-6
  • 1999 “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1999 “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ansa na Nhyiam no Bedu So No
  • Bere a Nhyiam no Rekɔ So No
  • 1996 “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • 1995 “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • 1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 11/99 kr. 3-6

1999 “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam

1 Bere a aka kakra ma Israelfo no adu Bɔhyɛ Asase no so no, Mose hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkyerɛ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ho anisɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa.” (Deut. 32:45-47) So yɛnna Yehowa ase sɛ yɛn nkwa som bo ma no araa ma enti ɔnam N’asɛm a ɛsom bo no so kɔ so de akwankyerɛ ma yɛn? Enti yɛde ahopere rehwɛ nnansa “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam no ne nea Yehowa de asie ama yɛn no kwan.

2 Afe yi, wɔayɛ ɔmantam nhyiam ahorow ho nhyehyɛe wɔ mmeae ahorow 17 wɔ Ghana nyinaa. Wɔbɛyɛ nhyiam dwumadi ahorow no wɔ Dangme, Engiresi, Ewe, Frafra, Ga, Nzema, Mum Kasa, ne Twi mu. Afei nso, sɛ adeyɛ a edi kan koraa wɔ ɔman yi mu no, wɔbɛyɛ wɔn a wɔn ani gye Betel som adwuma ho nhyiam wɔ Engresi kasa mu wɔ nhyiam yi mu biara ase.

3 Esiane sɛ Yehowa pɛ sɛ wokɔ nhyiam no bi nti, akyinnye biara nni ho sɛ woayɛ nhyehyɛe dedaw sɛ wobɛkɔ nnansa no nyinaa. Nya awerɛhyem sɛ ohu mmɔden a n’asomfo nyinaa bɔ ne nneɛma a wɔde bɔ afɔre na ama wɔatumi akɔ bi no, na ɔkyerɛ ne nyinaa ho anisɔ. (Heb. 6:10) Sɛ yɛkɔ nhyiam no da biara fi dwom a wɔde bue ano kosi mpaebɔ a wɔde wie so a, yɛma Yehowa hu sɛ ne nsɛm a ɔde ama yɛn no som bo ma yɛn. (Deut. 4:10) Afei nso yɛkyerɛ adwumaden a yɛn nuanom pii yɛ de yɛ nhyiam no ho nhyehyɛe no ho anisɔ.

4 Nhyehyɛe a wɔyɛ ma Onyankopɔn nkurɔfo mpempem hyiam wɔ nhyiambea biara no hwehwɛ sɛ wodi kan yɛ ho nhyehyɛe pa na wɔtoto nneɛma yiye. Nim a yenim sɛ wofi ɔdɔ mu na ayɛ nhyiam nhyehyɛe no ama yɛn no ka yɛn ma yɛde biakoyɛ yɛ ade sɛnea ɛbɛyɛ a ‘ade nyinaa bɛkɔ so fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.’ (1 Kor. 14:40) Wɔde nsɛm a edidi so yi ama sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi asiesie mo ho yiye ama nhyiam no na ama moanya honhom fam aduan ne Kristofo fekubɔ.

Ansa na Nhyiam no Bedu So No

5 So wɔn a mo ne wɔn yɛ Bible adesua ne anigyefo afoforo hia mo mmoa na ama wɔatumi asiesie wɔn ho akɔ nhyiam no bi? Nea wobehu na wɔate wɔ nhyiam no ase no betumi aka wɔn ma wɔabɛyɛ Yehowa asomfo. (1 Kor. 14:25) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hu obiara a obehia mmoa wɔ ɔdan a ɔbɛda mu ne kar a ɔde bɛkɔ no ho, titiriw asafo no mufo a wɔn mfe akɔ anim no, na wofi ɔdɔ mu hwɛ hu sɛ wɔn nsa aka nea wohia no.—Gal. 6:10.

6 Woayɛ baabi a wobɛda ho nhyehyɛe awie? Sɛ ahɔhodan mu na wobɛda a, so wɔde ɔdan a wɔapɛ ato hɔ ama wo no nɔma ama wo, na woatua sika a wode reto ase no ama ahɔhogyebea no? Ɛde besi saa bere yi, ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no de “Room Request” kratasin biara a Asafo Ɔsom Boayikuw no apene so no amena nhyiam a ɛsɛ sɛ wɔkɔ no mpanyimfo no dedaw. Sɛ wɔnam wɔn a wɔwɔ ahiade titiriw nhyehyɛe no so anya dan ama wo na sɛ ɛho abehia sɛ wutwam a, yɛsrɛ sɛ bɔ wo hɔnom Dabere Dwumadibea no amanneɛ ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde dan no bɛma obi foforo. Wubetumi ahu wɔn address wɔ krataa a ɛhyɛ June 1999 Yɛn Ahenni Som mu no mu wɔ kratafa 6.

7 Sɛ wopɛ sɛ wuhu biribi fa nhyiam bi ho a, fa address a wɔde ama wɔ krataa a ɛhyɛ June 1999 Yɛn Ahenni Som mu no di dwuma. Yɛsrɛ sɛ mfrɛ Asafo ti no anaa wɔn a nhyiambea hɔ hyɛ wɔn nsa no wɔ telefon so na nkyerɛw wɔn krataa nso.

8 Esiane sɛ nhyiam ase Adugyebea no wɔ hɔ ma wɔn a yare kye wɔn prɛko pɛ wɔ hɔ no nkutoo nti, yɛhyɛ nyansa sɛ sɛ wususuw sɛ ɛho behia a, fa w’ankasa aspirin, ntama a wɔde kyekyere kuru, Inhaler, yafunu yare aduru ne nneɛma a ɛtete saa bra nhyiam no ase. Sɛ wo anaa wo dɔfo bi wɔ yare bi a ɛhaw no te sɛ komayare, asikreyare, anaa otwa a, yɛsrɛ sɛ fa ho nnuru bra nhyiam no ase. Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ obusuani anaa obi a ɔbɛn no a ɔte ne tebea no ase bɛbɛn no, esiane sɛ onii ko no na obetumi de mmoa a ehia sen biara ama no nti.

9 Bere a wudi nhyiambea hɔ akɔneaba no, akyinnye biara nni ho sɛ wubenya hokwan adi adanse wɔ bɔnnɔ so. So wubesiesie wo ho aka nokware no ho asɛm akyerɛ afoforo? Yɛne mmofra nyinaa betumi de yɛn ho ahyem denam nkratawa a yɛde bɛma wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ mmeae a wɔtɔn pɛtro, wɔn a wogyigye tow, ne afoforo a yebehyia wɔn wɔ yɛn akwantu horow mu no so. Yebetumi anya hokwan ahorow a ɛbɛma yɛde nsɛmma nhoma, nhomawa, ne nhoma foforo ama wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye. Siesie wo ho sɛ wubedi nkurɔfo a sɛ wohyɛɛ da kɔɔ asɛnka a, anka wo nsa rentumi nka wɔn no adanse.

Bere a Nhyiam no Rekɔ So No

10 Wɔn a wubetumi apɛ kwan ato hɔ ama wɔn ne w’abusuafo ankasa ne obi a ebia ɔka wo ho wɔ wo kar mu nkutoo. Wobegyaw nkongua a ɛfata ama anuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim, na wobeyi mmeae bi ato hɔ ama wɔn a wɔadi dɛm ne wɔn a wobehia sɛ wɔde wɔn tra mmubuafo nkongua mu no. Yɛrentumi nnya adan soronko mma wɔn a wontumi nnyina ahuamhuamnne ano anaa wɔn a nneɛma ahorow bi ne wɔn ho nnye no. Bere biara a wobɛsɔre afi beae a wote no, yɛsrɛ wo hwɛ hu sɛ woafa wo ho nneɛma nyinaa.

11 Nea ɛbɛyɛ na yɛabom ahyiam wɔ yɛn mantam nhyiam ahorow ase no, wɔhwɛ kwan sɛ yebedi mmara, ogya ho ahyɛde ahorow ne ahobammɔ ho nhyehyɛe a ɛwɔ hɔnom no so. Ne saa nti, ɛnsɛ sɛ yɛde nkokoaa nkentengua a wopia anaa nkentengua biara ba ɔdan a yɛbɛyɛ mu nhyiam no mu. Ebetumi atwitware afoforo ananmu ma wɔasunti wɔ kwan mu anaa nkongua ntam. Nanso, wobetumi de mmofra nkongua a wobetumi de asi wɔn awofo nkyɛn no aba.

12 So wɔbɛbɔ wo asu wɔ ɔmantam nhyiam no ase? Wɔ Memeneda anɔpa dwumadi no ase no, wobegyaw nkongua bi ato hɔ ama asubɔ hwehwɛfo no, na wɔn a wogye ahɔho no bɛkyerɛ mo saa beae yi. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛsrɛ sɛ montra ase ansa na wɔafi dwumadi no ase. Momfa mo Bible, dwom nhoma, mpopaho, ne asuguare ntade a ɛfata mmra. Ntade a wɔatwa so, T Shirt a wɔakyerɛw dawurubɔ nsɛm wɔ mu, ne ntade a ɛtete saa no mfata dwumadi a nidi wom a ɛte sɛɛ. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔne wɔn a wɔrebɛbɔ asu no susuw nsɛmmisa a ɛwɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no mu ho no hwɛ hu sɛ wɔn mu biara te saa nsɛm yi ase. Esiane sɛ asubɔ yɛ obi ankasa ho so a wahyira ama Yehowa Nyankopɔn ho sɛnkyerɛnne nti, ɛmfata sɛ wɔn a wɔrebɔ wɔn asu no suso wɔn nsam bere a wɔrebɔ wɔn asu no.

13 Wubetumi de kamera, ne kasɛt a wopɛ sɛ wokyere kasa gu so adi dwuma wɔ nhyiam no ase. Nanso, ɛnsɛ sɛ faako a wode besi anaasɛ dwuma a wode bedi no si kwan, esi afoforo anim anaa ɛtwetwe wɔn adwene fi dwumadi no so. Ɛsɛ sɛ ɛno ankasa tumi yɛ n’adwuma; kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde sa anyinam ahoɔden anaa akasam nhama so.

14 Yɛsrɛ sɛ esiane sɛ telefon a hama nsa so adɔɔso nti, monhwɛ yiye na antwetwe mo anaa wɔn a wɔte mo nkyɛn no adwene amfi dwumadi no so. Ɛnsɛ sɛ woma saa mfiri yi yɛ dede bere a wote atiefo no mu no. Sɛ ɛho behia sɛ wode saa telefon no di dwuma bere a nhyiam dwumadi no gu so no a, yɛsrɛ sɛ sɔre fi atiefo no mu kɔ abɔnten.

15 Nea ɛbɛyɛ na yɛrensɛe bere pii na nneɛma akɔ so wɔ ano wɔ ano no, Asafo ti no hyɛ nkuran sɛ yɛmfa yɛn ankasa aduan a yebedi no awia mmara nhyiam no ase da biara. Anuanom pii adi akwankyerɛ yi akyi na wɔahu sɛ sɛ wɔpɔn awiabere a, wotumi ne wɔn mmusua tra ase bom di nea wɔde bae no. Anuanom pii aka sɛ wɔn ani agye hokwan a wonya de gye wɔn ahome awiabere na wɔne wɔn nuanom mmarima ne mmea di nkitaho no ho. Eyi hwehwɛ sɛ yebedi kan atotɔ nnuan ne nnuaba de ahyehyɛ nnaka a yɛde nnuan gu mu a yebetumi de ahyɛ nkongua ase mu. Yɛsrɛ sɛ obiara a ɔbɛba bi no bedi akwankyerɛ yi so. Nnansa yi, wɔn a wɔtɔn nnuan wɔ faako a yɛyɛ nhyiam no ahu sɛ anuanom bi fi nhyiam no ase kɔtotɔ nnuan wɔ abɔnten ne adidibea ahorow a ɛbemmɛn hɔ no. Eyi ama wɔn a wɔtontɔn nnuan wɔ faako a yɛyɛ nhyiam no binom rebisa afei sɛ yɛmma wɔn kwan ma wɔntɔn wɔn nnuan mma nhyiamfo no. Sɛ wɔma eyi ho kwan a, anka wiasefo pii ne yɛn bedi afra wɔ hɔ. Afei nso anka nkyereso ne santen a wɔto no tenteenten bɛsan aba, na ama yɛn nhyiam horow no ase ayɛ bagyabagya. Ne saa nti yɛhyɛ obiara nkuran sɛ ɔmmɔ mmɔden mfa n’ankasa aduan ne anonne mmara nhyiam no ase da biara. Ɛsɛ sɛ anigyefo a wo ne wɔn bɛba nhyiam no ase no nso de wɔn ankasa aduan ba. Ɛnsɛ sɛ yɛde abobɔde ne mmosa ba nhyiam no ase.

16 So wubetu wo ho ama ma wɔasiesie nhyiam no ase da biara a wɔbɛpɔn dwumadi no? Anaasɛ wubetumi ayɛ adwuma wɔ nhyiam ase dwumadibea ahorow no bi? Sɛ wubetumi aboa a, yɛsrɛ sɛ bra Adwuma a Wotu Ho Ma Yɛ Dwumadibea wɔ nhyiam no ase hɔ. Mmofra a wonnii mfe 16 nso wɔ hokwan sɛ wɔne ɔwofo anaa ɔpanyin foforo a obetumi ahwɛ wɔn so yɛ adwuma. Nokwarem no, obiara betumi aboa ma wɔasiesie nhyiam no ase denam mmɔden a ɔbɛbɔ sɛ ɔbɛfa wura biara a ɛda fam ato baabi a ɛsɛ so.

17 Wɔde ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛfata wɔ yɛn nhyiam horow ase ho akwankyerɛ a eye ama yɛn. Sɛ nhwɛso no: Yɛwɔ eyi ho akwankyerɛ wɔ nkrataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu no mu, na yɛwɔ nhwɛso ahorow ne mfonini wɔ yɛn nhoma ahorow mu, na nea ɛsen biara no, yɛwɔ nea Yehowa ka wɔ Bible mu no. (Rom. 12:2; 1 Tim. 2:9, 10) Nkurɔfo nim nnipa ko a yɛyɛ ne nea enti a yɛahyiam wɔ wɔn kurow mu no. Enti, yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie ankasa yɛ adansedi kɛse. Yehowa nkurɔfo mu dodow no ara yɛ eyi ho nhwɛso pa. Nanso ɛtɔ mmere bi a, yehu sɛ ebinom a wɔba yɛn nhyiam ahorow ase no nam wɔn ntadehyɛ ne wɔn ahosiesie so da wiase honhom adi. Ntade hanahana biara a obi bɛhyɛ no bɛma ayɛ den sɛ wobebu no sɛ ɔyɛ honhom muni ampa. Ahosiesie a ɛnyɛ kyenkyerenn na ɛho tew, ne nea ɛfata. Enti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ mmusua ti no de ahwɛyiye hwɛ ntade a wɔn abusuafo ayɛ sɛ wɔbɛhyɛ no yiye. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, bere a yɛafi faako a yɛyɛ nhyiam no. Yɛn baagye a yɛbɛbɔ ansa na yɛakɔ nhyiam no ne bere a yɛapɔn no nso ma wohu yɛn sɛ yɛka Yehowa nkurɔfo a wɔn ho tew no ho.—Fa toto Marko 8:38 ho.

18 Honhom kaa Ɔhene Salomo onyansafo no ma ɔkae sɛ “agyimisɛm kyekyere abofra koma ho” na “abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.” (Mmeb. 22:15; 29:15) Adansefo mmofra binom a wogyae wɔn no tumi haw anuanom a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobenya dwumadi no mu mfaso no adwene. Wɔ afe a etwaam nhyiam horow ase no, wohuu mmofra binom sɛ wɔredi agoru wɔ beae a wɔde kar asisi no na ebi nso nenam a wɔnyɛ hwee wɔ apata ase anaa ɔdan a wɔyɛ mu nhyiam no mu bere a na nhyiam dwumadi horow rekɔ so no. Ɛda adi pefee sɛ na saa mmofra yi nnya honhom fam dwumadi a wɔn nso nti na wosiesiei no mu mfaso. Esiane sɛ nea mmofra bɛyɛ no ho asodi da wɔn awofo so wɔ Yehowa anim nti, sɛ agya anaa ɛna ne mmofra no tra faako a, ɛno nkutoo na ɛbɛma wɔahu sɛ mmofra no reyɛ wɔn ade sɛnea ɛsɛ na wɔretie Yehowa akwankyerɛ. Wɔn a wogye ahɔho no bɛkɔ obiara a ɔyɛ biribi de twetwe afoforo adwene no nkyɛn na wɔaka akyerɛ no sɛ onnyae, na wɔafi ayamye mu akae no sɛ ontie dwumadi no.

19 Esiane sɛ yɛto nsa frɛ ɔmanfo ba yɛn nhyiam ase nti, ɛho hia sɛ yɛhwɛ yɛn mmofra ne yɛn nneɛma so yiye. Yɛn mma yɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Yehowa hɔ. Nanso yenim sɛ wiase no da Satan su a ɛyɛ keka no adi. Enti yɛsrɛ mo sɛ momma mo ani nni mo mma akyi bere nyinaa. Afei nso, nnyaw kamera, sika kotoku ne nneɛma foforo a ɛsom bo wɔ w’akongua so. Hwɛ hu sɛ wode safe ato wo kar mu, na fa wo nneɛma gu wo kar to anaasɛ fa kɔ baabiara a wobɛkɔ. Eyi remma ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bebu wo kar ani akowia ade wɔ mu.

20 Sɛ wuhyia ɔdan ho nsɛnnennen biara a, Dabere Dwumadibea ayɛ krado sɛ wɔbɛboa wo. Yɛsrɛ sɛ bere a woda so ara wɔ nhyiam no ase no, sɛ wuhyia dabere ho asɛnnennen biara a, ka kyerɛ Dabere Dwumadibea no. Anuanom no ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ama woasiesie tebea no na ama woakɔ so anya nhyiam no mu mfaso. Afei nso, yɛsrɛ sɛ hyɛ nea edi so yi a ɛfa dabere ho no nsow:

▪ Wɔtaa yi aguamansɛm wɔ television ne video a ɛwɔ ahɔhodan pii mu so. Sɛ wubisa a, ahɔhodan pii beyi dwumadi ahorow bi afi wo TV so kosi sɛ wubefi hɔ. Yɛsrɛ sɛ sɛnea moyɛ no wɔ fie no, monhwɛ mo mma so bere a wɔhwɛ television no.

21 Ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ anuanom kyerɛw nsɛm to hɔ bere a nhyiam no rekɔ so no. Nsɛm ntiantiaa a wobɛkyerɛw no bɛboa wo ma wode w’adwene asi asɛm a wɔreka no so na akae wo emu nsɛntitiriw no. Nsɛm a moakyerɛw ato hɔ a mo ne mo mmusua anaa nnamfo besusuw ho akyiri yi no boa mo ma modwennwen nhyiam no mu nsɛntitiriw ho sɛnea ɛbɛyɛ a mo werɛ remfi.

22 Yehowa nkurɔfo ada ayamye adi bere nyinaa denam ntoboa a woyi de boa teokrase dwumadi no so. (Ex. 36:5-7; 2 Be. 31:10; Rom. 15:26, 27) Wɔde ntoboa ahorow a mufi mo pɛ mu yi de boa wiase nyinaa adwuma no tua adan akɛse a wɔyɛ mu nhyiam anaa nhyiambea akɛse no ho ka. Sɛ wo ntoboa no yɛ check a, yɛsrɛ wo, kyerɛ sɛ wontua mma “Watch Tower.”

23 Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Amos 3:7 no, Yehowa kae sɛ ‘ɔrenyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.’ Sɛ nea “Oyi ahintasɛm adi” no, Yehowa ama wɔakyerɛw nkɔmhyɛ pii wɔ Bible no mu ma abam pɛpɛɛpɛ. (Dan. 2:28, 47) Yɛrehwɛ bɔhyɛ akɛse mmamu kwan. 1999 “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam Horow no bɛhyɛ wo gyidi den wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ mu. Yɛ aso tie asɛm a Yehowa ka kyerɛ wo no yiye. Fa nea wubehu na wobɛte no di dwuma—wɔ asɛnka mu, asafo no mu, ne w’abrabɔ mu. Yɛsrɛ Yehowa nhyira pii wɔ nhyehyɛe a moreyɛ de akɔ honhom fam apontow kɛse yi ase da biara no nyinaa so!

[Kratafa 3 adaka]

Yɛ nhyehyɛe kɔ da mũ no nyinaa dwumadi Fida, Memeneda, ne Kwasida!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena