Wiase Nsɛm
“Okyinsoromma a Wonnim”
Wohuu kontromfi akuw abiɛsa bi a ɛsono wɔn su a wonhuu bi da wɔ Amazon kwae mu wɔ mfe abien pɛ mu. Wɔ wiase nyinaa no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wohu nnomaa akuw abiɛsa a ɛsono wɔn su afe biara. Wohuu amanku akuw 1,200 a ɛsono wɔn su wɔ nnua 19 ho nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ Panama no mu, na na wonhuu emu ɔha biara mu 80 da. UNESCO Sources nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Abɔde a nkwa wom bebree wɔ hɔ a yennim wɔn.” Sɛ nhwɛso no, “akontaabu kyerɛ sɛ mpataa a wɔwɔ Amerika Kesee Fam nsu mu no ɔha biara mu 40 na wonnim wɔn. . . . Na dɛn na yebehu wɔ po ahorow a wɔnhwehwɛɛ mu no mu?” Asɛm no yɛ kɛse bere a wususuw abɔde nketenkete a nkwa wom pii no ho no: afifide, asasehono, asunson ahorow, ananse ahorow, ne mmoawa ne afifide a wonnya nhui. Sɛ nhwɛso no, “mmoawa a aniwa ntumi nhu wɔn ɔpepem 90 betumi atra kwaem dɔte gram biako pɛ mu.” UNESCO Sources ka sɛ, ebinom bu akontaa sɛ ebia abɔde a nkwa wom a ɛsono wɔn su wɔ asase so no bedu “ɔpepem 200.” Ɛmfa ho sɛ wɔayɛ asase ho nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri no, ɛda so ara yɛ “okyinsoromma a wonnim.”
Canada Gyinapɛn Ahorow a Ɛresakra Ntɛmntɛm
The Toronto Star bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ nea ennu awo ntoatoaso biako mu no, Canadafo—a wɔka Engiresi kasa ne wɔn a wɔka Franse kasa nyinaa—apow asɔre, ɔman ne aguadi ahyehyɛde ahorow a ɛma wonya ahotɔ na nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ wiase aguadi ne sikasɛm ne ɔman mu no tumi a wɔwɔ.” Dɛn ntia? Wɔpɛ honam fam nneɛma ntɛm. Wɔbɔ mmɔden sɛ “wobenya biribiara a wohia” mprempren. Star no de ka ho sɛ: “Wɔde nnipa gyinapɛn ahorow asi Yudafo ne Kristofo abrabɔ ho mmara no ananmu, na wɔde honam fam anigyede asi Katolek tete nkyerɛkyerɛ no ananmu. Ɛkame ayɛ sɛ obiara mpɛ sɛ obetu n’anigye ahyɛ da de atwɛn asetra a edi hɔ no, sɛ yɛrenka obi mpanyinyɛ bere mu ho asɛm koraa a.” Wommu Onyankopɔn bio sɛ obi a ɔwɔ tumi sen onipa. Enti, wonsuro biribiara, na wɔnte afobu biara nka. Wobu wɔn ani gu honhom fam nneɛma so bere a wɔbɔ mmɔden biara a wobetumi sɛ wobenya honam fam nneɛma pii no.
Afeha a Ɛto so 20 mu Nneɛma a Wohu Siei
Ná obi a ɔte afeha a etwaam mu no betumi asusuw nneɛma a wɔyɛ nnɛ te sɛ kar ahorow, mfiri a wɔde fa akwantufo pii, nnwom a wɔde afiri bɔ, ne mfiri a wɔde di nkitaho ho? Wɔ 1863 mu no, Franseni ayɛsɛm kyerɛwfo Jules Verne, a wɔde nhoma te sɛ Around the World in 80 Days ne 20,000 Leagues Under the Sea, nim no yiye no kaa saa nneɛma no ho asɛm siei, na ɔkaa ho asɛm kɛse wɔ n’ayɛsɛm nhoma bi a ɔtoo din Paris in the 20th Century a na wontintimii no mu. Ɛwom sɛ Verne nhomatintimfo no powee sɛ emu nsɛm no nyɛ nokware na wɔrentumi nnye nni koraa de, nanso nhoma a wɔahu nnansa yi ka yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu asetra ho asɛm pɛpɛɛpɛ wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so, a akodeyɛ mu nkɔso, anyinam ahoɔden agua a wɔde kum nnipa, efĩ, ne nnipadɔm ne kar ahorow nkyereso ka ho. Verne huu nnipa a nsɛm haw wɔn a wɔahwere tete nneɛma ne amammerɛ mu anigye, nnipa a aguadi de wɔn ayɛ nkoa a mfiridwuma adi wɔn ti no siei. Paris International Herald Tribune no kae sɛ: “Ɛnyɛ sɛ Verne kaa nneɛma pii a nnɛyi mfiridwuma bɛyɛ ho asɛm siei nko, na mmom ohuu nneɛma a ɛyɛ hu yiye a ebefi mu aba no nso.”
Nsɛmmɔnedi a Ɛrenya Nkɔso Wɔ Japan
Nsɛmmɔnedi a polisifo ka sɛ efi ahokyere, nkɔanim a atuo a wɔtɔn no sum ase anya, ne nsɛmmɔnedi a wɔhyɛ da yɛ ho akwan tumi a ɛso retew no, renya nkɔso wɔ Japan a nnansa yi na wɔka ho asɛm sɛ nsɛmmɔnedi nni hɔ kɛse no. Sɛnea polisifo panyin Takaji Kunimatsu kyerɛ no, nsɛmmɔne a wɔde atuo di no adɔɔso yiye, na sɛ wɔanhwɛ anni ho dwuma a, “ɛbɛsɛe ɔmanfo nhyehyɛe pa” wɔ Japan. Sɛnea Mainichi Daily News kyerɛ no, nsɛmmɔne a “mpapahwekwa” di no nso redɔɔso, a “nkurow akɛse mu asetra nkyereso ho nhyɛso a ennyae” na ɛde emu fã ba. Sɛnea ɛbɛboa wɔn a wɔte nkurow akɛse mu ma wɔagyina ano no, asetra mu nsɛm ho ɔbenfo Susumu Oda de nyansahyɛ a edi so yi mae: Kura nidi atitiriw te sɛ, nkyia a wogye so mu na ka sɛ “mesrɛ wo” bere a ɛfata, na fa serew “yi ɔtan ho adwene biara fi hɔ.” Sua obu kwan a wobɛfa so de apow ade. Fa yɛ wo su sɛ wode ɔpon akyi nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛma ahobammɔ bedi dwuma. Bu polisifo sɛ nnamfo. Na “mmu akuturukubɔ mu ntetee sɛ ɛno ne ɔkwan a wobɛfa so abɔ wo ho ban wɔ nsɛmmɔnedi ho—ɛda adi kɛse sɛ ebetumi ama obi apira kɛse.”
Mogya a Wɔde Ma mu Asiane Ahorow
The Toronto Star bɔɔ amanneɛ sɛ: “Efi saa bere yi kosi mfe apem no, wobetumi ahwehwɛ mogya a wɔde ma wɔ Canada mu, na mogya a wɔde ma mu asiane ahorow bɛkɔ so awɔ hɔ daa.” Bere a Oduruyɛfo William Noble a ɔwɔ St. Michael Ayaresabea de ho adanse rema wɔ bagua bi a ɛrehwehwɛ asiane a enni mogya a wɔde ma mu wɔ Canada anim no, ɔkae sɛ: “(Asiane ahorow no) wɔ hɔ na ɛbɛwɔ hɔ daa.” Star no ka sɛ, asiane a mogya a wɔde ma de ba no bi ne, “biribiara a ɛhaw nipadua no kosi AIDS a wonya fi mogya a wɔde ma mu so.” Mogya a wɔde ma ho abenfo kyerɛ sɛ ayarefo pii ahaw nnɛ sɛ wobenya AIDS afi mogya a wɔde ma mu. Oduruyɛfo Noble ka sɛ: “Da bi ntwam a yɛmmɔ nkɔmmɔ mfa asemmisa, ‘Memfa mogya mma obi anaasɛ memmfa mma no?’ ho.”
Osisi Nkwaa
The Toronto Star ka sɛ: “Sisi tuntum nkwaa a efi Canada a wɔtɔn no sum ase betumi ama woanya sika pii sen sɛ wode wo ho bɛhyɛ amanaman ntam nnubɔne tɔn mu.” Nnunsifo a wɔwɔ Asia aman a wodi yiye te sɛ China, South Korea, Japan, Taiwan, ne Hong Kong no hwehwɛ sisi tuntum bɔnwoma ne n’abɔwerɛw pii atɔ. Star no de ka ho sɛ: “Akontaa bi a California polisifo panyin bi bui no kyerɛ sɛ, wɔ Asia no, ebedu bere a wɔde anantwi ne mprako bɔnwoma ‘bɛbrɛ’ (bɛfra) sisi bɔnwoma kilogram biako ‘ase’ no, na ‘n’abɔnten bo’ (sika a wɔn a wɔde bɔnwoma no di dwuma tua) no akɔ soro akodu (U.S.) dɔla ɔpepem 1. Sɛ wɔde toto ho a, akontaabu kyerɛ sɛ cocaine a wɔtɔn wɔ Metro Toronto no kilogram biara abɔnten bo yɛ $100,000.” Abɔde a wɔn nkwa da asiane mu ho ɔbenfo Carole Saint-Laurent, a ɔwɔ Wiase no Wuram ne Nsu mu Mmoa ho Foto/Canada, no ka sɛ: “Ɛyɛ aguadi a mfaso wom kɛse.” Wosuro sɛ sisi nkwaa a wɔhwehwɛ atɔ no dodow bɛkɔ soro. Wɔatɔre asisi pii ase wɔ Asia dedaw.
Brazil Abɔde a Wɔn Nkwa Da Asiane Mu
Atesɛm krataa O Estado de S. Paulo ka sɛ: “Brazil wɔ kwae a ɛso sen ɔman foforo biara de mprɛnsa, na afifide ne mmoa wɔ hɔ sen baabiara wɔ wiase no mu, na ɛda so ara yɛ faako a nufuboa dodow no ara wɔ, mmoa ahorow 460, wɔ n’asasesin mu. Nanso Brazil nso ne ɔman a emu mmoa nkwa da asiane mu sen biara, mmoa ahorow 310, na emu 58 yɛ nufuboa.” Ɛwom sɛ nufuboa biara nni hɔ a n’ase agu de, nanso “Brazil nufuboa” te sɛ “tamarin gyata a Brazil nkutoo na wɔwɔ no ɔha biara mu 12 nkwa da asiane mu.” Abɔde bi a wɔn nkwa da asiane mu no bi “wɔ mmeae a wɔmma nnipa kwan nkɔ hɔ ma enti ɛhɔ a wɔbɛkɔ no betumi ama wɔn ase agu.” Sɛnea atesɛm krataa no kyerɛ no, wɔka abɔde bi ho asɛm sɛ n’ase agu bere a mfe 50 atwam a wɔanhu bi wɔ wuram no.
Nnipa a Wɔte Okyinsoromma no So
Sɛnea UNFPA (Amanaman Nkabom no Ɔmanfo Dodow ho Foto) akontaabu kyerɛ no, nnipa a wɔte okyinsoromma no so dodow duu ɔpepepem 5.66 wɔ 1994 mfinimfini. Akontaabu kyerɛ sɛ nnipa no dodow bɛkɔ soro akodu ɔpepepem 6 wɔ 1998 mu, ɔpepepem 8.5 wɔ 2025 mu, ne ɔpepepem 10 wɔ 2050 mu, a ɛkame ayɛ sɛ nkɔanim no nyinaa bɛba wɔ Asia, Afrika ne Lartin Amerika. Afrika, a nnipa no dodow kɔ soro ɔha mu 2.9 afe biara no ne asasepɔn a emu nnipa redɔɔso sen biara wɔ wiase no mu. Europa na wosua koraa—ɔha mu 0.3. UNFPA san ka sɛ ebedu afeha no awiei no, bɛyɛ mfe anum pɛ fi saa bere yi no, na wiase no mu nnipa fã tete nkurow akɛse mu. Saa bere no, nnipa bɛboro ɔpepem biako bɛtra nkurow 300 mu wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu, sɛ wɔde toto nkurow 125 a wɔtete mu nnɛ no ho a.
Abusuabɔ Pa Ne Asɛm No
The Toronto Star ka sɛ: “Ɛyɛ abusuabɔ ko a mmofra wɔ—na ɛnyɛ abusua ko a wɔwom—na ɛkyerɛ sɛ mmofra a wɔadu mpanyin afe so de nnubɔne bedi dwuma anaasɛ wobenya nneyɛe mu nsɛnnennen.” Nyansahufo Ed Adlaf kae sɛ, nhwehwɛmu bi a Adeyɛ a Ɛka Obi Hɔ ho Nhwehwɛmu Ahyehyɛde yɛe wɔ mmofra 2,057 ho wɔ Ontario no daa adi sɛ, “sɛnea abusua bi mufo ntam abusuabɔ te no wɔ nkɛntɛnso kɛse sen sɛnea abusua no te ankasa.” Mmofra a wɔadu mpanyin afe so a wɔwɔ mmusua a abusuabɔ pa wom mu, ɛwom mpo sɛ ɛnyɛ wɔne wɔn awofo ankasa na ɛte anaa wɔyɛ mmanoma anaa wɔne ɛnanom ahokwafo na ɛte de, nanso esi wɔn yiye sen wɔn a wɔwɔ mmusua a mmofra no yɛ awofo no ankasa mma a abusuabɔ pa nni wɔn ntam no. Star no kae sɛ: “Wɔn a wɔtaa ka wɔn haw kyerɛ wɔn awofo no ntaa nni mmofrabɔnesɛm. Wɔn a wɔne wɔn awofo no mu biara nka wɔn haw ahorow ho asɛm no taa bow nsa, de nnubɔne di dwuma na wodi mmofrabɔnesɛm.” Bere dodow a mmofra di wɔ wɔn awofo ho, sɛnea wɔn ntam abusuabɔ te, ne sɛ ebia awofo hwehwɛ baabi a wɔn mma kɔ ne wɔn dwumadi akyi kwan no yɛ nneɛma atitiriw a ɛtew nsɛnnennen so. Adlaf kae sɛ: “Ɛho hia sɛ wode bere bi si hɔ ne wo mma bom yɛ ade.”