Wiase Nsɛm
Ma W’ani Nnye—na Nya Apɔwmuden!
Ɔbenfo Sueli Damergian a ɔwɔ São Paulo Sukuupɔn mu ka sɛ: “Ɛdenam aseresɛm so no, nkurɔfo nya nneɛma ho koma kɛse, wodi abasamtu ho dwuma yiye, na wonya honam ne adwene mu ahoɔden.” Sɛnea amanneɛbɔ bi a ɛbaa Brazilfo atesɛm krataa O Estado de S. Paulo mu kyerɛ no, aseresɛm a ɛfata yɛ ade a wobetumi asua—te sɛ akenkan ne akyerɛw ara pɛ. Ɛda adi pefee sɛ, eyi hwehwɛ sɛ obi a ne bo nkyɛ fuw sesa ne nsusuwii. Adwene ne nneyɛe ho ɔbenfo Raquel Rodrigues Kerbauy kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ obi susuw sɛ ɔbɛserew bere a biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ wiase nkutoo a, ɔbɛyɛ obi a ne bo fuw ntɛmntɛm daa daa. Anyɛ yiye koraa no, nsisi wɔ baabiara.” Amanneɛbɔ no ka sɛ, bere a nnipa a wɔn anim tew nni adagyew mpo no, wɔkɔ so ne afoforo nya nkitahodi. Wobu nneɛma nketenkete te sɛ “nkɔmmɔdi, tɔfe, anaa dwom dɛdɛ bi a wotie no simma anum” sɛ ɛsom bo. Nanso, Damergian bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛnsɛ sɛ obi fa nsɛnhunu anaa kasafĩ sɛ aseresɛm a ɛfata.”
Nnomaa Adɔfo De Nnomaa Reto Asiane Mu?
London Sunday Times bɔ amanneɛ sɛ, nnomaa adɔfo betumi apira nnomaa kɛse sen sɛ wɔbɛyɛ wɔn yiye bere a wogyaw nnuan wɔ wɔn turom ma wɔn sɛ wonni no. Nnuan a ɔyare mmoawa bi a wɔfrɛ wɔn salmonella, ɔyare mmoawa nketenkete, ne mmoawa foforo a aniwa nhu wɔn a wonnim wɔn asɛe no, akunkum Britain turom nnomaa ɔpedudu pii nnansa yi. James Kirkwood a ɔyɛ mmoa ho ɔyaresafo panyin wɔ London Mmoa Yɛmmea no suro sɛ ebia na mmoa bi ase atɔre wɔ mmeae bi. Ɔyare mmoawa ne mmoawa nketenkete a wɔn ho yɛ den no di nna pii wɔ nnomaa no tiafi a egu wɔn adidipon so anaa fam no mu. Ɔbenfo Chris Perrins a ɔwɔ Oxford Sukuupɔn no bɔ kɔkɔ sɛ, nkate a ahura titiriw ne ade a ɛyɛ hu. Ɔka sɛ: “Aban bara sɛ wɔnntɔn nkate a asɛe mma nnipa, nanso ɔma kwan ma wɔde ma nnomaa di,” na ɔde ka ho sɛ: “Ɛrekunkum nnomaa pii.”
Ofi a Ahotɔ Wom Ma Sommɔre
Ná awɔw a ano yɛ den kunkum sommɔre. Nanso Britain News Scientist nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ nneɛma resesa. John Maunder a ɔwɔ Cambridge Aduruyɛ ne Akoekoemmoa Ho Adesuabea no ka sɛ: “Wɔ mfe du a atwam mu no, nnyinamoa ho sommɔre adɔɔso.” Nnɛyi afie mu na sommɔre yi a ɛsan wɔ nkraman ho no de ayɛ wɔn hintabea a ahotɔ wɔ seesei. Bere bi a atwam no, na awɔw ma wim wo—ade titiriw a ɛsɛe sommɔre nkesua. Maunder ka sɛ: “Seesei, mframa kwan a ɛwɔ afie pii mu no nye araa ma fam kɔ so fɔw, ma mpo awɔw a ɛkyɛ no nkum sommɔre no.”
Sɛnea Wogyina Sukuu mu Asisifo Ano
Esiane nsɛm pii a wɔaka fa sukuu mu nsisi ho nnansa yi nti, Japan Asoɛe a Ɛhwɛ Nhomasua So no yɛɛ mmofra 9,420 ne wɔn awofo ne wɔn akyerɛkyerɛfo ho nhwehwɛmu. Nhwehwɛmu no daa no adi sɛ mfitiase sukuu ne adantam sukuufo a wosisi wɔn no awofo mu ɔha biara mu 70 na wonnim ɔhaw no ho hwee anaa wommu nea wɔn mma no ka no aniberesɛm. Esiane sɛ mmofra a wosisi wɔn no pii suro sɛ wɔbɛtɔ wɔn so werɛ nti, wɔnka nkyerɛ wɔn akyerɛkyerɛfo sɛ wɔresisi wɔn. Nanso, nhwehwɛmu no kyerɛe sɛ, sɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi di ɔhaw no ho dwuma anibere so a, mmofra a wosisi wɔn no ɔha biara mu 2 pɛ na wɔtɔ wɔn so werɛ, na sukuufo a wosisi wɔn no bɛyɛ ɔha mu 40 na wogyae wɔn asisi. Ɔbenfo Yoji Morita a ɔwɔ Osaka City Sukuupɔn mu no kae sɛ: “Migye di sen bere biara sɛ sɛ mmofra a wosisi wɔn no bɔ wɔn akyerɛkyerɛfo amanneɛ na sɛ akyerɛkyerɛfo no di ho dwuma ɔkwampa so a, wobetumi adi asisisɛm no so.”
Nea Mmofra Pɛ ne Nea Wɔmpɛ
Dɛn na mmofra ani nnye ne yɛ ho koraa? Wɔ nhwehwɛmu bi a Ɔbenfo Gustavo Pietropolli Charmet a ɔwɔ Milan Sukuupɔn a ɛwɔ Italy no yɛɛ wɔ mmofra a wɔadi mfe 6 kosi 11 mu no, mmofra no mu fã kɛse kae sɛ: “Sɛ́ mɛtra fie ahwɛ TV,” anaasɛ “Mɛtra Maame nkyɛn ayɛ sukuu nnwuma a wɔde ba fie.” La Repubblica atesɛm krataa no ka sɛ, ade a wɔn ani nnye ho sɛ wɔbɛyɛ koraa ne sɛ “wobenya nhyehyɛe,” kyerɛ sɛ, wobekyinkyin asua asaw, Engiresi kasa, sanku, ne nea ɛkeka ho. Ade a wɔtaa kyi nso ne sɛ “ɛbɛka wɔn nkutoo.” Nanso, mmarimaa ɔha biara mu 49 pɛ sɛ awofo “ma mmofra kwan ma wogoru wɔ abɔnten,” bere a mmeawa pɛ sɛ awofo “ani begye sɛ wɔne wɔn mma bedi agoru.” Ɔkwan bi so no, wɔka sɛ: ‘Sɛ Maame ne me di agoru a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔredi agoru ankasa. Sɛ n’ani nnye ho a, metumi ahu, na ɛba saa a me nso m’ani rennye.’
Ɔsɔfopɔn Bi Kamfoo Adansefo Dwumadi
Ɔsɔfopɔn Suenens a ɔwɔ Belgium, a ɔyɛ Katolek asɔre nkabom ne honhomsɔre ahorow kannifo no wui nnansa yi bere a na wadi mfe 91. Belgiumfo atesɛm krataa Het Belang van Limburg kae sɛ ɛwom sɛ Suenens yɛɛ nneɛma pii de, nanso wannu n’asetram botae ho. Ɔsɔfopɔn Danneels a odii n’ade no kae sɛ Suenens “hwehwɛe bere nyinaa sɛ Kristofo bɛyɛ adwuma kɛse. Ná . . . ontumi nhu sɛ wɔnkɔ apon ano sɛnea Yehowa Adansefo yɛ no anaa. Na awiei koraa no, ohui sɛ eyi yɛ ɔkwampa. Asɛm a na ɔtaa ka ma nkurɔfo te ne sɛ: ‘Sɛ wutumi yɛ obi foforo Kristoni a, na woyɛ nokware Kristoni.’”
Ɛpo Mu a Wosiesie
Da a osu antɔ mpo no, nsu ne nneɛma fĩ galɔn ɔpepedudu pii sen fi kurow mmɔnten so kogu po nsu a ɛwɔ Los Angeles, California, no mu. Sɛ osu tɔ a, nsufi no du galɔn ɔpepepem pii! Kurow sohwɛfo no ma wɔyɛɛ dwumadi bi kyerɛɛ emufo no sɛ biribiara a wɔtow gu, wɔhohorow, anaa wɔpra gu mmɔnten so no fa nsukã mu kɔ po mu tẽẽ—a efĩ wom! Nea ɛka eyi ho ne afiri mu ngo ne fango afoforo a efi kar mu, sare a wɔadɔw, nwura, ne mmoa tiafi. Nea ɛbɛyɛ na wɔakwati sɛ wɔbɛsɛe Santa Monica Bay a ɛbɛn hɔ no, wɔhyɛ kurow no mufo no nkuran sɛ: Monntow nwura nngu mmɔnten so da; mompra akwan ho sen sɛ mode nsu bɛhohoro agu; mompra mmoa tiafi; munsiesie kar a enwini; na monsesa mfiri mu ngo. The Wall Street Journal bɔ amanneɛ sɛ nnipa a woguare po a ɛbɛn nsukã mu no ɔha biara mu 50 na wobetumi anya atiridii, afefe, anya ɔhome mu nyarewa, anaa asoyare ntɛm asen wɔn a anyɛ yiye koraa no, wɔne nsukã no ntam twe bɛyɛ mita 360 no.
Po Ase Akohyɛn a Nhwi Wɔ Ho
Sɛnea New Scientist nsɛmma nhoma no kyerɛ no, Sweden Po So Asraafo da so kura dwumadi bi a ɛne sɛ wɔde nsu ase akasam bɛkyere dede a po ase akohyɛn a dade a etwa ne ho wɔ ase ma nsu no yɛ no. Bere a wɔreyɛ “nsu ase dwuma a wodi no amannɔne” ho amanneɛbɔ 6,000 a egyina akasam nhyehyɛe ne nneɛma a ɔmanfo hu so mu nhwehwɛmu no, aban asoɛe bi huu dwuma a po ase akohyɛn di ho adanse a edi mũ mpɛn asia pɛ. Amanneɛbɔ no ka sɛ, “asuboa nketewa a wɔde wɔn nan bobɔ nsu mu denneennen” no na ɛde dede a aka no mu pii ba. Ɛkame ayɛ sɛ nsuboa bi a wɔfrɛ wɔn mink ne otter yɛ dede a ɛte sɛ po ase akohyɛn ase dade ara pɛ, na ɛdaadaa po so asraafo a wotie no.
Mmofra a Wɔreto Mmofra Mmonnaa
Johannesburg atesɛm krataa Saturday Star bɔ amanneɛ sɛ, mmofra nkumaa reto wɔn yɔnko mmofra mpempem pii mmonnaa wɔ South Africa. Evanthe Schurink a ɔwɔ Nnipa Ho Nyansahu Mu Nhwehwɛmu Bagua no mu no kyerɛ sɛ basabasayɛ yi fã fi to a wɔto mmofrabɔne a wɔyɛ saa no ankasa nso mmonnaa no. Marilyn Donaldson a ɔyɛ mmofra ho fotufo wɔ Nsɛmmɔnedi Ho Nhwehwɛmubea ne Awerɛkyekye Ayaresabea no pene so, na ɔka sɛ: “Wɔ afie . . . pii mu no, wɔyɛ saa mmofra yi ayayade a ɛyɛ hu, na mpɛn pii no, mmofra a wɔn nso to wɔn mmonnaa no yɛ wɔn abusuafo a emu twe.” Ɔkasa tia asetra mfonoe ne mmonnaato no pii a awofo bu wɔn ani gu so no nso. Ɔka sɛ: “Sɛ ɔwofo no reyɛ adwuma a, obiara nni fie a ɔbɛhwɛ mmofra no, enti mmonnaatofo no tumi nya wɔn.” Bere a Donaldson reda asiane foforo adi no, ɔkae sɛ ohu mpɛn pii sɛ “mmofra a wɔadi fi mfe 6 kosi 10 ba nhwehwɛmubea hɔ a wɔanya Aids afi ɔbarima ne ɔbea nna mu.”
Nsa a Obi Nom Bere a Ɔyem
The Medical Post a ɛwɔ Canada no bɔ amanneɛ sɛ: “Nhwehwɛmu foforo afoa so sɛ nsa a mmea nom bere a wɔyem no ma asiane a ɛne sɛ abofra no benya yare bi a wɔfrɛ no leukemia no yɛ kɛse.” Mmofra a wɔte saa 302 a wɔwɔ leukemia a wohui bere a na wɔanya asram 18 anaa wonnu saa ne mmofra kuw foforo 558 a wɔamfa saa tebea no mu, na wɔyɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu. Wɔ mmofra a wɔn nanom nom nsa bere a na wɔn nyinsɛn adi asram asia anaa akron no fam no, na asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wobenya leukemia a ano yɛ den no reyɛ akɔ soro asen wɔn a wɔn nanom annom bi no mmɔho du. Wɔkae sɛ nhwehwɛmu foforo no ne afoforo a ɛfa ɛnanom a wɔyem a wɔnom nsa ne asiane kɛse a ɛwɔ hɔ sɛ wɔn mma no benya leukemia ho no hyia.