Bepɔw a “Etutu”
WƆ IRELAND atɔe fam no, Croagh Patrick a n’atifi yɛ srɔnsrɔn ma ɛda nsow no yi ne ho sen mmepɔw a atwa ho ahyia nyinaa. Afe biara July Kwasida a etwa to no, bepɔw no atifi yɛ te sɛ nea ɛretutu bere a nnipa dodow bɛyɛ 30,000, mmofra ne mpanyimfo nyinaa foro kɔ atifi (mita 765) hɔ afe afe kɔyɛ ɔsom mu nneɛma no.
Akwantufo di aforosiane wɔ ɔkwan ketewa bi a ɛso yɛ basabasa, na ɛda mmeae a ɛyɛ hu so saa da no. Nokwarem no, atifi pɛɛ no (a ne tenten bɛyɛ mita 300) ware yiye, na abotan a entintim fam yiye nkutoo na ɛwɔ hɔ, na ɛno ma bepɔw no foro yɛ hu ne nea ɔbrɛ wom.
Ebinom foro a wɔnhyɛ mpaboa, na nnipa kakraa bi mpo de wɔn nkotodwe gu fam foro mmeae bi. Mmere bi a atwam no, na wofi ɔsom mu nneɛma a wɔkɔyɛ yi ase anadwosum.
Dɛn nti na Croagh Patrick foro ho hia nnipa pii saa?
Wofi Bere Tenten Abu Hɔ Sɛ Baabi a Wɔkɔyɛ Ɔsom mu Nneɛma
Wɔ afeha a ɛto so anum Y.B. mfiase hɔ no, Roma Katolek Asɔre no de Patrick kɔɔ Ireland sɛ ɔsɔfopanyin sɛmpatrɛwfo. Ná ne botae titiriw ne sɛ ɔbɛma Irelandfo no abɛyɛ Kristofo, na wɔka sɛ Patrick na ɔhyɛɛ Katolek Asɔre no ase wɔ hɔ wɔ ne mfe a ɔde kaa asɛm na ɔyɛɛ adwuma wɔ nkurɔfo no mu no.
N’adwuma no de no kɔɔ mmeae pii wɔ ɔman no mu nyinaa. Mmeae no biako ne Ireland atɔe fam, beae a sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, odii nna 40 awia ne anadwo wɔ bepɔw a wɔde too no—Croagh Patrick (a ɛkyerɛ “Patrick Koko”) no so. Odii mmuada bɔɔ mpae wɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a n’asɛmpatrɛw adwuma no benya nkɔso.
Wɔato anansesɛm pii afa ne nnwuma no ho wɔ mfe a atwam no mu. Nea agye din kɛse no biako ne sɛ, bere a na Patrick wɔ saa bepɔw no so no, ɔpamoo awɔ nyinaa fii Ireland.
Atetesɛm kyerɛ sɛ osii asɔredan ketewa bi wɔ bepɔw no atifi. Ɛwom sɛ ɔdan no adwiriw agu bere tenten ni de, nanso ne fapem no ankasa da so wɔ hɔ, na beae no ne bepɔw no abɛyɛ baabi a wotu kwan kɔyɛ ɔsom mu nneɛma wɔ hɔ mfe no nyinaa mu.
Ɔsom mu Nneɛma a Wɔkɔyɛ no Afã Horow
Wɔ obi a ne mfe akɔ anim anaasɛ onnim bepɔw foro fam no, bepɔw no a ɔbɛforo kilomita 5 asiane dwoodwoo no ankasa yɛ adwuma pa.
Wɔ ɔkwan no so mmeae bi a ɛho hia no, akuw bi a wodi tebea ahorow a egye ntɛmpɛ ho dwuma wɔ hɔ a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛyɛ nnipa a wopirapira no aduru.
Mmeae anaa gyinabea ahorow abiɛsa wɔ kwan no so a wɔn a wɔrekɔyɛ ɔsom mu nneɛma no yɛ bɔne ho ahonu ho mpaemuka. Wɔkyerɛkyerɛ eyi mu pefee wɔ nkaebɔ pon bi so wɔ baabi a wofi ase foro no.—Hwɛ adaka no.
Dɛn Nti na Wɔforo?
Dɛn nti na nnipa pii foro bepɔw a ne foro yɛ den yi? Dɛn nti na ebinom kɔ akyiri saa, bere a wɔforo no?
Wiɛ, ebinom gye di sɛ wɔbɔ mpae wɔ bere a wɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma no mu a, ɛda adi sɛ wobetie wɔn nneɛma a wohia ho adesrɛ no. Afoforo nso yɛ saa de hwehwɛ bɔne fafiri. Wɔ afoforo fam no, eyi ne ɔkwan a wɔfa so da ase. Nokwarem no, nnipa pii kɔ kogye wɔn ani. Nhomakyerɛwfo bi kae sɛ, ‘ɛkyerɛ biakoyɛ, nkabom ne ɔdɔ.’ Ɔsan kae sɛ Croagh Patrick a wɔforo no “yɛ ɔkwan a wɔnam so di Ɔhotefo Patrick anammɔn akyi na wohu gyidi ho ka a wɔde no no.” Ɔde kaa ho sɛ, nea ɛma bepɔw no a wɔforo no yɛ ade a ɛho hia ne sɛ ɛyɛ “ahonu bi efisɛ ahoɔden a wɔde foro no yɛ adeyɛ a ɛkyerɛ ahonu ankasa. Bepɔw no a wɔforo no brɛoo kɔ atifi no yɛ ahonu a wɔde bere tenten da no adi.”
Ɔbarima bi ka de hoahoaa ne ho sɛ waforo bepɔw no mpɛn 25! Ɔkae sɛ ɔyɛɛ saa “de kyerɛɛ ahonu bi!” Ɔbarima foforo kyerɛkyerɛɛ mu tiawa sɛ, “Sɛ woammerɛ a, wunnya!”
Ɛwom sɛ ɛho nhia de, nanso nnipa pii foro bepɔw no a wɔnhyɛ mpaboa. Dɛn nti na wɔyɛ saa? Nea edi kan no, wosusuw sɛ asase no yɛ asase “kronkron” ma enti woyi wɔn mpaboa. Nea ɛto so abien no, wɔyɛ saa ma ɛne wɔn botae a ɛne sɛ ‘wɔrekyerɛ ahonu bi’ no hyia. Eyi nso kyerɛkyerɛ nea enti a ebinom bu nkotodwe ka wɔn bɔne kyerɛ no mu.
Ɛka Ebinom Ma Wonya Ɔbɔadeɛ Ho Anisɔ
Nanso sɛ obi nni nyamesom mu adwene a wɔn a wɔforo bepɔw no kɔyɛ ɔsom mu nneɛma da titiriw bi wɔ no nso ɛ? Obetumi aforo bepɔw no bere biara, bere a wim tebea ye na ɔhyɛ mpaboa pa no. Yɛamforo no ɛda a nnipadɔm a wɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma reforo no. Yetumi susuw bepɔw no foro ankasa ne nkɛntɛnso a anya wɔ nnipa pii so no ho, bere a yegyinagyinaa mpɛn pii gyee yɛn ahome no. Bere a yesusuw wɔn a wɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma mpempem pii a wɔde ahoɔden foro bepɔw no, na wɔka wɔn bɔne ahorow kyerɛ no ho no, ɛkaa yɛn ma yebisaa yɛn ho sɛ, ‘Eyi ne nea Onyankopɔn hwehwɛ? Amanne a ɛne sɛ obi bɛforo bepɔw bi anaasɛ ɔbɛnantew atwa nkaedum ahorow bi ho ahyia bere a ɔretĩ mpaebɔ bi mu ka no mpɛn pii no twe no bɛn Onyankopɔn ankasa?’ Afotu a ɛfa mpaebɔ a woti nsɛm mu ka no mpɛn pii ho a Yesu de mae wɔ Mateo 6:6, 7 no nso ɛ?
Nokwarem no, yɛamforo bepɔw no ankɔyɛ ɔsom mu adeyɛ bi. Nanso, yɛtee nka sɛ yɛabɛn yɛn Bɔfo no efisɛ na yetumi hu n’abɔde, mmepɔw a ɛwɔ baabiara a ɛka asase so nneɛma a ɛyɛ nwonwa ho no. Ná yetumi fi bepɔw no atifi hu asase no fã bi a ɛyɛ fɛ a biribiara nsi yɛn anim, na yehuu baabi a asase no ne Atlantic Po no hyia no mpo. Nsupɔw nketewa a egu ɛpo faka a ɛda yɛn ase a na ɛso hyerɛn no so ne asase a mmepɔw mmepɔw wɔ so a ɛso mmonkye mmɔnka a hwee nni so a ɛwɔ ɔfã foforo no bɔ abira koraa.
Yesusuw gyinabea ahorow abiɛsa no ho. Yesu ankasa asɛm a ɔka kyerɛɛ ne nokware akyidifo yi baa yɛn adwenem: “Sɛ mobɔ mpae a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfo; na wosusuw sɛ wɔn kasa dodow nti wobetie wɔn.”—Mateo 6:7.
Yehui sɛ bepɔw no abɛyɛ amammerɛ a ama nnipa mpempem pii de wɔn ho ahyɛ amanne bi a ɛyɛ den mu no fã. Yesusuw sɛnea na ɛno ne ahofadi a ɔsomafo Yohane kaa ho asɛm bere a ɔkae sɛ: ‘Yedi Onyankopɔn ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den’ no bɔ abira no ho.—1 Yohane 5:3.
Yɛn ani gyee yɛn adifi, a Croagh Patrick a yɛforoe no ka ho no ho. Ɛkaa yɛn ma yɛhwɛɛ bere a adesamma nyinaa bɛde wɔn ho afi amammerɛ a ennyina Bible so ho, na wɔatumi asom asase Bɔfo a ɔwɔ dɔ no “wɔ honhom ne nokware mu” no kwan.—Yohane 4:24.
[Kratafa 27 adaka]
Ɔsom mu Nneɛma a Wɔkɔyɛ no Afã
Obiara a ɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma a ɔforo bepɔw no Ɔhotefo Patrick Da anaa afahyɛ nnawɔtwe no mu, anaasɛ bere foforo biara wɔ June, July, August ne September asram no mu, na ƆBƆ MPAE WƆ ASƆREDAN NO MU ANAA ƐHO, ma Pope no nsusuwii ahorow no benya bɔne fafiri bi denam Bɔneka ne Adidi Kronkron wɔ bepɔw no Atifi hɔ anaasɛ wɔ dapɛn no mu so.
MMEAE ATITIRIW A ƐSƐ SƐ WOGYINA
“Gyinabea ahorow” abiɛsa na ɛwɔ hɔ (1) Wɔ bepɔw a atifi sorɔnsorɔn anaa Leacht Benain ase, (2) Wɔ bepɔw no atifi, (3) Roilig Muire, a ɛwɔ Lecanvey [kurow bi] a ɛwɔ bepɔw no fam akyirikyiri ase no.
Gyinabea 1 - LEACHT BENAIN
Obi a ɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma no nantew twa abo akuw bi ho hyia mpɛn ason, na ɔka Yɛn Se a Ɔwɔ Soro mpɛn 7, Mo Maria mpɛn 7 ne Asomafo Gyidi biako
Gyinabea 2 - BEPƆW NO ATIFI
(a) Obi a ɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma no bu nkotodwe, na ɔka Yɛn Se a Ɔwɔ Soro mpɛn 7, Mo Maria mpɛn 7 ne Asomafo Gyidi biako
(b) Obi a ɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma no bɔ mpae wɔ Asɔredan no ho ma Pope no nsusuwii ahorow
(d) Obi a ɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma no nantew twa Asɔredan no ho hyia mpɛn 15, na ɔka Yɛn Se a Ɔwɔ Soro mpɛn 15, Mo Maria mpɛn 15 ne Asomafo Gyidi biako
(e) Obi a ɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma no nantew twa Leaba Phadraig [Patrick Mpa] ho hyia mpɛn 7, na ɔka Yɛn Se a Ɔwɔ Soro mpɛn 7, Mo Maria mpɛn 7 ne Asomafo Gyidi biako
Gyinabea 3 - ROILIG MUIRE
Obi a ɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma no nantew twa abo kuw biara ho hyia mpɛn 7, na ɔka Yɛn Se a Ɔwɔ Soro mpɛn 7, Mo Maria mpɛn 7 ne Asomafo Gyidi biako wɔ ebiara ho [akuw abiɛsa na ɛwɔ hɔ] na awiei koraa no, otwa Roilig Muire nyinaa ho hyia mpɛn 7 a ɔrebɔ mpae.