Yɛn Asɛyɛde A Ɛne Sɛ Yɛnyɛ Afoforo Papa Ho Dwuma A Yebedi
1 Ɔsomafo Paulo tuu afeha a edi kan no mu Kristofo fo sɛ: “Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so.” (Heb. 13:16) Na mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛboa wɔn nuanom wɔ tebea bɔne mu no bɛhyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn ho wɔn ho no mu den. (Yoh. 13:35) Yɛn nso wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ afoforo papa na yɛne wɔn nkyɛ nea yɛwɔ.
2 Esiane eyi nti, Yehowa ayɛ nsiesiei ama yɛn na ama yɛamee wɔ honhom mu yiye na wɔasiesie yɛn yiye. Hwɛ nsɛm a ɛsom bo a yɛwɔ wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! biara mu. Hwɛ anigye ara a yenya bere a yɛkenkan ebiara a ɛba no ntɛm ara bere a yɛn nsa aka akyi no! Bere a yedwen Kyerɛwnsɛm mu nsɛm no ho no, yebetumi ahyɛ nsɛntitiriw a yɛde bedi dwuma wɔ asɛnka ne yɛne afoforo nkɔmmɔbɔ nso mu no nsow. Saa ara nso na yebetumi atɔ bere de asiesie yɛn ho ama nhyiam biara, ne titiriw no dapɛn dapɛn Ɔwɛn-Aban adesua no. Onyankopɔn Asɛm a yɛn ankasa sua no boa yɛn ma yenya “Kristo adwene,” na ɛma yetumi ka nsɛm pa kyerɛ wɔn a yehyia wɔn no.—1 Kor. 2:14-16; Dw. 19:14.
3 Asɛyɛde Ahorow a ɛfata sɛ Yegye Tom: Wɔn a wonya ɔdɔ ma Yehowa no nyinaa hyira wɔn nkwa so ma no. Yɛnam ahosohyira ho asɛyɛde ahorow a yegye tom no so da no adi sɛ yɛwɔ Yehowa afã, na yɛatwe yɛn ho afi Satan wiase no ne n’akwammɔne ho. Yɛnam nhwɛso a Kristo Yesu gyawee no akyi a yedi no so yɛ nhwɛso pa ma afoforo. (1 Pet. 2:21) Ɔmansin nhyiam dwumadi ahorow te sɛ nea wɔayɛ ho nhyehyɛe ama 1992 ɔsom afe no a asɛmti no ne sɛ “Yɛn Ankasa Asɛyɛde ho Dwuma a Yebedi” no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ yɛn ade ma ɛne yɛn ahosohyira nhyia.
4 Asafo nhyiam horow a yɛkɔ daa no ma yenya kwan ka nsɛm a ɛma denhyɛ kyerɛ yɛn ho yɛn ho. Yɛn kokoam adesua ne yɛn ho a yesiesie ma nhyiam horow no ma yenya nsɛm pa pii a yebetumi aka akyerɛ afoforo. Afoforo ho anigye a yɛkyerɛ saa no de abusua mu anigye ne adamfofa ba. Yɛnam mmuae a yɛma wɔ nhyiam ase no so kyerɛ sɛ yegye Paulo nsɛm a wakyerɛw wɔ Hebrifo 10:24, 25 no ne yɛn asɛyɛde a ɛne sɛ yɛnhyɛ afoforo nkuran no tom ampa.
5 Hwehwɛ Asɛyɛde Afoforo Ka Ho: So yebetumi ahwehwɛ asɛyɛde afoforo te sɛ akwampaefo aboafo adwuma anaa daa akwampae adwuma aka ho wɔ 1992 ɔsom afe no mu? Sɛ anka wubedwen nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ sɛ wunya no ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so no, dɛn nti womfa w’adwene nsi hokwan kɛse a woanya sɛ wobɛyɛ anoboaboa adwuma no bi no so mmom? (Yoh. 4:35, 36) Sɛ yɛne adawurubɔfo afoforo a wɔfata ne akwampaefo yɛ adwuma daa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛn ho akokwaw wɔ ɔsom adwuma no mu. Akwampaefo aboafo a wɔdɔɔso nso hyɛ asafo no nkuran yiye. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, dɛn nti na wummisa kwan sɛ wobɛyɛ daa ɔkwampaefo anaasɛ wonyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma daa anaa mpɛn pii sɛnea wubetumi wɔ afe yi mu?
6 Wɔde asɛyɛde ahorow ma asafo no mu mmarima a wɔahyira wɔn ho so na wɔabɔ wɔn asu a wɔfata no. (1 Tim. 3:1-10, 12, 13) Wɔn nyinaa betumi ada ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom no adi denam mmuae a wɔadwen ho yiye a wɔbɛma wɔ nhyiam horow ase, Teokrase Ɔsom Sukuu no mu kyɛfa a wobenya, ne ɔyɛkyerɛ dwumadi a wobegye atom anaasɛ Ɔsom Nhyiam no afã afoforo ho dwuma a wobedi no so. Mmofra mpo betumi ayɛ nhwɛso pa wɔ eyinom ne wɔn nneyɛe wɔ Ahenni Asa so no mu. Wobetumi aboa wɔ adwuma a wɔne wɔn nhoma adesua kuw sohwɛfo bɛyɛ no mu bere a wopaw wɔn sɛ wonkosiesie Ahenni Asa so anaasɛ wonni ahiade a ɛte sɛɛ foforo ho dwuma no.—kmTW 7/76 nkr. 1, 3.
7 Yesu de nsɛm: “Mepɛ” daa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obegye asɛyɛde a ɛne sɛ ɔbɛyɛ afoforo papa atom no adi. (Luka 5:12, 13) Sɛ yedi ne nhwɛso no akyi a, yɛn nso yebetumi ahyɛ yɛn nuanom, anigyefo, ne nnipa komapafo a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no nkuran sɛ wɔne Yehowa ahyehyɛde no mmɔ daa na yɛaboa wɔn. Yɛn asɛyɛde a ɛne sɛ “yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye” no gye mmɔdenbɔ ne ebia yɛn ho a yɛde bɛbɔ afɔre. (Gal. 6:10) Nanso sɛ yehu papa a yɛayɛ no a, yebetumi ne Paulo ayɛ adwene, nea ɔkae sɛ: “Saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani” no.—Heb. 13:16.