“Monkyerɛkyerɛ . . . Nea Mahyɛ Mo”
1 Asuafoyɛ hwehwɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ. Ansa na obi betumi ayɛ Kristo suani no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ no ma ‘odi nea’ Yesu ‘ahyɛ nyinaa so.’ (Mat. 28:19, 20) Ofie Bible adesua ne ɔkwan a eye sen biara a ɔnam so bɛyɛ eyi.
2 Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wubefi Bible adesua ase. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubenya Bible adesua a, mma w’abam mmu. Sɛ wubetumi afi Bible adesua ahorow ase a, egye mmɔdenbɔ ne ɔpɛ a efi koma mu a wode bɛka nokware no akyerɛ afoforo.—Gal. 6:9.
3 Anigye a Wobɛma Wɔanya: Ebia wo nkɔmmɔbɔ a edi kan no bɛma wɔanya anigye kakraa bi. Wubetumi agyina tebea horow no so de kratawa, brochure, anaa nsɛmma nhoma bi ama ofiewura no. Ebia wubetumi de eyi mu biako afi ofie Bible adesua ase. Anaa wubetumi atwe ofiewura no adwene asi nhoma foforo a ɛfata so bere a woakɔsra no akyiri yi.
4 Ahosiesie na ɛbɛma woatumi ayɛ saa. Dɛn nti na wunni kan mpaw Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi a wɔafa aka asɛm wɔ kratawa, brochure, anaa nsɛmma nhoma a woayɛ nhyehyɛe sɛ wode bedi dwuma wɔ wo sankɔhwɛ mu no mu? Saa kwan no so no, wubetumi de nhoma no mu nsɛm atoa wo nkɔmmɔbɔ no so. Ebia wubetumi akenkan nkyekyem biako anaa abien mpo afi nhoma no mu tee.
5 Wubetumi aka sɛ:
◼ “Yɛreka nkɔmhyɛ bi a ɛyɛ nwonwa a ɛrenya mmamu mprempren ho asɛm bi akyerɛ nkurɔfo.” Kenkan Mateo 24:3, na fa mfonini ne nsɛm a ɛwɔ “Hwɛ” brochure no kratafa 24 no toam. Wubetumi afa ɔkwan a ɛte saa ara so bere a wode So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ? kratawa no rema no.
6 Sɛ wuhu sɛ n’ani gye ho pɛ a, san kɔsra no ntɛm ara. Bɔ mmɔden sɛ wobɛsan akɔ hɔ wɔ dapɛn biako ntam na ama ofiewura no akae nkɔmmɔbɔ a etwa to no. Bere biara a wobɛkɔ hɔ no, munsusuw nhoma a wode maa no no mu nkyekyem kakra ho. Afei, bere a ɛfata mu no, wubetumi de Tra Ase Daa nhoma no akyerɛ no, na moatoa so saa ara.
7 Adwuma pii da so ara wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ wɔ otwa adwuma kɛse a Yesu hyɛɛ ho nkɔm no mu. (Mat. 9:37, 38) Bere a yɛkɔ so kyerɛkyerɛ nnipa komapafo no, yɛwɔ Yesu awerɛhyem a ɛma denhyɛ sɛ ‘ɔne yɛn wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei’ no.