Di Adanse Wɔ Baabiara a Nnipa Wɔ
1 Esiane sɛ ɔsomafo Paulo huu nea Onyankopɔn honhom yɛe wɔ ne som adwuma no mu nti, ɔkae sɛ: “Onyankopɔn na ɔma enyinii.” Ɔsan gye toom sɛ: “Yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo.” (1 Kor. 3:5-9) Eyi yɛ hokwan a ɛyɛ anigye. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada no adi wɔ baguam sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn adwumayɛboafo a yɛyɛ no? Ɛdenam ka a yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ obiara a yehyia no wɔ afie afie adwuma no mu ne baabiara no so.
2 Wɔhyɛ yɛn sɛ ‘yɛnkɔyɛ nnipa asuafo.’ (Mat. 28:19) Sɛ yɛne nnipa kakraa bi pɛ kasa bere a yɛakɔ asɛnka no a, ebia yɛn abam bebu ntɛm na yɛate nka sɛ ketewaa bi na yɛatumi ayɛ. Nanso, yenya anigye kɛse paa wɔ yɛn asɛnka mu bere a yenya nnipa bebree ne wɔn kasa no. Eyi betumi ayɛ nsɛnnennen, esiane sɛ yɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ baabiara a nkurɔfo wɔ na ama yɛatumi ne wɔn akasa nti.
3 Nhwɛso Pa: Yebetumi adi nkurɔfo adanse wɔ gua so, agodibea, ahomegyebea, ne kar gyinabea. Sɛ wote lɔre mu retu kwan a, so wusiesie wo ho sɛ wubedi adanse wɔ kwan so? Adansefo baanu a na wɔte bɔs a nnipa ayɛ mu ma mu rekohyia akɔ asɛnka bɔɔ Paradise ho mfonini a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no mu ho nkɔmmɔ, na wɔkaa Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛbɛba daakye no ho asɛm. Sɛnea wɔhwɛɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ no, aberante bi a ogyina wɔn nkyɛn pɛɛ no tiei na n’ani gyee nea ɔtee no ho. Ansa na ɔrefi bɔs no mu asi fam no, ogyee nhoma na ɔsrɛɛ sɛ obi ne no mmesua no wɔ ne fie.
4 Adawurubɔfo bebree anya anigye wɔ bɔnnɔ so adanse a wodi mu. Onuawa bi kɔɔ wɔn mpɔtam hɔ aguadibea awiabere bi, na ɔkɔɔ wɔn a na wɔadi gua awie a na ɛte sɛ nea wɔmpɛ ntɛm pii no nkyɛn. Ɔde nhoma a ɛwɔ ne bag mu nyinaa memae. Ɔbarima bi a na ɔretwɛn wɔ ne kar mu ani gyei sɛ ogyee nsɛmma nhoma wɔ ne nkyɛn. Na wakɔ asafo nhyiam pɛn, na wɔn nkɔmmɔbɔ no kanyan n’anigye.
5 Ɛyɛ hokwan sɛ yɛbɛma Yehowa din so. Sɛ yɛda mmɔdenbɔ adi wɔ asɛnka adwuma no mu a, na yɛkyerɛ sɛ yɛmmaa Onyankopɔn dom no nyɛɛ ɔkwa. Esiane sɛ ‘ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ a ɛsɛ sɛ yɛboa afoforo nti’ momma yɛnkɔ baabiara a nnipa wɔ nkodi wɔn adanse wɔ Yehowa “nkwagye da” no ho.—2 Kor. 6:1, 2.