Asɛmmisa Afã
◼ Ɛsɛ sɛ asafo no de asasesin ho map bɔ Ahenni Asa so anaa?
Yiw, ɛsɛ sɛ wɔde asasesin no map to ahwehwɛ anaa biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ mu bɔ Ahenni Asa so. Ɛnsɛ sɛ wɔde map no bɔ amanneɛbɔ pon no so. Ɛsɛ sɛ map no ma wohu asafo no asasesin ahye nyinaa ne asasesin biara nɔma. Ɛsɛ sɛ wohu asafo ahorow a wohyiam wɔ Ahenni Asa baako so nyinaa asasesin ahye wɔ map no so. Eyi bɛboa adawurubɔfo ne wɔn a wɔafi ase reba adesua no ma wɔahu asafo ko a wɔte n’asasesin mu. Sɛ wɔde asɛnka kuw ahorow no ba map no so a, ɛbɛboa obiara ma wɔahu asɛnka kuw a ɔwom. Sɛ wɔyɛ nsakrae biara wɔ asasesin no mu a, ɛsɛ sɛ wɔde ba map no so.
Sɛ wɔde map no bɔ hɔ a, ɛbɛma adawurubɔfo nyinaa ahu sɛ, ɛyɛ papa sɛ wɔn mu biara nya n’ankasa asasesin. Sɛ obi pɛ asasesin a ɛbɛn no a, obetumi ahwɛ map no so akyerɛ baabi a ɔpɛ. Sɛ map no wɔ hɔ a, ɛremma yɛnsɛe bere wɔ asɛnka nhyiam ase. Nea ɔbɛhwɛ asɛnka nhyiam so no betumi ahwɛ map no so akyerɛ anuanom baabi a ɛsɛ sɛ wɔkɔyɛ adwuma.
Sɛ asafo bi wɔ asasesin ho map wɔ wɔn Ahenni Asa so a, ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ nhyehyɛe pa a wɔde ka Ahenni no ho asɛm fefeefe wɔ wɔn asasesin mu.—Luka 9:6.