Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/01 kr. 1
  • “Ɛhe na Metumi Anya Bere?”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɛhe na Metumi Anya Bere?”
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere A Yebenya Ama Akenkan Ne Adesua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • So Wudidi Yiye Wɔ Honhom Fam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Sɛnea Wɔtɔ Bere a Ɛfata
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Yɛn Bere A Yɛde Bedi Dwuma Nyansam
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 11/01 kr. 1

“Ɛhe na Metumi Anya Bere?”

1 Ɛno ne abubuw a yɛn mu pii bɔ, efisɛ dwumadi ahorow ahyɛ yɛn asetra ma. Wɔka sɛ ɛbere yɛ agyapade a ɛsom bo na etwam ntɛm sen biara. Enti ɛhe na yebetumi anya bere ama nneɛma a ɛho hia ankasa, te sɛ Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛkenkan asua no?—Fil. 1:10.

2 Ɛnyɛ ano aduru ne sɛ yɛbɛhwehwɛ bere pii, na mmom, sɛ́ yebehu ade a yɛde bere a yɛwɔ no bɛyɛ. Yɛn nyinaa wɔ nnɔnhwerew 168 dapɛn biara, na yɛde emu bɛyɛ 100 da de bi yɛ adwuma. Enti yɛbɛyɛ dɛn atumi de nnɔnhwerew a ɛka no adi dwuma ma mfaso aba so? Efesofo 5:15-17, NW, hyɛ nyansa sɛ yɛnnnantew sɛ ‘wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo, na yɛntɔ bere a ɛfata, na yenhu de a Yehowa pɛ yiye.’ Eyi kyerɛ sɛ ehia sɛ yɛde hokwan biara a yebenya no di dwuma kɛse de yɛ nneɛma a Yehowa ka sɛ ɛho hia no.

3 Yesu de yɛn bere yi totoo Noa nna no ho. (Luka 17:26, 27) Nnipa a na wɔwɔ hɔ saa bere no de wɔn ho hyɛɛ da biara da asetra mu a na adagyew nnim. Nanso, Noa nyaa bere de yɛɛ adaka kɛse bi na ɔkaa asɛm no nso. (Heb. 11:7; 2 Pet. 2:5) Ɔkwan bɛn so? Denam Onyankopɔn apɛde a ɔde dii kan so, na nea Onyankopɔn pɛ nyinaa “saa ara” na ɔyɛe.—Gen. 6:22.

4 Dɛn na Ɛsɛ Sɛ Yɛde Di Kan? Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” (Mat. 4:4) Dapɛn biara, yenya ‘honhom fam aduan bere a ɛsɛ mu.’ (Luka 12:42) Sɛ yebenya eyi so mfaso ankasa a, ɛhwehwɛ sɛ yenya akenkan ne adesua nhyehyɛe a yebedi akyi daa, na ama nea yesua no nyinaa atra yɛn adwene mu. Esiane anisɔ a yɛwɔ ma honhom fam nneɛma nti, ɛnsɛ sɛ yebu no sɛ aduan bi a ne siesie nnye bere pii, na yɛakenkan no bi ne bi ahoɔhare so sɛnea obi betumi adi honam fam aduan hyew ahoɔhare so no. Mmom no, anisɔ a ɛfata a yɛwɔ no ka yɛn ma yegye bere de sua ade na yenya honhom fam nneɛma ho anigye.

5 Honhom fam aduan a yebedi no betumi ama yɛanya daa nkwa. (Yoh. 17:3) Ɛsɛ sɛ yɛde di kan wɔ yɛn da biara nhyehyɛe mu. So yebetumi anya bere de ayɛ Bible akenkan daa na yɛasiesie yɛn ho ama Kristofo nhyiam ahorow? Yiw, yebetumi. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya “akatua pii” a Onyankopɔn apɛde a wohu na wɔyɛ de ba no bi.—Dw. 19:7-11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena