63 “Afei sɛdeɛ Yehowa ani gyee sɛ ɔbɛyɛ mo papa na wama moadɔre no,+ saa ara na Yehowa ani bɛgye sɛ ɔbɛsɛe mo atɔre mo aseɛ.+ Na ɔbɛtwa mo afiri asase a morekɔ soɔ no so.+
15 Yehowa bɛbɔ Israel sɛdeɛ demmire hinhim nsuo mu,+ na ɔbɛtutu+ Israel ase afiri asase pa+ a ɔde maa wɔn agyanom yi so, na ɔbɛbɔ wɔn apete+ akɔ asubɔnten kɛseɛ+ no agya, abosonnua+ a wɔayeyɛ de ahyɛ Yehowa abufuo+ nti.
24 na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa mu;+ na amanaman no bɛtiatia Yerusalem so, akɔsi sɛ amanaman mmerɛ a wɔahyɛ+ no bɛwie duro.