Exodus
20 Afei Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ:+
2 “Mene Yehowa wo Nyankopɔn+ a ɔyii wo firii Egypt nkoafie.+ 3 Nnya anyame foforɔ biara+ m’ani so.
4 “Nyɛ ohoni* biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asase so anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asase ase nsɛsoɔ biara mfa.+ 5 Nkoto wɔn na nsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me+ no. Na agyanom a wɔtan me deɛ, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom mpo so;+ 6 na wɔn a wɔdɔ me na wɔdi me mmara soɔ deɛ, mɛyi m’adɔeɛ adi akyerɛ wɔn akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so apem so.+
7 “Mfa Yehowa wo Nyankopɔn din nni agorɔ,+ na Yehowa remma deɛ ɔde ne din di agorɔ no mfa ne ho nni.+
8 “Kae homeda no na yɛ no kronkron,+ 9 na adwuma biara a wowɔ yɛ no, fa nnansia yɛ ne nyinaa.+ 10 Na da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛyɛ homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Nyɛ adwuma biara; wo oo, wo babarima anaa wo babaa oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, w’ayɛmmoa oo, ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo kurom oo, obiara nnyɛ adwuma.+ 11 Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa,+ na da a ɛtɔ so nson no ɔhomeeɛ.+ Ɛno nti na Yehowa hyiraa homeda so yɛɛ no kronkron no.+
12 “Di wo papa ne wo maame ni+ na wo nna aware asase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.+
16 “Nni wo yɔnko ho adansekunumu.+
17 “Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere,+ n’akoa anaa n’afenaa, ne nantwie anaa n’afunumu. Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.”+
18 Afei nkurɔfoɔ no nyinaa hunuu anyinam ne bepɔ a ɛrefiri wisie no, na wɔtee aprannaa ne abɛn nnyegyeeɛ no. Berɛ a wɔhunuiɛ no, wɔn ho popoeɛ na wɔkɔgyinaa akyirikyiri.+ 19 Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo deɛ, wo ne yɛn nkasa na yɛbɛtie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa na yɛanwuwu.”+ 20 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monnsuro, ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no aba sɛ ɔrebɛsɔ mo ahwɛ+ na moasuro no daa na moanyɛ bɔne.”+ 21 Na ɔman no kɔɔ so gyinaa akyirikyiri, nanso Mose bɛn mununkum tumm no, baabi a nokorɛ Nyankopɔn wɔ no.+
22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:+ “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Mo ara moahunu sɛ ɔsoro na mefiri ne mo kasaeɛ.+ 23 Monnyɛ dwetɛ anyame nnka me ho, na monnyɛ sika anyame mmfa.+ 24 Fa dɔteɛ+ yɛ afɔrebukyia ma me, na fa wo nnwan ne w’anantwie bɔ afɔdeɛ wɔ so, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ.+ Na baabiara a mɛma wɔakae me din no, mɛba wo nkyɛn abɛhyira wo.+ 25 Sɛ wode aboɔ reyɛ afɔrebukyia ama me a, nse ho. Sɛ wode pɛeɛ ka pɛ, woagu ho fĩ.+ 26 Afei nso mforo atwedeɛ nkɔ m’afɔrebukyia so na w’adagya anna adi wɔ so.’